Ezekiel 41 (BOATCB)

1 Ɔbarima no de me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu afadum no; na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron wɔ ne fa biara. 2 Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. 3 Afei ɔkɔɔ kronkronbea hɔ kɔsusuu nʼafadum a ɛwɔ nʼaboboano no; ebiara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mmiɛnsa. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron, na afasuo a epuepue afaanu no nso tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 4 Na ɔsusuu kronkronbea no mu tentene; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ kɔsi asɔredan no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.” 5 Ɔsusuu asɔredan no fasuo; na ne pipiripie yɛ anammɔn nson, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. 6 Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no. 7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so. 8 Mehunuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tentene yɛ anammɔn nkron. 9 Nkyɛnkyɛn adan afasuo a ɛwɔ akyire no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ɛkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia 10 ne asɔfoɔ adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. 11 Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa. 12 Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum. 13 Ɔsusuu asɔredan no, na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adihɔ ne ɛdan no a nʼafasuo ka ho no nso tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 14 Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam, de bɛsi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 15 Afei ɔsusuu ɛdan a ani hwɛ adihɔ a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ɛho mmarannaa a ɛwowɔ ɛfa biara; na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.Asɔredan no mu, kronkronbea no mu ne ntwonoo a ani hwɛ adihɔ, 16 ne aboboano, mpomma nketenkete ne mmarannaa a atwa mmiɛnsa yi ho ahyia, deɛ ɛka ho biara ne aboboano no, na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasuo no ho kɔka mpomma no ano ne mpomma no, na wɔde dua aduradura ho. 17 Ɛkwan a ɛda ɛpono a ɛkɔ kronkronbea nu mu no atifi ne afasuo no ho nyinaa, kronkrommea no mu ne asɔredan no mu no nyinaa no, 18 na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Mmɛdua no didi Kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim mmienu. 19 Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa. 20 Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. 21 Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22 Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi AWURADE anim.” 23 Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu. 24 Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu. 25 Na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no mu apono so te sɛ deɛ wɔayɛ wɔ afasuo no ho no, ɛnna wɔabɔ dua nkatasoɔ wɔ ntwonoo no anim. 26 Ntwonoo no afasuo a ɛwowɔ afa afa no na mpomma nketenkete wɔ mu a wɔakurukyire mmɛdua wɔ afa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkatasoɔ.

In Other Versions

Ezekiel 41 in the ANGEFD

Ezekiel 41 in the ANTPNG2D

Ezekiel 41 in the AS21

Ezekiel 41 in the BAGH

Ezekiel 41 in the BBPNG

Ezekiel 41 in the BBT1E

Ezekiel 41 in the BDS

Ezekiel 41 in the BEV

Ezekiel 41 in the BHAD

Ezekiel 41 in the BIB

Ezekiel 41 in the BLPT

Ezekiel 41 in the BNT

Ezekiel 41 in the BNTABOOT

Ezekiel 41 in the BNTLV

Ezekiel 41 in the BOATCB2

Ezekiel 41 in the BOBCV

Ezekiel 41 in the BOCNT

Ezekiel 41 in the BOECS

Ezekiel 41 in the BOGWICC

Ezekiel 41 in the BOHCB

Ezekiel 41 in the BOHCV

Ezekiel 41 in the BOHLNT

Ezekiel 41 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 41 in the BOICB

Ezekiel 41 in the BOILNTAP

Ezekiel 41 in the BOITCV

Ezekiel 41 in the BOKCV

Ezekiel 41 in the BOKCV2

Ezekiel 41 in the BOKHWOG

Ezekiel 41 in the BOKSSV

Ezekiel 41 in the BOLCB

Ezekiel 41 in the BOLCB2

Ezekiel 41 in the BOMCV

Ezekiel 41 in the BONAV

Ezekiel 41 in the BONCB

Ezekiel 41 in the BONLT

Ezekiel 41 in the BONUT2

Ezekiel 41 in the BOPLNT

Ezekiel 41 in the BOSCB

Ezekiel 41 in the BOSNC

Ezekiel 41 in the BOTLNT

Ezekiel 41 in the BOVCB

Ezekiel 41 in the BOYCB

Ezekiel 41 in the BPBB

Ezekiel 41 in the BPH

Ezekiel 41 in the BSB

Ezekiel 41 in the CCB

Ezekiel 41 in the CUV

Ezekiel 41 in the CUVS

Ezekiel 41 in the DBT

Ezekiel 41 in the DGDNT

Ezekiel 41 in the DHNT

Ezekiel 41 in the DNT

Ezekiel 41 in the ELBE

Ezekiel 41 in the EMTV

Ezekiel 41 in the ESV

Ezekiel 41 in the FBV

Ezekiel 41 in the FEB

Ezekiel 41 in the GGMNT

Ezekiel 41 in the GNT

Ezekiel 41 in the HARY

Ezekiel 41 in the HNT

Ezekiel 41 in the IRVA

Ezekiel 41 in the IRVB

Ezekiel 41 in the IRVG

Ezekiel 41 in the IRVH

Ezekiel 41 in the IRVK

Ezekiel 41 in the IRVM

Ezekiel 41 in the IRVM2

Ezekiel 41 in the IRVO

Ezekiel 41 in the IRVP

Ezekiel 41 in the IRVT

Ezekiel 41 in the IRVT2

Ezekiel 41 in the IRVU

Ezekiel 41 in the ISVN

Ezekiel 41 in the JSNT

Ezekiel 41 in the KAPI

Ezekiel 41 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 41 in the KBV

Ezekiel 41 in the KJV

Ezekiel 41 in the KNFD

Ezekiel 41 in the LBA

Ezekiel 41 in the LBLA

Ezekiel 41 in the LNT

Ezekiel 41 in the LSV

Ezekiel 41 in the MAAL

Ezekiel 41 in the MBV

Ezekiel 41 in the MBV2

Ezekiel 41 in the MHNT

Ezekiel 41 in the MKNFD

Ezekiel 41 in the MNG

Ezekiel 41 in the MNT

Ezekiel 41 in the MNT2

Ezekiel 41 in the MRS1T

Ezekiel 41 in the NAA

Ezekiel 41 in the NASB

Ezekiel 41 in the NBLA

Ezekiel 41 in the NBS

Ezekiel 41 in the NBVTP

Ezekiel 41 in the NET2

Ezekiel 41 in the NIV11

Ezekiel 41 in the NNT

Ezekiel 41 in the NNT2

Ezekiel 41 in the NNT3

Ezekiel 41 in the PDDPT

Ezekiel 41 in the PFNT

Ezekiel 41 in the RMNT

Ezekiel 41 in the SBIAS

Ezekiel 41 in the SBIBS

Ezekiel 41 in the SBIBS2

Ezekiel 41 in the SBICS

Ezekiel 41 in the SBIDS

Ezekiel 41 in the SBIGS

Ezekiel 41 in the SBIHS

Ezekiel 41 in the SBIIS

Ezekiel 41 in the SBIIS2

Ezekiel 41 in the SBIIS3

Ezekiel 41 in the SBIKS

Ezekiel 41 in the SBIKS2

Ezekiel 41 in the SBIMS

Ezekiel 41 in the SBIOS

Ezekiel 41 in the SBIPS

Ezekiel 41 in the SBISS

Ezekiel 41 in the SBITS

Ezekiel 41 in the SBITS2

Ezekiel 41 in the SBITS3

Ezekiel 41 in the SBITS4

Ezekiel 41 in the SBIUS

Ezekiel 41 in the SBIVS

Ezekiel 41 in the SBT

Ezekiel 41 in the SBT1E

Ezekiel 41 in the SCHL

Ezekiel 41 in the SNT

Ezekiel 41 in the SUSU

Ezekiel 41 in the SUSU2

Ezekiel 41 in the SYNO

Ezekiel 41 in the TBIAOTANT

Ezekiel 41 in the TBT1E

Ezekiel 41 in the TBT1E2

Ezekiel 41 in the TFTIP

Ezekiel 41 in the TFTU

Ezekiel 41 in the TGNTATF3T

Ezekiel 41 in the THAI

Ezekiel 41 in the TNFD

Ezekiel 41 in the TNT

Ezekiel 41 in the TNTIK

Ezekiel 41 in the TNTIL

Ezekiel 41 in the TNTIN

Ezekiel 41 in the TNTIP

Ezekiel 41 in the TNTIZ

Ezekiel 41 in the TOMA

Ezekiel 41 in the TTENT

Ezekiel 41 in the UBG

Ezekiel 41 in the UGV

Ezekiel 41 in the UGV2

Ezekiel 41 in the UGV3

Ezekiel 41 in the VBL

Ezekiel 41 in the VDCC

Ezekiel 41 in the YALU

Ezekiel 41 in the YAPE

Ezekiel 41 in the YBVTP

Ezekiel 41 in the ZBP