2 Chronicles 3 (BOATCB)

1 Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii AWURADE Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no. 2 Salomo dii adeɛ no, ne mfeɛ ɛnan so, Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wɔhyɛɛ ɛdan no sie ase. 3 Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem atweeɛmu yɛ anammɔn aduɔkron, ɛnna ne tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn aduasa. 4 Ntwonoo a ɛwɔ Asɔredan no anim tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ.Afasuo a ɛwɔ ntwonoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwonoo no ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduasa. 5 Pepeaa nnua na wɔde samm Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ amapa guu so, dii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinnie wɔ so. 6 Aboɔdemmoɔ a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛfiri Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasuo ho. 7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho. 8 Na Kronkron mu Kronkron hɔ tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, nʼatweeɛmu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ amapa bɛyɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmiɛnsa na wɔde guu so. 9 Sikakɔkɔɔ nnadewa a ebiara kari bɛyɛ gram ahanum ne aduɔson enum (575) na wɔde dii ɛdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ amapa na wɔde guu soro adan no afasuo ani. 10 Salomo yɛɛ Kerubim sɛso mmienu, de sikakɔkɔɔ amapa guu ho. Wɔde yeinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. 11 Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia. 12 Saa ara nso na Kerubim a ɔtɔ so mmienu no ataban baako mu ntrɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, na ɛpem Asɔredan no ɔfasuo a ɛne ɔfasuo baako no di nhwɛanim. Ataban baako a aka no nso ntrɛmu a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛhyia Kerubim a ɛdi ɛkan no ataban baako. 13 Enti, na Kerubim mmienu no ntaban mu ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu. 14 Salomo de ntwamutam a ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwono Kerubim nsɛsodeɛ agu mu, sɛnee Kronkron mu Kronkron no kwan ano. 15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Na ntaasoɔ kata emu biara atifi a ɛno nso ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa. 16 Ɔyɛɛ ntweaban nsosɔmu, de siesiee afadum no atifi. Ɔsane yɛɛ ateaa aba nsɛso fɛfɛ de sosɔɔ ntweaban no mu. 17 Afei, ɔde afadum mmienu no sisii Asɔredan no ano ɛkwan ano. Ɔde baako sii ɛkwan no anafoɔ fam no ano, ɛnna ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no edin Yakin, ɛnna deɛ ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no edin Boas.

In Other Versions

2 Chronicles 3 in the ANGEFD

2 Chronicles 3 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 3 in the AS21

2 Chronicles 3 in the BAGH

2 Chronicles 3 in the BBPNG

2 Chronicles 3 in the BBT1E

2 Chronicles 3 in the BDS

2 Chronicles 3 in the BEV

2 Chronicles 3 in the BHAD

2 Chronicles 3 in the BIB

2 Chronicles 3 in the BLPT

2 Chronicles 3 in the BNT

2 Chronicles 3 in the BNTABOOT

2 Chronicles 3 in the BNTLV

2 Chronicles 3 in the BOATCB2

2 Chronicles 3 in the BOBCV

2 Chronicles 3 in the BOCNT

2 Chronicles 3 in the BOECS

2 Chronicles 3 in the BOGWICC

2 Chronicles 3 in the BOHCB

2 Chronicles 3 in the BOHCV

2 Chronicles 3 in the BOHLNT

2 Chronicles 3 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 3 in the BOICB

2 Chronicles 3 in the BOILNTAP

2 Chronicles 3 in the BOITCV

2 Chronicles 3 in the BOKCV

2 Chronicles 3 in the BOKCV2

2 Chronicles 3 in the BOKHWOG

2 Chronicles 3 in the BOKSSV

2 Chronicles 3 in the BOLCB

2 Chronicles 3 in the BOLCB2

2 Chronicles 3 in the BOMCV

2 Chronicles 3 in the BONAV

2 Chronicles 3 in the BONCB

2 Chronicles 3 in the BONLT

2 Chronicles 3 in the BONUT2

2 Chronicles 3 in the BOPLNT

2 Chronicles 3 in the BOSCB

2 Chronicles 3 in the BOSNC

2 Chronicles 3 in the BOTLNT

2 Chronicles 3 in the BOVCB

2 Chronicles 3 in the BOYCB

2 Chronicles 3 in the BPBB

2 Chronicles 3 in the BPH

2 Chronicles 3 in the BSB

2 Chronicles 3 in the CCB

2 Chronicles 3 in the CUV

2 Chronicles 3 in the CUVS

2 Chronicles 3 in the DBT

2 Chronicles 3 in the DGDNT

2 Chronicles 3 in the DHNT

2 Chronicles 3 in the DNT

2 Chronicles 3 in the ELBE

2 Chronicles 3 in the EMTV

2 Chronicles 3 in the ESV

2 Chronicles 3 in the FBV

2 Chronicles 3 in the FEB

2 Chronicles 3 in the GGMNT

2 Chronicles 3 in the GNT

2 Chronicles 3 in the HARY

2 Chronicles 3 in the HNT

2 Chronicles 3 in the IRVA

2 Chronicles 3 in the IRVB

2 Chronicles 3 in the IRVG

2 Chronicles 3 in the IRVH

2 Chronicles 3 in the IRVK

2 Chronicles 3 in the IRVM

2 Chronicles 3 in the IRVM2

2 Chronicles 3 in the IRVO

2 Chronicles 3 in the IRVP

2 Chronicles 3 in the IRVT

2 Chronicles 3 in the IRVT2

2 Chronicles 3 in the IRVU

2 Chronicles 3 in the ISVN

2 Chronicles 3 in the JSNT

2 Chronicles 3 in the KAPI

2 Chronicles 3 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 3 in the KBV

2 Chronicles 3 in the KJV

2 Chronicles 3 in the KNFD

2 Chronicles 3 in the LBA

2 Chronicles 3 in the LBLA

2 Chronicles 3 in the LNT

2 Chronicles 3 in the LSV

2 Chronicles 3 in the MAAL

2 Chronicles 3 in the MBV

2 Chronicles 3 in the MBV2

2 Chronicles 3 in the MHNT

2 Chronicles 3 in the MKNFD

2 Chronicles 3 in the MNG

2 Chronicles 3 in the MNT

2 Chronicles 3 in the MNT2

2 Chronicles 3 in the MRS1T

2 Chronicles 3 in the NAA

2 Chronicles 3 in the NASB

2 Chronicles 3 in the NBLA

2 Chronicles 3 in the NBS

2 Chronicles 3 in the NBVTP

2 Chronicles 3 in the NET2

2 Chronicles 3 in the NIV11

2 Chronicles 3 in the NNT

2 Chronicles 3 in the NNT2

2 Chronicles 3 in the NNT3

2 Chronicles 3 in the PDDPT

2 Chronicles 3 in the PFNT

2 Chronicles 3 in the RMNT

2 Chronicles 3 in the SBIAS

2 Chronicles 3 in the SBIBS

2 Chronicles 3 in the SBIBS2

2 Chronicles 3 in the SBICS

2 Chronicles 3 in the SBIDS

2 Chronicles 3 in the SBIGS

2 Chronicles 3 in the SBIHS

2 Chronicles 3 in the SBIIS

2 Chronicles 3 in the SBIIS2

2 Chronicles 3 in the SBIIS3

2 Chronicles 3 in the SBIKS

2 Chronicles 3 in the SBIKS2

2 Chronicles 3 in the SBIMS

2 Chronicles 3 in the SBIOS

2 Chronicles 3 in the SBIPS

2 Chronicles 3 in the SBISS

2 Chronicles 3 in the SBITS

2 Chronicles 3 in the SBITS2

2 Chronicles 3 in the SBITS3

2 Chronicles 3 in the SBITS4

2 Chronicles 3 in the SBIUS

2 Chronicles 3 in the SBIVS

2 Chronicles 3 in the SBT

2 Chronicles 3 in the SBT1E

2 Chronicles 3 in the SCHL

2 Chronicles 3 in the SNT

2 Chronicles 3 in the SUSU

2 Chronicles 3 in the SUSU2

2 Chronicles 3 in the SYNO

2 Chronicles 3 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 3 in the TBT1E

2 Chronicles 3 in the TBT1E2

2 Chronicles 3 in the TFTIP

2 Chronicles 3 in the TFTU

2 Chronicles 3 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 3 in the THAI

2 Chronicles 3 in the TNFD

2 Chronicles 3 in the TNT

2 Chronicles 3 in the TNTIK

2 Chronicles 3 in the TNTIL

2 Chronicles 3 in the TNTIN

2 Chronicles 3 in the TNTIP

2 Chronicles 3 in the TNTIZ

2 Chronicles 3 in the TOMA

2 Chronicles 3 in the TTENT

2 Chronicles 3 in the UBG

2 Chronicles 3 in the UGV

2 Chronicles 3 in the UGV2

2 Chronicles 3 in the UGV3

2 Chronicles 3 in the VBL

2 Chronicles 3 in the VDCC

2 Chronicles 3 in the YALU

2 Chronicles 3 in the YAPE

2 Chronicles 3 in the YBVTP

2 Chronicles 3 in the ZBP