Acts 8 (BOATCB)

1 Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara. 2 Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie. 3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase. 4 Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ. 5 Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. 6 Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no. 7 Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ. 8 Yei enti, anigyeɛ baa Samaria. 9 Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu. 10 Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.” 11 Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12 Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu. 13 Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no. 14 Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16 ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. 17 Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so. 18 Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.” 20 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. 21 Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim. 22 Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23 Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.” 24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.” 25 Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase. 26 Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.” 27 Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie. 28 Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. 29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.” 30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?” 31 Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. 32 Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,“Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,saa ara na wammue nʼano. 33 Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ.Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm?Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.” 34 Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?” 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no. 36 Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37 Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” 38 Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu. 39 Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so. 40 Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.

In Other Versions

Acts 8 in the ANGEFD

Acts 8 in the ANTPNG2D

Acts 8 in the AS21

Acts 8 in the BAGH

Acts 8 in the BBPNG

Acts 8 in the BBT1E

Acts 8 in the BDS

Acts 8 in the BEV

Acts 8 in the BHAD

Acts 8 in the BIB

Acts 8 in the BLPT

Acts 8 in the BNT

Acts 8 in the BNTABOOT

Acts 8 in the BNTLV

Acts 8 in the BOATCB2

Acts 8 in the BOBCV

Acts 8 in the BOCNT

Acts 8 in the BOECS

Acts 8 in the BOGWICC

Acts 8 in the BOHCB

Acts 8 in the BOHCV

Acts 8 in the BOHLNT

Acts 8 in the BOHNTLTAL

Acts 8 in the BOICB

Acts 8 in the BOILNTAP

Acts 8 in the BOITCV

Acts 8 in the BOKCV

Acts 8 in the BOKCV2

Acts 8 in the BOKHWOG

Acts 8 in the BOKSSV

Acts 8 in the BOLCB

Acts 8 in the BOLCB2

Acts 8 in the BOMCV

Acts 8 in the BONAV

Acts 8 in the BONCB

Acts 8 in the BONLT

Acts 8 in the BONUT2

Acts 8 in the BOPLNT

Acts 8 in the BOSCB

Acts 8 in the BOSNC

Acts 8 in the BOTLNT

Acts 8 in the BOVCB

Acts 8 in the BOYCB

Acts 8 in the BPBB

Acts 8 in the BPH

Acts 8 in the BSB

Acts 8 in the CCB

Acts 8 in the CUV

Acts 8 in the CUVS

Acts 8 in the DBT

Acts 8 in the DGDNT

Acts 8 in the DHNT

Acts 8 in the DNT

Acts 8 in the ELBE

Acts 8 in the EMTV

Acts 8 in the ESV

Acts 8 in the FBV

Acts 8 in the FEB

Acts 8 in the GGMNT

Acts 8 in the GNT

Acts 8 in the HARY

Acts 8 in the HNT

Acts 8 in the IRVA

Acts 8 in the IRVB

Acts 8 in the IRVG

Acts 8 in the IRVH

Acts 8 in the IRVK

Acts 8 in the IRVM

Acts 8 in the IRVM2

Acts 8 in the IRVO

Acts 8 in the IRVP

Acts 8 in the IRVT

Acts 8 in the IRVT2

Acts 8 in the IRVU

Acts 8 in the ISVN

Acts 8 in the JSNT

Acts 8 in the KAPI

Acts 8 in the KBT1ETNIK

Acts 8 in the KBV

Acts 8 in the KJV

Acts 8 in the KNFD

Acts 8 in the LBA

Acts 8 in the LBLA

Acts 8 in the LNT

Acts 8 in the LSV

Acts 8 in the MAAL

Acts 8 in the MBV

Acts 8 in the MBV2

Acts 8 in the MHNT

Acts 8 in the MKNFD

Acts 8 in the MNG

Acts 8 in the MNT

Acts 8 in the MNT2

Acts 8 in the MRS1T

Acts 8 in the NAA

Acts 8 in the NASB

Acts 8 in the NBLA

Acts 8 in the NBS

Acts 8 in the NBVTP

Acts 8 in the NET2

Acts 8 in the NIV11

Acts 8 in the NNT

Acts 8 in the NNT2

Acts 8 in the NNT3

Acts 8 in the PDDPT

Acts 8 in the PFNT

Acts 8 in the RMNT

Acts 8 in the SBIAS

Acts 8 in the SBIBS

Acts 8 in the SBIBS2

Acts 8 in the SBICS

Acts 8 in the SBIDS

Acts 8 in the SBIGS

Acts 8 in the SBIHS

Acts 8 in the SBIIS

Acts 8 in the SBIIS2

Acts 8 in the SBIIS3

Acts 8 in the SBIKS

Acts 8 in the SBIKS2

Acts 8 in the SBIMS

Acts 8 in the SBIOS

Acts 8 in the SBIPS

Acts 8 in the SBISS

Acts 8 in the SBITS

Acts 8 in the SBITS2

Acts 8 in the SBITS3

Acts 8 in the SBITS4

Acts 8 in the SBIUS

Acts 8 in the SBIVS

Acts 8 in the SBT

Acts 8 in the SBT1E

Acts 8 in the SCHL

Acts 8 in the SNT

Acts 8 in the SUSU

Acts 8 in the SUSU2

Acts 8 in the SYNO

Acts 8 in the TBIAOTANT

Acts 8 in the TBT1E

Acts 8 in the TBT1E2

Acts 8 in the TFTIP

Acts 8 in the TFTU

Acts 8 in the TGNTATF3T

Acts 8 in the THAI

Acts 8 in the TNFD

Acts 8 in the TNT

Acts 8 in the TNTIK

Acts 8 in the TNTIL

Acts 8 in the TNTIN

Acts 8 in the TNTIP

Acts 8 in the TNTIZ

Acts 8 in the TOMA

Acts 8 in the TTENT

Acts 8 in the UBG

Acts 8 in the UGV

Acts 8 in the UGV2

Acts 8 in the UGV3

Acts 8 in the VBL

Acts 8 in the VDCC

Acts 8 in the YALU

Acts 8 in the YAPE

Acts 8 in the YBVTP

Acts 8 in the ZBP