Exodus 22 (BOATCB)

1 “Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu. 2 “Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ. 3 Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ.“Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no. 4 Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim. 5 “Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka. 6 “Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka. 7 “Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim. 8 Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. 9 Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no. 10 “Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a, 11 ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ AWURADE anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu. 12 Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13 Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara. 14 “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15 Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu. 16 “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no. 17 Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika. 18 “Monkum mmaa nkonyaayifoɔ. 19 “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wɔnkum no. 20 “Obiara a ɔbɛfiri AWURADE akyiri abɔ onyame foforɔ bi afɔdeɛ no, wɔnkum no. 21 “Monnhyɛ ɔhɔhoɔ aniɛyaadeɛ ɛkwan biara so; na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. 22 “Monnsisi akunafoɔ anaa nwisiaa; 23 na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so. 24 Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi. 25 “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26 Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no. 27 Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ. 28 “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so. 29 “Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so.“Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no. 30 Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me. 31 “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe.

In Other Versions

Exodus 22 in the ANGEFD

Exodus 22 in the ANTPNG2D

Exodus 22 in the AS21

Exodus 22 in the BAGH

Exodus 22 in the BBPNG

Exodus 22 in the BBT1E

Exodus 22 in the BDS

Exodus 22 in the BEV

Exodus 22 in the BHAD

Exodus 22 in the BIB

Exodus 22 in the BLPT

Exodus 22 in the BNT

Exodus 22 in the BNTABOOT

Exodus 22 in the BNTLV

Exodus 22 in the BOATCB2

Exodus 22 in the BOBCV

Exodus 22 in the BOCNT

Exodus 22 in the BOECS

Exodus 22 in the BOGWICC

Exodus 22 in the BOHCB

Exodus 22 in the BOHCV

Exodus 22 in the BOHLNT

Exodus 22 in the BOHNTLTAL

Exodus 22 in the BOICB

Exodus 22 in the BOILNTAP

Exodus 22 in the BOITCV

Exodus 22 in the BOKCV

Exodus 22 in the BOKCV2

Exodus 22 in the BOKHWOG

Exodus 22 in the BOKSSV

Exodus 22 in the BOLCB

Exodus 22 in the BOLCB2

Exodus 22 in the BOMCV

Exodus 22 in the BONAV

Exodus 22 in the BONCB

Exodus 22 in the BONLT

Exodus 22 in the BONUT2

Exodus 22 in the BOPLNT

Exodus 22 in the BOSCB

Exodus 22 in the BOSNC

Exodus 22 in the BOTLNT

Exodus 22 in the BOVCB

Exodus 22 in the BOYCB

Exodus 22 in the BPBB

Exodus 22 in the BPH

Exodus 22 in the BSB

Exodus 22 in the CCB

Exodus 22 in the CUV

Exodus 22 in the CUVS

Exodus 22 in the DBT

Exodus 22 in the DGDNT

Exodus 22 in the DHNT

Exodus 22 in the DNT

Exodus 22 in the ELBE

Exodus 22 in the EMTV

Exodus 22 in the ESV

Exodus 22 in the FBV

Exodus 22 in the FEB

Exodus 22 in the GGMNT

Exodus 22 in the GNT

Exodus 22 in the HARY

Exodus 22 in the HNT

Exodus 22 in the IRVA

Exodus 22 in the IRVB

Exodus 22 in the IRVG

Exodus 22 in the IRVH

Exodus 22 in the IRVK

Exodus 22 in the IRVM

Exodus 22 in the IRVM2

Exodus 22 in the IRVO

Exodus 22 in the IRVP

Exodus 22 in the IRVT

Exodus 22 in the IRVT2

Exodus 22 in the IRVU

Exodus 22 in the ISVN

Exodus 22 in the JSNT

Exodus 22 in the KAPI

Exodus 22 in the KBT1ETNIK

Exodus 22 in the KBV

Exodus 22 in the KJV

Exodus 22 in the KNFD

Exodus 22 in the LBA

Exodus 22 in the LBLA

Exodus 22 in the LNT

Exodus 22 in the LSV

Exodus 22 in the MAAL

Exodus 22 in the MBV

Exodus 22 in the MBV2

Exodus 22 in the MHNT

Exodus 22 in the MKNFD

Exodus 22 in the MNG

Exodus 22 in the MNT

Exodus 22 in the MNT2

Exodus 22 in the MRS1T

Exodus 22 in the NAA

Exodus 22 in the NASB

Exodus 22 in the NBLA

Exodus 22 in the NBS

Exodus 22 in the NBVTP

Exodus 22 in the NET2

Exodus 22 in the NIV11

Exodus 22 in the NNT

Exodus 22 in the NNT2

Exodus 22 in the NNT3

Exodus 22 in the PDDPT

Exodus 22 in the PFNT

Exodus 22 in the RMNT

Exodus 22 in the SBIAS

Exodus 22 in the SBIBS

Exodus 22 in the SBIBS2

Exodus 22 in the SBICS

Exodus 22 in the SBIDS

Exodus 22 in the SBIGS

Exodus 22 in the SBIHS

Exodus 22 in the SBIIS

Exodus 22 in the SBIIS2

Exodus 22 in the SBIIS3

Exodus 22 in the SBIKS

Exodus 22 in the SBIKS2

Exodus 22 in the SBIMS

Exodus 22 in the SBIOS

Exodus 22 in the SBIPS

Exodus 22 in the SBISS

Exodus 22 in the SBITS

Exodus 22 in the SBITS2

Exodus 22 in the SBITS3

Exodus 22 in the SBITS4

Exodus 22 in the SBIUS

Exodus 22 in the SBIVS

Exodus 22 in the SBT

Exodus 22 in the SBT1E

Exodus 22 in the SCHL

Exodus 22 in the SNT

Exodus 22 in the SUSU

Exodus 22 in the SUSU2

Exodus 22 in the SYNO

Exodus 22 in the TBIAOTANT

Exodus 22 in the TBT1E

Exodus 22 in the TBT1E2

Exodus 22 in the TFTIP

Exodus 22 in the TFTU

Exodus 22 in the TGNTATF3T

Exodus 22 in the THAI

Exodus 22 in the TNFD

Exodus 22 in the TNT

Exodus 22 in the TNTIK

Exodus 22 in the TNTIL

Exodus 22 in the TNTIN

Exodus 22 in the TNTIP

Exodus 22 in the TNTIZ

Exodus 22 in the TOMA

Exodus 22 in the TTENT

Exodus 22 in the UBG

Exodus 22 in the UGV

Exodus 22 in the UGV2

Exodus 22 in the UGV3

Exodus 22 in the VBL

Exodus 22 in the VDCC

Exodus 22 in the YALU

Exodus 22 in the YAPE

Exodus 22 in the YBVTP

Exodus 22 in the ZBP