Deuteronomy 3 (BOATCB)

1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ. 2 Nanso, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro no, ɛfiri sɛ, mede ɔno ne nʼakodɔm ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Asɛm a ɛtoo Amorifoɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.” 3 Enti, AWURADE, yɛn Onyankopɔn, sane de Basanhene Og ne nʼakodɔm nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn guiɛ a anka wɔn mu baako koraa. 4 Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho. 5 Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree. 6 Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa. 7 Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ. 8 Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa. 9 Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir. 10 Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. 11 Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara. 12 Yɛfaa asase no, mede asase no fa a ɛda firi Aroer Arnon subɔnhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ. 13 Afei, mede asase no nkaeɛ a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a ɛyɛ na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane asase. 14 Manase abusua ɔkannifoɔ Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de bɛsi ɛnnɛ. 15 Mede Gilead maa Makir, 16 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn asase bi a ɛfiri Gilead fa bi, kɔsi Arnon subɔnhwa ho, de kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfoɔ hyeɛ no so. 17 Atɔeɛ hyeɛ no firi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a ɛfiri Kineret kɔsi Nkyene Ɛpo a ɛda Pisga bepɔ ayaase no. 18 Na mehyɛɛ mo saa ɛberɛ no sɛ, “AWURADE mo Onyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofoɔ nyinaa nhyɛ akodeɛ nni mo nuanom Israelfoɔ anim ntwa Yordan. 19 Mo yerenom, mo mma ne mo afieboa bebrebe no deɛ, monnya wɔn wɔ mo akyi wɔ nkuro a mede ama mo no so. 20 Sɛ AWURADE bɔ Israelfoɔ a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a AWURADE de ama wɔn a ɛtwam Asubɔnten Yordan no so a, afei motumi sane mo akyi ba asase a mede ama mo no so.” 21 Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Woahunu deɛ AWURADE wo Onyankopɔn ayɛ saa ahemfo baanu yi. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa. 22 Nsuro aman a wɔwɔ hɔ no na AWURADE bɛko ama wo.” 23 Saa ɛberɛ no, mesrɛɛ AWURADE sɛ, 24 “Ao Otumfoɔ AWURADE, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo? 25 Mesrɛ wo, ma me ntwa Yordan nkɔhwɛ asase nwanwa a ɛda ɛfa hɔ, ɔman fɛfɛ no ne Lebanon mmepɔ no.” 26 Nanso ɛsiane mo enti, AWURADE bo fuu me. Na wantie me. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ “Ɛyɛ, nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me. 27 Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ ne apueeɛ. Esiane sɛ, worentwa Yordan no enti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no. 28 Nanso, tu Yosua na bɔ nʼaba so, na hyɛ no den na ɔno na ɔbɛdi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi so.” 29 Ɛno enti, yɛtenaa subɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor.

In Other Versions

Deuteronomy 3 in the ANGEFD

Deuteronomy 3 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 3 in the AS21

Deuteronomy 3 in the BAGH

Deuteronomy 3 in the BBPNG

Deuteronomy 3 in the BBT1E

Deuteronomy 3 in the BDS

Deuteronomy 3 in the BEV

Deuteronomy 3 in the BHAD

Deuteronomy 3 in the BIB

Deuteronomy 3 in the BLPT

Deuteronomy 3 in the BNT

Deuteronomy 3 in the BNTABOOT

Deuteronomy 3 in the BNTLV

Deuteronomy 3 in the BOATCB2

Deuteronomy 3 in the BOBCV

Deuteronomy 3 in the BOCNT

Deuteronomy 3 in the BOECS

Deuteronomy 3 in the BOGWICC

Deuteronomy 3 in the BOHCB

Deuteronomy 3 in the BOHCV

Deuteronomy 3 in the BOHLNT

Deuteronomy 3 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 3 in the BOICB

Deuteronomy 3 in the BOILNTAP

Deuteronomy 3 in the BOITCV

Deuteronomy 3 in the BOKCV

Deuteronomy 3 in the BOKCV2

Deuteronomy 3 in the BOKHWOG

Deuteronomy 3 in the BOKSSV

Deuteronomy 3 in the BOLCB

Deuteronomy 3 in the BOLCB2

Deuteronomy 3 in the BOMCV

Deuteronomy 3 in the BONAV

Deuteronomy 3 in the BONCB

Deuteronomy 3 in the BONLT

Deuteronomy 3 in the BONUT2

Deuteronomy 3 in the BOPLNT

Deuteronomy 3 in the BOSCB

Deuteronomy 3 in the BOSNC

Deuteronomy 3 in the BOTLNT

Deuteronomy 3 in the BOVCB

Deuteronomy 3 in the BOYCB

Deuteronomy 3 in the BPBB

Deuteronomy 3 in the BPH

Deuteronomy 3 in the BSB

Deuteronomy 3 in the CCB

Deuteronomy 3 in the CUV

Deuteronomy 3 in the CUVS

Deuteronomy 3 in the DBT

Deuteronomy 3 in the DGDNT

Deuteronomy 3 in the DHNT

Deuteronomy 3 in the DNT

Deuteronomy 3 in the ELBE

Deuteronomy 3 in the EMTV

Deuteronomy 3 in the ESV

Deuteronomy 3 in the FBV

Deuteronomy 3 in the FEB

Deuteronomy 3 in the GGMNT

Deuteronomy 3 in the GNT

Deuteronomy 3 in the HARY

Deuteronomy 3 in the HNT

Deuteronomy 3 in the IRVA

Deuteronomy 3 in the IRVB

Deuteronomy 3 in the IRVG

Deuteronomy 3 in the IRVH

Deuteronomy 3 in the IRVK

Deuteronomy 3 in the IRVM

Deuteronomy 3 in the IRVM2

Deuteronomy 3 in the IRVO

Deuteronomy 3 in the IRVP

Deuteronomy 3 in the IRVT

Deuteronomy 3 in the IRVT2

Deuteronomy 3 in the IRVU

Deuteronomy 3 in the ISVN

Deuteronomy 3 in the JSNT

Deuteronomy 3 in the KAPI

Deuteronomy 3 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 3 in the KBV

Deuteronomy 3 in the KJV

Deuteronomy 3 in the KNFD

Deuteronomy 3 in the LBA

Deuteronomy 3 in the LBLA

Deuteronomy 3 in the LNT

Deuteronomy 3 in the LSV

Deuteronomy 3 in the MAAL

Deuteronomy 3 in the MBV

Deuteronomy 3 in the MBV2

Deuteronomy 3 in the MHNT

Deuteronomy 3 in the MKNFD

Deuteronomy 3 in the MNG

Deuteronomy 3 in the MNT

Deuteronomy 3 in the MNT2

Deuteronomy 3 in the MRS1T

Deuteronomy 3 in the NAA

Deuteronomy 3 in the NASB

Deuteronomy 3 in the NBLA

Deuteronomy 3 in the NBS

Deuteronomy 3 in the NBVTP

Deuteronomy 3 in the NET2

Deuteronomy 3 in the NIV11

Deuteronomy 3 in the NNT

Deuteronomy 3 in the NNT2

Deuteronomy 3 in the NNT3

Deuteronomy 3 in the PDDPT

Deuteronomy 3 in the PFNT

Deuteronomy 3 in the RMNT

Deuteronomy 3 in the SBIAS

Deuteronomy 3 in the SBIBS

Deuteronomy 3 in the SBIBS2

Deuteronomy 3 in the SBICS

Deuteronomy 3 in the SBIDS

Deuteronomy 3 in the SBIGS

Deuteronomy 3 in the SBIHS

Deuteronomy 3 in the SBIIS

Deuteronomy 3 in the SBIIS2

Deuteronomy 3 in the SBIIS3

Deuteronomy 3 in the SBIKS

Deuteronomy 3 in the SBIKS2

Deuteronomy 3 in the SBIMS

Deuteronomy 3 in the SBIOS

Deuteronomy 3 in the SBIPS

Deuteronomy 3 in the SBISS

Deuteronomy 3 in the SBITS

Deuteronomy 3 in the SBITS2

Deuteronomy 3 in the SBITS3

Deuteronomy 3 in the SBITS4

Deuteronomy 3 in the SBIUS

Deuteronomy 3 in the SBIVS

Deuteronomy 3 in the SBT

Deuteronomy 3 in the SBT1E

Deuteronomy 3 in the SCHL

Deuteronomy 3 in the SNT

Deuteronomy 3 in the SUSU

Deuteronomy 3 in the SUSU2

Deuteronomy 3 in the SYNO

Deuteronomy 3 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 3 in the TBT1E

Deuteronomy 3 in the TBT1E2

Deuteronomy 3 in the TFTIP

Deuteronomy 3 in the TFTU

Deuteronomy 3 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 3 in the THAI

Deuteronomy 3 in the TNFD

Deuteronomy 3 in the TNT

Deuteronomy 3 in the TNTIK

Deuteronomy 3 in the TNTIL

Deuteronomy 3 in the TNTIN

Deuteronomy 3 in the TNTIP

Deuteronomy 3 in the TNTIZ

Deuteronomy 3 in the TOMA

Deuteronomy 3 in the TTENT

Deuteronomy 3 in the UBG

Deuteronomy 3 in the UGV

Deuteronomy 3 in the UGV2

Deuteronomy 3 in the UGV3

Deuteronomy 3 in the VBL

Deuteronomy 3 in the VDCC

Deuteronomy 3 in the YALU

Deuteronomy 3 in the YAPE

Deuteronomy 3 in the YBVTP

Deuteronomy 3 in the ZBP