2 Peter 3 (BOATCB)

1 Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene. 2 Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no. 3 Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ 4 aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!” 5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. 6 Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. 7 Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ. 8 Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ. 9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho. 10 Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi. 11 Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no. 13 Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena. 14 Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu. 15 Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. 16 Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so. 17 Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. 18 Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.

In Other Versions

2 Peter 3 in the ANGEFD

2 Peter 3 in the ANTPNG2D

2 Peter 3 in the AS21

2 Peter 3 in the BAGH

2 Peter 3 in the BBPNG

2 Peter 3 in the BBT1E

2 Peter 3 in the BDS

2 Peter 3 in the BEV

2 Peter 3 in the BHAD

2 Peter 3 in the BIB

2 Peter 3 in the BLPT

2 Peter 3 in the BNT

2 Peter 3 in the BNTABOOT

2 Peter 3 in the BNTLV

2 Peter 3 in the BOATCB2

2 Peter 3 in the BOBCV

2 Peter 3 in the BOCNT

2 Peter 3 in the BOECS

2 Peter 3 in the BOGWICC

2 Peter 3 in the BOHCB

2 Peter 3 in the BOHCV

2 Peter 3 in the BOHLNT

2 Peter 3 in the BOHNTLTAL

2 Peter 3 in the BOICB

2 Peter 3 in the BOILNTAP

2 Peter 3 in the BOITCV

2 Peter 3 in the BOKCV

2 Peter 3 in the BOKCV2

2 Peter 3 in the BOKHWOG

2 Peter 3 in the BOKSSV

2 Peter 3 in the BOLCB

2 Peter 3 in the BOLCB2

2 Peter 3 in the BOMCV

2 Peter 3 in the BONAV

2 Peter 3 in the BONCB

2 Peter 3 in the BONLT

2 Peter 3 in the BONUT2

2 Peter 3 in the BOPLNT

2 Peter 3 in the BOSCB

2 Peter 3 in the BOSNC

2 Peter 3 in the BOTLNT

2 Peter 3 in the BOVCB

2 Peter 3 in the BOYCB

2 Peter 3 in the BPBB

2 Peter 3 in the BPH

2 Peter 3 in the BSB

2 Peter 3 in the CCB

2 Peter 3 in the CUV

2 Peter 3 in the CUVS

2 Peter 3 in the DBT

2 Peter 3 in the DGDNT

2 Peter 3 in the DHNT

2 Peter 3 in the DNT

2 Peter 3 in the ELBE

2 Peter 3 in the EMTV

2 Peter 3 in the ESV

2 Peter 3 in the FBV

2 Peter 3 in the FEB

2 Peter 3 in the GGMNT

2 Peter 3 in the GNT

2 Peter 3 in the HARY

2 Peter 3 in the HNT

2 Peter 3 in the IRVA

2 Peter 3 in the IRVB

2 Peter 3 in the IRVG

2 Peter 3 in the IRVH

2 Peter 3 in the IRVK

2 Peter 3 in the IRVM

2 Peter 3 in the IRVM2

2 Peter 3 in the IRVO

2 Peter 3 in the IRVP

2 Peter 3 in the IRVT

2 Peter 3 in the IRVT2

2 Peter 3 in the IRVU

2 Peter 3 in the ISVN

2 Peter 3 in the JSNT

2 Peter 3 in the KAPI

2 Peter 3 in the KBT1ETNIK

2 Peter 3 in the KBV

2 Peter 3 in the KJV

2 Peter 3 in the KNFD

2 Peter 3 in the LBA

2 Peter 3 in the LBLA

2 Peter 3 in the LNT

2 Peter 3 in the LSV

2 Peter 3 in the MAAL

2 Peter 3 in the MBV

2 Peter 3 in the MBV2

2 Peter 3 in the MHNT

2 Peter 3 in the MKNFD

2 Peter 3 in the MNG

2 Peter 3 in the MNT

2 Peter 3 in the MNT2

2 Peter 3 in the MRS1T

2 Peter 3 in the NAA

2 Peter 3 in the NASB

2 Peter 3 in the NBLA

2 Peter 3 in the NBS

2 Peter 3 in the NBVTP

2 Peter 3 in the NET2

2 Peter 3 in the NIV11

2 Peter 3 in the NNT

2 Peter 3 in the NNT2

2 Peter 3 in the NNT3

2 Peter 3 in the PDDPT

2 Peter 3 in the PFNT

2 Peter 3 in the RMNT

2 Peter 3 in the SBIAS

2 Peter 3 in the SBIBS

2 Peter 3 in the SBIBS2

2 Peter 3 in the SBICS

2 Peter 3 in the SBIDS

2 Peter 3 in the SBIGS

2 Peter 3 in the SBIHS

2 Peter 3 in the SBIIS

2 Peter 3 in the SBIIS2

2 Peter 3 in the SBIIS3

2 Peter 3 in the SBIKS

2 Peter 3 in the SBIKS2

2 Peter 3 in the SBIMS

2 Peter 3 in the SBIOS

2 Peter 3 in the SBIPS

2 Peter 3 in the SBISS

2 Peter 3 in the SBITS

2 Peter 3 in the SBITS2

2 Peter 3 in the SBITS3

2 Peter 3 in the SBITS4

2 Peter 3 in the SBIUS

2 Peter 3 in the SBIVS

2 Peter 3 in the SBT

2 Peter 3 in the SBT1E

2 Peter 3 in the SCHL

2 Peter 3 in the SNT

2 Peter 3 in the SUSU

2 Peter 3 in the SUSU2

2 Peter 3 in the SYNO

2 Peter 3 in the TBIAOTANT

2 Peter 3 in the TBT1E

2 Peter 3 in the TBT1E2

2 Peter 3 in the TFTIP

2 Peter 3 in the TFTU

2 Peter 3 in the TGNTATF3T

2 Peter 3 in the THAI

2 Peter 3 in the TNFD

2 Peter 3 in the TNT

2 Peter 3 in the TNTIK

2 Peter 3 in the TNTIL

2 Peter 3 in the TNTIN

2 Peter 3 in the TNTIP

2 Peter 3 in the TNTIZ

2 Peter 3 in the TOMA

2 Peter 3 in the TTENT

2 Peter 3 in the UBG

2 Peter 3 in the UGV

2 Peter 3 in the UGV2

2 Peter 3 in the UGV3

2 Peter 3 in the VBL

2 Peter 3 in the VDCC

2 Peter 3 in the YALU

2 Peter 3 in the YAPE

2 Peter 3 in the YBVTP

2 Peter 3 in the ZBP