Exodus 22 (BOATCB2)

1 “Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan na okum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwi anum besi nantwi baako anan mu. Na ɔde nguan anan asi oguan baako biara anan mu. 2 “Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ. 3 Na sɛ asɛm no si awia de a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi enti onipa a okum ɔkorɔmfo no di fɔ.“Sɛ mokyere ɔkorɔmfo bi a, momma ontua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ka no. 4 Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwi anaa afurum anaa oguan a onwui anaa biribi foforo bi a, mommɔ no dekode a owiae no ho ka mpemanim. 5 “Sɛ obi hyɛ da gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afum kodidi wɔ hɔ, sɛe nnɔbae a, ɔmfa ɔno ara ne nnɔbae mu nea ɛsɔ ani pa ara no mmetua ka. 6 “Sɛ obi rehyew nʼafuw, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforo afuw mu, hyew, sɛe ne nnɔbae a, nea ɔsɔɔ gya no betua nnɔbae a asɛe no nyinaa ho ka. 7 “Sɛ obi ma ɔfoforo sika anaa ade foforo bi sɛ ɔmfa nsie mma no na wowia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfo no a, obetua ne mpemanim. 8 Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfo no a, wɔde onipa a wɔde agyapade no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ ɔno ankasa na owiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. 9 Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no. 10 “Sɛ obi de afurum, nantwi, oguan anaa aboa foforo bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa opira anaa oguan na sɛ obi anhu ammɛka a, 11 ɛsɛ sɛ nea ogyee aboa no ayɛn no ka ntam sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no, na ne wura no gye to mu a, onnye biribiara nsi anan mu. 12 Nanso sɛ wia na wowiaa aboa no anaa dekode no wɔ ne nkyɛn de a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfo a wowiaa aboa no anaa dekode no fii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13 Sɛ akekaboa na okum no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara. 14 “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforo bi fi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa opira, bere a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15 Na sɛ ne wura no wɔ hɔ de a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfo no tua ka, efisɛ wobuu eyi nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu. 16 “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa ɔbea bi a ɔnyɛɛ ne ho ade na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho ade na ɔware no. 17 Sɛ ɔbea no agya se ɔmpene aware no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti sika. 18 “Munkum mmea nkonyaayifo. 19 “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wonkum no. 20 “Obiara a obefi AWURADE akyi abɔ onyame foforo bi afɔre no, wonkum no. 21 “Monnyɛ ɔhɔho ayayade, efisɛ na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim. 22 “Munnsisi akunafo anaa ayisaa; 23 na sɛ moyɛ saa na wosu frɛ me a, megye wɔn so. 24 Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi. 25 “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26 Sɛ wugye ne ntama de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼade kɔma no. 27 Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo. 28 “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanyimfo anaa mo atemmufo anaa wɔn a wodi mo so. 29 “Momfa mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako mmrɛ me ntɛm so.“Saa ara nso na muntua mo mmakan mmarima nkwagye ho ka no. 30 Ma wo nantwi anaa wo guan abakan no ne ne na ntena nnanson, na da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me. 31 “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me nti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Munnyaw ne funu no mma akraman mmɛwe.

In Other Versions

Exodus 22 in the ANGEFD

Exodus 22 in the ANTPNG2D

Exodus 22 in the AS21

Exodus 22 in the BAGH

Exodus 22 in the BBPNG

Exodus 22 in the BBT1E

Exodus 22 in the BDS

Exodus 22 in the BEV

Exodus 22 in the BHAD

Exodus 22 in the BIB

Exodus 22 in the BLPT

Exodus 22 in the BNT

Exodus 22 in the BNTABOOT

Exodus 22 in the BNTLV

Exodus 22 in the BOATCB

Exodus 22 in the BOBCV

Exodus 22 in the BOCNT

Exodus 22 in the BOECS

Exodus 22 in the BOGWICC

Exodus 22 in the BOHCB

Exodus 22 in the BOHCV

Exodus 22 in the BOHLNT

Exodus 22 in the BOHNTLTAL

Exodus 22 in the BOICB

Exodus 22 in the BOILNTAP

Exodus 22 in the BOITCV

Exodus 22 in the BOKCV

Exodus 22 in the BOKCV2

Exodus 22 in the BOKHWOG

Exodus 22 in the BOKSSV

Exodus 22 in the BOLCB

Exodus 22 in the BOLCB2

Exodus 22 in the BOMCV

Exodus 22 in the BONAV

Exodus 22 in the BONCB

Exodus 22 in the BONLT

Exodus 22 in the BONUT2

Exodus 22 in the BOPLNT

Exodus 22 in the BOSCB

Exodus 22 in the BOSNC

Exodus 22 in the BOTLNT

Exodus 22 in the BOVCB

Exodus 22 in the BOYCB

Exodus 22 in the BPBB

Exodus 22 in the BPH

Exodus 22 in the BSB

Exodus 22 in the CCB

Exodus 22 in the CUV

Exodus 22 in the CUVS

Exodus 22 in the DBT

Exodus 22 in the DGDNT

Exodus 22 in the DHNT

Exodus 22 in the DNT

Exodus 22 in the ELBE

Exodus 22 in the EMTV

Exodus 22 in the ESV

Exodus 22 in the FBV

Exodus 22 in the FEB

Exodus 22 in the GGMNT

Exodus 22 in the GNT

Exodus 22 in the HARY

Exodus 22 in the HNT

Exodus 22 in the IRVA

Exodus 22 in the IRVB

Exodus 22 in the IRVG

Exodus 22 in the IRVH

Exodus 22 in the IRVK

Exodus 22 in the IRVM

Exodus 22 in the IRVM2

Exodus 22 in the IRVO

Exodus 22 in the IRVP

Exodus 22 in the IRVT

Exodus 22 in the IRVT2

Exodus 22 in the IRVU

Exodus 22 in the ISVN

Exodus 22 in the JSNT

Exodus 22 in the KAPI

Exodus 22 in the KBT1ETNIK

Exodus 22 in the KBV

Exodus 22 in the KJV

Exodus 22 in the KNFD

Exodus 22 in the LBA

Exodus 22 in the LBLA

Exodus 22 in the LNT

Exodus 22 in the LSV

Exodus 22 in the MAAL

Exodus 22 in the MBV

Exodus 22 in the MBV2

Exodus 22 in the MHNT

Exodus 22 in the MKNFD

Exodus 22 in the MNG

Exodus 22 in the MNT

Exodus 22 in the MNT2

Exodus 22 in the MRS1T

Exodus 22 in the NAA

Exodus 22 in the NASB

Exodus 22 in the NBLA

Exodus 22 in the NBS

Exodus 22 in the NBVTP

Exodus 22 in the NET2

Exodus 22 in the NIV11

Exodus 22 in the NNT

Exodus 22 in the NNT2

Exodus 22 in the NNT3

Exodus 22 in the PDDPT

Exodus 22 in the PFNT

Exodus 22 in the RMNT

Exodus 22 in the SBIAS

Exodus 22 in the SBIBS

Exodus 22 in the SBIBS2

Exodus 22 in the SBICS

Exodus 22 in the SBIDS

Exodus 22 in the SBIGS

Exodus 22 in the SBIHS

Exodus 22 in the SBIIS

Exodus 22 in the SBIIS2

Exodus 22 in the SBIIS3

Exodus 22 in the SBIKS

Exodus 22 in the SBIKS2

Exodus 22 in the SBIMS

Exodus 22 in the SBIOS

Exodus 22 in the SBIPS

Exodus 22 in the SBISS

Exodus 22 in the SBITS

Exodus 22 in the SBITS2

Exodus 22 in the SBITS3

Exodus 22 in the SBITS4

Exodus 22 in the SBIUS

Exodus 22 in the SBIVS

Exodus 22 in the SBT

Exodus 22 in the SBT1E

Exodus 22 in the SCHL

Exodus 22 in the SNT

Exodus 22 in the SUSU

Exodus 22 in the SUSU2

Exodus 22 in the SYNO

Exodus 22 in the TBIAOTANT

Exodus 22 in the TBT1E

Exodus 22 in the TBT1E2

Exodus 22 in the TFTIP

Exodus 22 in the TFTU

Exodus 22 in the TGNTATF3T

Exodus 22 in the THAI

Exodus 22 in the TNFD

Exodus 22 in the TNT

Exodus 22 in the TNTIK

Exodus 22 in the TNTIL

Exodus 22 in the TNTIN

Exodus 22 in the TNTIP

Exodus 22 in the TNTIZ

Exodus 22 in the TOMA

Exodus 22 in the TTENT

Exodus 22 in the UBG

Exodus 22 in the UGV

Exodus 22 in the UGV2

Exodus 22 in the UGV3

Exodus 22 in the VBL

Exodus 22 in the VDCC

Exodus 22 in the YALU

Exodus 22 in the YAPE

Exodus 22 in the YBVTP

Exodus 22 in the ZBP