Exodus 33 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, ɛfiri sɛ, mekaa sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.’ 2 Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 3 Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri sɛ, moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. Sɛ me ne mo kɔ a, anhwɛ a, mɛsɛe mo wɔ ɛkwan so.” 4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa. 5 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.” 6 Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ wɔ Bepɔ Horeb so. 7 Na Mose sii hyiabea ntomadan wɔ sraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne AWURADE di nkutaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no edin “Ahyiaeɛ Ntomadan.” 8 Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi sɛ ɔbɛduru ɛdan no ano. 9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na AWURADE nam mu ne Mose akasa. 10 Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no. 11 Ɛdan no mu, na AWURADE kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba. 12 Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’ 13 Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.” 14 Na AWURADE buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.” 15 Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha. 16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?” 17 AWURADE buaa Mose sɛ, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.” 18 Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam. 19 AWURADE buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din AWURADE no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ. 20 Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu. 21 “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. 22 Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam. 23 Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”

In Other Versions

Exodus 33 in the ANGEFD

Exodus 33 in the ANTPNG2D

Exodus 33 in the AS21

Exodus 33 in the BAGH

Exodus 33 in the BBPNG

Exodus 33 in the BBT1E

Exodus 33 in the BDS

Exodus 33 in the BEV

Exodus 33 in the BHAD

Exodus 33 in the BIB

Exodus 33 in the BLPT

Exodus 33 in the BNT

Exodus 33 in the BNTABOOT

Exodus 33 in the BNTLV

Exodus 33 in the BOATCB2

Exodus 33 in the BOBCV

Exodus 33 in the BOCNT

Exodus 33 in the BOECS

Exodus 33 in the BOGWICC

Exodus 33 in the BOHCB

Exodus 33 in the BOHCV

Exodus 33 in the BOHLNT

Exodus 33 in the BOHNTLTAL

Exodus 33 in the BOICB

Exodus 33 in the BOILNTAP

Exodus 33 in the BOITCV

Exodus 33 in the BOKCV

Exodus 33 in the BOKCV2

Exodus 33 in the BOKHWOG

Exodus 33 in the BOKSSV

Exodus 33 in the BOLCB

Exodus 33 in the BOLCB2

Exodus 33 in the BOMCV

Exodus 33 in the BONAV

Exodus 33 in the BONCB

Exodus 33 in the BONLT

Exodus 33 in the BONUT2

Exodus 33 in the BOPLNT

Exodus 33 in the BOSCB

Exodus 33 in the BOSNC

Exodus 33 in the BOTLNT

Exodus 33 in the BOVCB

Exodus 33 in the BOYCB

Exodus 33 in the BPBB

Exodus 33 in the BPH

Exodus 33 in the BSB

Exodus 33 in the CCB

Exodus 33 in the CUV

Exodus 33 in the CUVS

Exodus 33 in the DBT

Exodus 33 in the DGDNT

Exodus 33 in the DHNT

Exodus 33 in the DNT

Exodus 33 in the ELBE

Exodus 33 in the EMTV

Exodus 33 in the ESV

Exodus 33 in the FBV

Exodus 33 in the FEB

Exodus 33 in the GGMNT

Exodus 33 in the GNT

Exodus 33 in the HARY

Exodus 33 in the HNT

Exodus 33 in the IRVA

Exodus 33 in the IRVB

Exodus 33 in the IRVG

Exodus 33 in the IRVH

Exodus 33 in the IRVK

Exodus 33 in the IRVM

Exodus 33 in the IRVM2

Exodus 33 in the IRVO

Exodus 33 in the IRVP

Exodus 33 in the IRVT

Exodus 33 in the IRVT2

Exodus 33 in the IRVU

Exodus 33 in the ISVN

Exodus 33 in the JSNT

Exodus 33 in the KAPI

Exodus 33 in the KBT1ETNIK

Exodus 33 in the KBV

Exodus 33 in the KJV

Exodus 33 in the KNFD

Exodus 33 in the LBA

Exodus 33 in the LBLA

Exodus 33 in the LNT

Exodus 33 in the LSV

Exodus 33 in the MAAL

Exodus 33 in the MBV

Exodus 33 in the MBV2

Exodus 33 in the MHNT

Exodus 33 in the MKNFD

Exodus 33 in the MNG

Exodus 33 in the MNT

Exodus 33 in the MNT2

Exodus 33 in the MRS1T

Exodus 33 in the NAA

Exodus 33 in the NASB

Exodus 33 in the NBLA

Exodus 33 in the NBS

Exodus 33 in the NBVTP

Exodus 33 in the NET2

Exodus 33 in the NIV11

Exodus 33 in the NNT

Exodus 33 in the NNT2

Exodus 33 in the NNT3

Exodus 33 in the PDDPT

Exodus 33 in the PFNT

Exodus 33 in the RMNT

Exodus 33 in the SBIAS

Exodus 33 in the SBIBS

Exodus 33 in the SBIBS2

Exodus 33 in the SBICS

Exodus 33 in the SBIDS

Exodus 33 in the SBIGS

Exodus 33 in the SBIHS

Exodus 33 in the SBIIS

Exodus 33 in the SBIIS2

Exodus 33 in the SBIIS3

Exodus 33 in the SBIKS

Exodus 33 in the SBIKS2

Exodus 33 in the SBIMS

Exodus 33 in the SBIOS

Exodus 33 in the SBIPS

Exodus 33 in the SBISS

Exodus 33 in the SBITS

Exodus 33 in the SBITS2

Exodus 33 in the SBITS3

Exodus 33 in the SBITS4

Exodus 33 in the SBIUS

Exodus 33 in the SBIVS

Exodus 33 in the SBT

Exodus 33 in the SBT1E

Exodus 33 in the SCHL

Exodus 33 in the SNT

Exodus 33 in the SUSU

Exodus 33 in the SUSU2

Exodus 33 in the SYNO

Exodus 33 in the TBIAOTANT

Exodus 33 in the TBT1E

Exodus 33 in the TBT1E2

Exodus 33 in the TFTIP

Exodus 33 in the TFTU

Exodus 33 in the TGNTATF3T

Exodus 33 in the THAI

Exodus 33 in the TNFD

Exodus 33 in the TNT

Exodus 33 in the TNTIK

Exodus 33 in the TNTIL

Exodus 33 in the TNTIN

Exodus 33 in the TNTIP

Exodus 33 in the TNTIZ

Exodus 33 in the TOMA

Exodus 33 in the TTENT

Exodus 33 in the UBG

Exodus 33 in the UGV

Exodus 33 in the UGV2

Exodus 33 in the UGV3

Exodus 33 in the VBL

Exodus 33 in the VDCC

Exodus 33 in the YALU

Exodus 33 in the YAPE

Exodus 33 in the YBVTP

Exodus 33 in the ZBP