Ezekiel 42 (BOATCB2)

1 Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim. 2 Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum. 3 Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so. 4 Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 6 Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 7 Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim. 8 Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 9 Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam. 10 Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a 11 ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu. 13 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ AWURADE anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron. 14 Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.” 15 Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae. 16 Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.

In Other Versions

Ezekiel 42 in the ANGEFD

Ezekiel 42 in the ANTPNG2D

Ezekiel 42 in the AS21

Ezekiel 42 in the BAGH

Ezekiel 42 in the BBPNG

Ezekiel 42 in the BBT1E

Ezekiel 42 in the BDS

Ezekiel 42 in the BEV

Ezekiel 42 in the BHAD

Ezekiel 42 in the BIB

Ezekiel 42 in the BLPT

Ezekiel 42 in the BNT

Ezekiel 42 in the BNTABOOT

Ezekiel 42 in the BNTLV

Ezekiel 42 in the BOATCB

Ezekiel 42 in the BOBCV

Ezekiel 42 in the BOCNT

Ezekiel 42 in the BOECS

Ezekiel 42 in the BOGWICC

Ezekiel 42 in the BOHCB

Ezekiel 42 in the BOHCV

Ezekiel 42 in the BOHLNT

Ezekiel 42 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 42 in the BOICB

Ezekiel 42 in the BOILNTAP

Ezekiel 42 in the BOITCV

Ezekiel 42 in the BOKCV

Ezekiel 42 in the BOKCV2

Ezekiel 42 in the BOKHWOG

Ezekiel 42 in the BOKSSV

Ezekiel 42 in the BOLCB

Ezekiel 42 in the BOLCB2

Ezekiel 42 in the BOMCV

Ezekiel 42 in the BONAV

Ezekiel 42 in the BONCB

Ezekiel 42 in the BONLT

Ezekiel 42 in the BONUT2

Ezekiel 42 in the BOPLNT

Ezekiel 42 in the BOSCB

Ezekiel 42 in the BOSNC

Ezekiel 42 in the BOTLNT

Ezekiel 42 in the BOVCB

Ezekiel 42 in the BOYCB

Ezekiel 42 in the BPBB

Ezekiel 42 in the BPH

Ezekiel 42 in the BSB

Ezekiel 42 in the CCB

Ezekiel 42 in the CUV

Ezekiel 42 in the CUVS

Ezekiel 42 in the DBT

Ezekiel 42 in the DGDNT

Ezekiel 42 in the DHNT

Ezekiel 42 in the DNT

Ezekiel 42 in the ELBE

Ezekiel 42 in the EMTV

Ezekiel 42 in the ESV

Ezekiel 42 in the FBV

Ezekiel 42 in the FEB

Ezekiel 42 in the GGMNT

Ezekiel 42 in the GNT

Ezekiel 42 in the HARY

Ezekiel 42 in the HNT

Ezekiel 42 in the IRVA

Ezekiel 42 in the IRVB

Ezekiel 42 in the IRVG

Ezekiel 42 in the IRVH

Ezekiel 42 in the IRVK

Ezekiel 42 in the IRVM

Ezekiel 42 in the IRVM2

Ezekiel 42 in the IRVO

Ezekiel 42 in the IRVP

Ezekiel 42 in the IRVT

Ezekiel 42 in the IRVT2

Ezekiel 42 in the IRVU

Ezekiel 42 in the ISVN

Ezekiel 42 in the JSNT

Ezekiel 42 in the KAPI

Ezekiel 42 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 42 in the KBV

Ezekiel 42 in the KJV

Ezekiel 42 in the KNFD

Ezekiel 42 in the LBA

Ezekiel 42 in the LBLA

Ezekiel 42 in the LNT

Ezekiel 42 in the LSV

Ezekiel 42 in the MAAL

Ezekiel 42 in the MBV

Ezekiel 42 in the MBV2

Ezekiel 42 in the MHNT

Ezekiel 42 in the MKNFD

Ezekiel 42 in the MNG

Ezekiel 42 in the MNT

Ezekiel 42 in the MNT2

Ezekiel 42 in the MRS1T

Ezekiel 42 in the NAA

Ezekiel 42 in the NASB

Ezekiel 42 in the NBLA

Ezekiel 42 in the NBS

Ezekiel 42 in the NBVTP

Ezekiel 42 in the NET2

Ezekiel 42 in the NIV11

Ezekiel 42 in the NNT

Ezekiel 42 in the NNT2

Ezekiel 42 in the NNT3

Ezekiel 42 in the PDDPT

Ezekiel 42 in the PFNT

Ezekiel 42 in the RMNT

Ezekiel 42 in the SBIAS

Ezekiel 42 in the SBIBS

Ezekiel 42 in the SBIBS2

Ezekiel 42 in the SBICS

Ezekiel 42 in the SBIDS

Ezekiel 42 in the SBIGS

Ezekiel 42 in the SBIHS

Ezekiel 42 in the SBIIS

Ezekiel 42 in the SBIIS2

Ezekiel 42 in the SBIIS3

Ezekiel 42 in the SBIKS

Ezekiel 42 in the SBIKS2

Ezekiel 42 in the SBIMS

Ezekiel 42 in the SBIOS

Ezekiel 42 in the SBIPS

Ezekiel 42 in the SBISS

Ezekiel 42 in the SBITS

Ezekiel 42 in the SBITS2

Ezekiel 42 in the SBITS3

Ezekiel 42 in the SBITS4

Ezekiel 42 in the SBIUS

Ezekiel 42 in the SBIVS

Ezekiel 42 in the SBT

Ezekiel 42 in the SBT1E

Ezekiel 42 in the SCHL

Ezekiel 42 in the SNT

Ezekiel 42 in the SUSU

Ezekiel 42 in the SUSU2

Ezekiel 42 in the SYNO

Ezekiel 42 in the TBIAOTANT

Ezekiel 42 in the TBT1E

Ezekiel 42 in the TBT1E2

Ezekiel 42 in the TFTIP

Ezekiel 42 in the TFTU

Ezekiel 42 in the TGNTATF3T

Ezekiel 42 in the THAI

Ezekiel 42 in the TNFD

Ezekiel 42 in the TNT

Ezekiel 42 in the TNTIK

Ezekiel 42 in the TNTIL

Ezekiel 42 in the TNTIN

Ezekiel 42 in the TNTIP

Ezekiel 42 in the TNTIZ

Ezekiel 42 in the TOMA

Ezekiel 42 in the TTENT

Ezekiel 42 in the UBG

Ezekiel 42 in the UGV

Ezekiel 42 in the UGV2

Ezekiel 42 in the UGV3

Ezekiel 42 in the VBL

Ezekiel 42 in the VDCC

Ezekiel 42 in the YALU

Ezekiel 42 in the YAPE

Ezekiel 42 in the YBVTP

Ezekiel 42 in the ZBP