Acts 23 (BOATCB)

1 Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.” 2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ nʼano so. 3 Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wote sɛ ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!” 4 Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?” 5 Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’ ” 6 Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” 7 Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu, 8 ɛfiri sɛ, na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di. 9 Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!” 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ sɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu. 11 Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.” 12 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi sɛ wɔbɛkum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan. 14 Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛaka ntam, adi nse sɛ hwee renka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. 15 Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.” 16 Nanso, Paulo wɔfaase bi tee pɔ a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amaneɛ. 17 Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18 Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn.Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” 19 Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ mpanin no abɔ pɔ sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no sɛ wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie. 21 Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.” 22 Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.” 23 Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.” 25 Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ: 26 Me Klaudio Lisiaa meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi,kyea wo! 27 Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. 28 Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no. 29 Mehunuiɛ sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno enti, ɛberɛ a metee sɛ Yudafoɔ bi abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka. 31 Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33 Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ. 35 “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm.” Afei, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no.

In Other Versions

Acts 23 in the ANGEFD

Acts 23 in the ANTPNG2D

Acts 23 in the AS21

Acts 23 in the BAGH

Acts 23 in the BBPNG

Acts 23 in the BBT1E

Acts 23 in the BDS

Acts 23 in the BEV

Acts 23 in the BHAD

Acts 23 in the BIB

Acts 23 in the BLPT

Acts 23 in the BNT

Acts 23 in the BNTABOOT

Acts 23 in the BNTLV

Acts 23 in the BOATCB2

Acts 23 in the BOBCV

Acts 23 in the BOCNT

Acts 23 in the BOECS

Acts 23 in the BOGWICC

Acts 23 in the BOHCB

Acts 23 in the BOHCV

Acts 23 in the BOHLNT

Acts 23 in the BOHNTLTAL

Acts 23 in the BOICB

Acts 23 in the BOILNTAP

Acts 23 in the BOITCV

Acts 23 in the BOKCV

Acts 23 in the BOKCV2

Acts 23 in the BOKHWOG

Acts 23 in the BOKSSV

Acts 23 in the BOLCB

Acts 23 in the BOLCB2

Acts 23 in the BOMCV

Acts 23 in the BONAV

Acts 23 in the BONCB

Acts 23 in the BONLT

Acts 23 in the BONUT2

Acts 23 in the BOPLNT

Acts 23 in the BOSCB

Acts 23 in the BOSNC

Acts 23 in the BOTLNT

Acts 23 in the BOVCB

Acts 23 in the BOYCB

Acts 23 in the BPBB

Acts 23 in the BPH

Acts 23 in the BSB

Acts 23 in the CCB

Acts 23 in the CUV

Acts 23 in the CUVS

Acts 23 in the DBT

Acts 23 in the DGDNT

Acts 23 in the DHNT

Acts 23 in the DNT

Acts 23 in the ELBE

Acts 23 in the EMTV

Acts 23 in the ESV

Acts 23 in the FBV

Acts 23 in the FEB

Acts 23 in the GGMNT

Acts 23 in the GNT

Acts 23 in the HARY

Acts 23 in the HNT

Acts 23 in the IRVA

Acts 23 in the IRVB

Acts 23 in the IRVG

Acts 23 in the IRVH

Acts 23 in the IRVK

Acts 23 in the IRVM

Acts 23 in the IRVM2

Acts 23 in the IRVO

Acts 23 in the IRVP

Acts 23 in the IRVT

Acts 23 in the IRVT2

Acts 23 in the IRVU

Acts 23 in the ISVN

Acts 23 in the JSNT

Acts 23 in the KAPI

Acts 23 in the KBT1ETNIK

Acts 23 in the KBV

Acts 23 in the KJV

Acts 23 in the KNFD

Acts 23 in the LBA

Acts 23 in the LBLA

Acts 23 in the LNT

Acts 23 in the LSV

Acts 23 in the MAAL

Acts 23 in the MBV

Acts 23 in the MBV2

Acts 23 in the MHNT

Acts 23 in the MKNFD

Acts 23 in the MNG

Acts 23 in the MNT

Acts 23 in the MNT2

Acts 23 in the MRS1T

Acts 23 in the NAA

Acts 23 in the NASB

Acts 23 in the NBLA

Acts 23 in the NBS

Acts 23 in the NBVTP

Acts 23 in the NET2

Acts 23 in the NIV11

Acts 23 in the NNT

Acts 23 in the NNT2

Acts 23 in the NNT3

Acts 23 in the PDDPT

Acts 23 in the PFNT

Acts 23 in the RMNT

Acts 23 in the SBIAS

Acts 23 in the SBIBS

Acts 23 in the SBIBS2

Acts 23 in the SBICS

Acts 23 in the SBIDS

Acts 23 in the SBIGS

Acts 23 in the SBIHS

Acts 23 in the SBIIS

Acts 23 in the SBIIS2

Acts 23 in the SBIIS3

Acts 23 in the SBIKS

Acts 23 in the SBIKS2

Acts 23 in the SBIMS

Acts 23 in the SBIOS

Acts 23 in the SBIPS

Acts 23 in the SBISS

Acts 23 in the SBITS

Acts 23 in the SBITS2

Acts 23 in the SBITS3

Acts 23 in the SBITS4

Acts 23 in the SBIUS

Acts 23 in the SBIVS

Acts 23 in the SBT

Acts 23 in the SBT1E

Acts 23 in the SCHL

Acts 23 in the SNT

Acts 23 in the SUSU

Acts 23 in the SUSU2

Acts 23 in the SYNO

Acts 23 in the TBIAOTANT

Acts 23 in the TBT1E

Acts 23 in the TBT1E2

Acts 23 in the TFTIP

Acts 23 in the TFTU

Acts 23 in the TGNTATF3T

Acts 23 in the THAI

Acts 23 in the TNFD

Acts 23 in the TNT

Acts 23 in the TNTIK

Acts 23 in the TNTIL

Acts 23 in the TNTIN

Acts 23 in the TNTIP

Acts 23 in the TNTIZ

Acts 23 in the TOMA

Acts 23 in the TTENT

Acts 23 in the UBG

Acts 23 in the UGV

Acts 23 in the UGV2

Acts 23 in the UGV3

Acts 23 in the VBL

Acts 23 in the VDCC

Acts 23 in the YALU

Acts 23 in the YAPE

Acts 23 in the YBVTP

Acts 23 in the ZBP