Ezekiel 42 (BOATCB)
1 Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim. 2 Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum. 3 Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so. 4 Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 6 Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 7 Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim. 8 Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 9 Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam. 10 Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na 11 ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu. 13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ AWURADE anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron. 14 Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.” 15 Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ. 16 Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.
In Other Versions
Ezekiel 42 in the ANGEFD
Ezekiel 42 in the ANTPNG2D
Ezekiel 42 in the AS21
Ezekiel 42 in the BAGH
Ezekiel 42 in the BBPNG
Ezekiel 42 in the BBT1E
Ezekiel 42 in the BDS
Ezekiel 42 in the BEV
Ezekiel 42 in the BHAD
Ezekiel 42 in the BIB
Ezekiel 42 in the BLPT
Ezekiel 42 in the BNT
Ezekiel 42 in the BNTABOOT
Ezekiel 42 in the BNTLV
Ezekiel 42 in the BOATCB2
Ezekiel 42 in the BOBCV
Ezekiel 42 in the BOCNT
Ezekiel 42 in the BOECS
Ezekiel 42 in the BOGWICC
Ezekiel 42 in the BOHCB
Ezekiel 42 in the BOHCV
Ezekiel 42 in the BOHLNT
Ezekiel 42 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 42 in the BOICB
Ezekiel 42 in the BOILNTAP
Ezekiel 42 in the BOITCV
Ezekiel 42 in the BOKCV
Ezekiel 42 in the BOKCV2
Ezekiel 42 in the BOKHWOG
Ezekiel 42 in the BOKSSV
Ezekiel 42 in the BOLCB
Ezekiel 42 in the BOLCB2
Ezekiel 42 in the BOMCV
Ezekiel 42 in the BONAV
Ezekiel 42 in the BONCB
Ezekiel 42 in the BONLT
Ezekiel 42 in the BONUT2
Ezekiel 42 in the BOPLNT
Ezekiel 42 in the BOSCB
Ezekiel 42 in the BOSNC
Ezekiel 42 in the BOTLNT
Ezekiel 42 in the BOVCB
Ezekiel 42 in the BOYCB
Ezekiel 42 in the BPBB
Ezekiel 42 in the BPH
Ezekiel 42 in the BSB
Ezekiel 42 in the CCB
Ezekiel 42 in the CUV
Ezekiel 42 in the CUVS
Ezekiel 42 in the DBT
Ezekiel 42 in the DGDNT
Ezekiel 42 in the DHNT
Ezekiel 42 in the DNT
Ezekiel 42 in the ELBE
Ezekiel 42 in the EMTV
Ezekiel 42 in the ESV
Ezekiel 42 in the FBV
Ezekiel 42 in the FEB
Ezekiel 42 in the GGMNT
Ezekiel 42 in the GNT
Ezekiel 42 in the HARY
Ezekiel 42 in the HNT
Ezekiel 42 in the IRVA
Ezekiel 42 in the IRVB
Ezekiel 42 in the IRVG
Ezekiel 42 in the IRVH
Ezekiel 42 in the IRVK
Ezekiel 42 in the IRVM
Ezekiel 42 in the IRVM2
Ezekiel 42 in the IRVO
Ezekiel 42 in the IRVP
Ezekiel 42 in the IRVT
Ezekiel 42 in the IRVT2
Ezekiel 42 in the IRVU
Ezekiel 42 in the ISVN
Ezekiel 42 in the JSNT
Ezekiel 42 in the KAPI
Ezekiel 42 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 42 in the KBV
Ezekiel 42 in the KJV
Ezekiel 42 in the KNFD
Ezekiel 42 in the LBA
Ezekiel 42 in the LBLA
Ezekiel 42 in the LNT
Ezekiel 42 in the LSV
Ezekiel 42 in the MAAL
Ezekiel 42 in the MBV
Ezekiel 42 in the MBV2
Ezekiel 42 in the MHNT
Ezekiel 42 in the MKNFD
Ezekiel 42 in the MNG
Ezekiel 42 in the MNT
Ezekiel 42 in the MNT2
Ezekiel 42 in the MRS1T
Ezekiel 42 in the NAA
Ezekiel 42 in the NASB
Ezekiel 42 in the NBLA
Ezekiel 42 in the NBS
Ezekiel 42 in the NBVTP
Ezekiel 42 in the NET2
Ezekiel 42 in the NIV11
Ezekiel 42 in the NNT
Ezekiel 42 in the NNT2
Ezekiel 42 in the NNT3
Ezekiel 42 in the PDDPT
Ezekiel 42 in the PFNT
Ezekiel 42 in the RMNT
Ezekiel 42 in the SBIAS
Ezekiel 42 in the SBIBS
Ezekiel 42 in the SBIBS2
Ezekiel 42 in the SBICS
Ezekiel 42 in the SBIDS
Ezekiel 42 in the SBIGS
Ezekiel 42 in the SBIHS
Ezekiel 42 in the SBIIS
Ezekiel 42 in the SBIIS2
Ezekiel 42 in the SBIIS3
Ezekiel 42 in the SBIKS
Ezekiel 42 in the SBIKS2
Ezekiel 42 in the SBIMS
Ezekiel 42 in the SBIOS
Ezekiel 42 in the SBIPS
Ezekiel 42 in the SBISS
Ezekiel 42 in the SBITS
Ezekiel 42 in the SBITS2
Ezekiel 42 in the SBITS3
Ezekiel 42 in the SBITS4
Ezekiel 42 in the SBIUS
Ezekiel 42 in the SBIVS
Ezekiel 42 in the SBT
Ezekiel 42 in the SBT1E
Ezekiel 42 in the SCHL
Ezekiel 42 in the SNT
Ezekiel 42 in the SUSU
Ezekiel 42 in the SUSU2
Ezekiel 42 in the SYNO
Ezekiel 42 in the TBIAOTANT
Ezekiel 42 in the TBT1E
Ezekiel 42 in the TBT1E2
Ezekiel 42 in the TFTIP
Ezekiel 42 in the TFTU
Ezekiel 42 in the TGNTATF3T
Ezekiel 42 in the THAI
Ezekiel 42 in the TNFD
Ezekiel 42 in the TNT
Ezekiel 42 in the TNTIK
Ezekiel 42 in the TNTIL
Ezekiel 42 in the TNTIN
Ezekiel 42 in the TNTIP
Ezekiel 42 in the TNTIZ
Ezekiel 42 in the TOMA
Ezekiel 42 in the TTENT
Ezekiel 42 in the UBG
Ezekiel 42 in the UGV
Ezekiel 42 in the UGV2
Ezekiel 42 in the UGV3
Ezekiel 42 in the VBL
Ezekiel 42 in the VDCC
Ezekiel 42 in the YALU
Ezekiel 42 in the YAPE
Ezekiel 42 in the YBVTP
Ezekiel 42 in the ZBP