Ezekiel 41 (BOATCB2)

1 Ɔbarima no de me kɔɔ mfikyiri kronkronbea hɔ na osusuw afadum no; na ne trɛw yɛ anammɔn akron wɔ ne fa biara. 2 Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn dunum, na afasu a epuepue wɔ afaanu no trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. 3 Afei ɔkɔɔ mfimfini kronkronbea hɔ kosusuw nʼafadum a ɛwɔ nʼabobow ano no; biara trɛw yɛ anammɔn abiɛsa. Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn akron, na afasu a epuepue afaanu no nso trɛw yɛ anammɔn du ne fa. 4 Na osusuw mfimfini kronkronbea no tenten; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne trɛw kosi mfikyiri kronkronbea no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.” 5 Osusuw asɔredan no fasu; na mu piw yɛ anammɔn akron, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara trɛw yɛ anammɔn asia. 6 Wosisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te sɛ apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no. 7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ ɔsan a ɛto so abiɛsa no so. 8 Mihuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tenten yɛ anammɔn akron. 9 Nkyɛnkyɛn adan afasu a ɛwɔ akyi no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ɔkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia 10 ne asɔfo adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. 11 Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa. 12 Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo wɔ atɔe fam no trɛw yɛ anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduasa anum. 13 Osusuw asɔredan no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adiwo ne ɔdan no a nʼafasu ka ho no nso tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 14 Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam, de besi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 15 Afei osusuw ɔdan a ani hwɛ adiwo a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ho abrannaa a ɛwɔ ɔfa biara; na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.Mfikyiri kronkronbea, mfimfini kronkronbea ne ntwironoo a ani hwɛ adiwo, 16 ne abobow ano, mfɛnsere nketenkete ne mmrannaa a atwa abiɛsa yi ho ahyia, nea ɛka ho biara ne abobow ano na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasu no ho kɔka mfɛnsere no ano ne mfɛnsere no, na wɔde nnua aduradura ho. 17 Ɔkwan a ɛda ɔpon a ɛkɔ mfimfini kronkronbea no atifi ne afasu no ho nyinaa, mfimfini ne mfikyiri kronkrommea no ho nyinaa 18 na wɔasen kerubim ne mmedua. Mmedua no didi kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim abien. 19 Onipa anim kyerɛ mmedua wɔ ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no wɔ ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa. 20 Efi fam de kosi ɔkwan a ɛda ɔpon no atifi ne afasu no ho nyinaa no na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse no fasu ho. 21 Na mfikyiri kronkronbea no wɔ apongua ahannan, na nea ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22 Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan wɔ hɔ a ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, “Saa ɔpon yi na esi AWURADE anim.” 23 Mfikyiri kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apon a ɛyɛ afaanu. 24 Ɔpon biara wɔ mmuei abien a biara wɔ mpontare. 25 Na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse apon no ho te sɛnea wɔayɛ wɔ afasu no ho no, na wɔabɔ dua nkataso asensɛn ntwironoo no anim. 26 Na mfɛnsere hiahiaa wowɔ ntwironoo no afasu no afaafa a na wɔasen mmedua atetare ɔfa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkataso.

In Other Versions

Ezekiel 41 in the ANGEFD

Ezekiel 41 in the ANTPNG2D

Ezekiel 41 in the AS21

Ezekiel 41 in the BAGH

Ezekiel 41 in the BBPNG

Ezekiel 41 in the BBT1E

Ezekiel 41 in the BDS

Ezekiel 41 in the BEV

Ezekiel 41 in the BHAD

Ezekiel 41 in the BIB

Ezekiel 41 in the BLPT

Ezekiel 41 in the BNT

Ezekiel 41 in the BNTABOOT

Ezekiel 41 in the BNTLV

Ezekiel 41 in the BOATCB

Ezekiel 41 in the BOBCV

Ezekiel 41 in the BOCNT

Ezekiel 41 in the BOECS

Ezekiel 41 in the BOGWICC

Ezekiel 41 in the BOHCB

Ezekiel 41 in the BOHCV

Ezekiel 41 in the BOHLNT

Ezekiel 41 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 41 in the BOICB

Ezekiel 41 in the BOILNTAP

Ezekiel 41 in the BOITCV

Ezekiel 41 in the BOKCV

Ezekiel 41 in the BOKCV2

Ezekiel 41 in the BOKHWOG

Ezekiel 41 in the BOKSSV

Ezekiel 41 in the BOLCB

Ezekiel 41 in the BOLCB2

Ezekiel 41 in the BOMCV

Ezekiel 41 in the BONAV

Ezekiel 41 in the BONCB

Ezekiel 41 in the BONLT

Ezekiel 41 in the BONUT2

Ezekiel 41 in the BOPLNT

Ezekiel 41 in the BOSCB

Ezekiel 41 in the BOSNC

Ezekiel 41 in the BOTLNT

Ezekiel 41 in the BOVCB

Ezekiel 41 in the BOYCB

Ezekiel 41 in the BPBB

Ezekiel 41 in the BPH

Ezekiel 41 in the BSB

Ezekiel 41 in the CCB

Ezekiel 41 in the CUV

Ezekiel 41 in the CUVS

Ezekiel 41 in the DBT

Ezekiel 41 in the DGDNT

Ezekiel 41 in the DHNT

Ezekiel 41 in the DNT

Ezekiel 41 in the ELBE

Ezekiel 41 in the EMTV

Ezekiel 41 in the ESV

Ezekiel 41 in the FBV

Ezekiel 41 in the FEB

Ezekiel 41 in the GGMNT

Ezekiel 41 in the GNT

Ezekiel 41 in the HARY

Ezekiel 41 in the HNT

Ezekiel 41 in the IRVA

Ezekiel 41 in the IRVB

Ezekiel 41 in the IRVG

Ezekiel 41 in the IRVH

Ezekiel 41 in the IRVK

Ezekiel 41 in the IRVM

Ezekiel 41 in the IRVM2

Ezekiel 41 in the IRVO

Ezekiel 41 in the IRVP

Ezekiel 41 in the IRVT

Ezekiel 41 in the IRVT2

Ezekiel 41 in the IRVU

Ezekiel 41 in the ISVN

Ezekiel 41 in the JSNT

Ezekiel 41 in the KAPI

Ezekiel 41 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 41 in the KBV

Ezekiel 41 in the KJV

Ezekiel 41 in the KNFD

Ezekiel 41 in the LBA

Ezekiel 41 in the LBLA

Ezekiel 41 in the LNT

Ezekiel 41 in the LSV

Ezekiel 41 in the MAAL

Ezekiel 41 in the MBV

Ezekiel 41 in the MBV2

Ezekiel 41 in the MHNT

Ezekiel 41 in the MKNFD

Ezekiel 41 in the MNG

Ezekiel 41 in the MNT

Ezekiel 41 in the MNT2

Ezekiel 41 in the MRS1T

Ezekiel 41 in the NAA

Ezekiel 41 in the NASB

Ezekiel 41 in the NBLA

Ezekiel 41 in the NBS

Ezekiel 41 in the NBVTP

Ezekiel 41 in the NET2

Ezekiel 41 in the NIV11

Ezekiel 41 in the NNT

Ezekiel 41 in the NNT2

Ezekiel 41 in the NNT3

Ezekiel 41 in the PDDPT

Ezekiel 41 in the PFNT

Ezekiel 41 in the RMNT

Ezekiel 41 in the SBIAS

Ezekiel 41 in the SBIBS

Ezekiel 41 in the SBIBS2

Ezekiel 41 in the SBICS

Ezekiel 41 in the SBIDS

Ezekiel 41 in the SBIGS

Ezekiel 41 in the SBIHS

Ezekiel 41 in the SBIIS

Ezekiel 41 in the SBIIS2

Ezekiel 41 in the SBIIS3

Ezekiel 41 in the SBIKS

Ezekiel 41 in the SBIKS2

Ezekiel 41 in the SBIMS

Ezekiel 41 in the SBIOS

Ezekiel 41 in the SBIPS

Ezekiel 41 in the SBISS

Ezekiel 41 in the SBITS

Ezekiel 41 in the SBITS2

Ezekiel 41 in the SBITS3

Ezekiel 41 in the SBITS4

Ezekiel 41 in the SBIUS

Ezekiel 41 in the SBIVS

Ezekiel 41 in the SBT

Ezekiel 41 in the SBT1E

Ezekiel 41 in the SCHL

Ezekiel 41 in the SNT

Ezekiel 41 in the SUSU

Ezekiel 41 in the SUSU2

Ezekiel 41 in the SYNO

Ezekiel 41 in the TBIAOTANT

Ezekiel 41 in the TBT1E

Ezekiel 41 in the TBT1E2

Ezekiel 41 in the TFTIP

Ezekiel 41 in the TFTU

Ezekiel 41 in the TGNTATF3T

Ezekiel 41 in the THAI

Ezekiel 41 in the TNFD

Ezekiel 41 in the TNT

Ezekiel 41 in the TNTIK

Ezekiel 41 in the TNTIL

Ezekiel 41 in the TNTIN

Ezekiel 41 in the TNTIP

Ezekiel 41 in the TNTIZ

Ezekiel 41 in the TOMA

Ezekiel 41 in the TTENT

Ezekiel 41 in the UBG

Ezekiel 41 in the UGV

Ezekiel 41 in the UGV2

Ezekiel 41 in the UGV3

Ezekiel 41 in the VBL

Ezekiel 41 in the VDCC

Ezekiel 41 in the YALU

Ezekiel 41 in the YAPE

Ezekiel 41 in the YBVTP

Ezekiel 41 in the ZBP