Ezekiel 47 (BOATCB)
1 Ɔbarima no de me sane baa asɔredan no ɛkwan ano, na mehunuu sɛ nsuo firi asɔredan no aboboano ase a ɛtene kɔ apueeɛ fam (na asɔredan no ani hwɛ apueeɛ fam). Na nsuo no tene firii asɔredan no ase wɔ anafoɔ fam; afɔrebukyia no anafoɔ fam. 2 Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam. 3 Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000), na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu. 4 Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda kotodwe mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda sisie mu. 5 Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na afei na nsuo no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, ɛfiri sɛ na emu dɔ enti, ɛsɛ sɛ wɔdware asubɔnten a obiara ntumi ntwa. 6 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba wohunu yei anaa?”Afei ɔsane de me baa asubɔnten no konkɔn so. 7 Meduruu hɔ no, mehunuu nnua bebree wɔ asubɔnten no nkonkɔn mmienu no so. 8 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsuo yi tene kɔ apueeɛ fam kɔbɔ Araba mu na ɛhɔ na ɛbɔ ɛpo mu. Baabi a ɛbɔ ɛpo mu hɔ nsuo no yɛ deɛ nkyene nni mu. 9 Baabiara a nsuo no tene fa no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ ɛfiri sɛ saa nsuo no tene fa hɔ na ɛma nsuo a ɛyɛ nkyenkyen no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yie wɔ baabiara nsuo no tene fa. 10 Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu. 11 Nanso atɛkyɛ ne aforɔ no deɛ, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wɔbɛgya hɔ ama adane nkyene. 12 Nnuaba nnua ahodoɔ bɛnyini wɔ asubɔnten no konkɔn mmienu no so. Wɔn nhahan rempo, na wɔbɛso aba biribiara. Wɔbɛso aba ɔbosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛfiri kronkronbea hɔ no tene kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduane na wɔde wɔn nhahan asa yadeɛ.” 13 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: “Ahyeɛ a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ agyapadeɛ a kyɛfa mmienu bɛyɛ Yosef dea no nie. 14 Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ. 15 “Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ: “Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad, 16 Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. 17 Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ. 18 Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.” 19 Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ. 20 Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ. 21 “Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ. 22 Monkyekyɛ mu sɛ agyapadeɛ mma mo ho ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfoɔ te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wɔnya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuo no mu. 23 Abusuakuo biara a ɔhɔhoɔ bi bɛdɔm no, emu na ɛsɛ sɛ woma no nʼagyapadeɛ,” Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.
In Other Versions
Ezekiel 47 in the ANGEFD
Ezekiel 47 in the ANTPNG2D
Ezekiel 47 in the AS21
Ezekiel 47 in the BAGH
Ezekiel 47 in the BBPNG
Ezekiel 47 in the BBT1E
Ezekiel 47 in the BDS
Ezekiel 47 in the BEV
Ezekiel 47 in the BHAD
Ezekiel 47 in the BIB
Ezekiel 47 in the BLPT
Ezekiel 47 in the BNT
Ezekiel 47 in the BNTABOOT
Ezekiel 47 in the BNTLV
Ezekiel 47 in the BOATCB2
Ezekiel 47 in the BOBCV
Ezekiel 47 in the BOCNT
Ezekiel 47 in the BOECS
Ezekiel 47 in the BOGWICC
Ezekiel 47 in the BOHCB
Ezekiel 47 in the BOHCV
Ezekiel 47 in the BOHLNT
Ezekiel 47 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 47 in the BOICB
Ezekiel 47 in the BOILNTAP
Ezekiel 47 in the BOITCV
Ezekiel 47 in the BOKCV
Ezekiel 47 in the BOKCV2
Ezekiel 47 in the BOKHWOG
Ezekiel 47 in the BOKSSV
Ezekiel 47 in the BOLCB
Ezekiel 47 in the BOLCB2
Ezekiel 47 in the BOMCV
Ezekiel 47 in the BONAV
Ezekiel 47 in the BONCB
Ezekiel 47 in the BONLT
Ezekiel 47 in the BONUT2
Ezekiel 47 in the BOPLNT
Ezekiel 47 in the BOSCB
Ezekiel 47 in the BOSNC
Ezekiel 47 in the BOTLNT
Ezekiel 47 in the BOVCB
Ezekiel 47 in the BOYCB
Ezekiel 47 in the BPBB
Ezekiel 47 in the BPH
Ezekiel 47 in the BSB
Ezekiel 47 in the CCB
Ezekiel 47 in the CUV
Ezekiel 47 in the CUVS
Ezekiel 47 in the DBT
Ezekiel 47 in the DGDNT
Ezekiel 47 in the DHNT
Ezekiel 47 in the DNT
Ezekiel 47 in the ELBE
Ezekiel 47 in the EMTV
Ezekiel 47 in the ESV
Ezekiel 47 in the FBV
Ezekiel 47 in the FEB
Ezekiel 47 in the GGMNT
Ezekiel 47 in the GNT
Ezekiel 47 in the HARY
Ezekiel 47 in the HNT
Ezekiel 47 in the IRVA
Ezekiel 47 in the IRVB
Ezekiel 47 in the IRVG
Ezekiel 47 in the IRVH
Ezekiel 47 in the IRVK
Ezekiel 47 in the IRVM
Ezekiel 47 in the IRVM2
Ezekiel 47 in the IRVO
Ezekiel 47 in the IRVP
Ezekiel 47 in the IRVT
Ezekiel 47 in the IRVT2
Ezekiel 47 in the IRVU
Ezekiel 47 in the ISVN
Ezekiel 47 in the JSNT
Ezekiel 47 in the KAPI
Ezekiel 47 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 47 in the KBV
Ezekiel 47 in the KJV
Ezekiel 47 in the KNFD
Ezekiel 47 in the LBA
Ezekiel 47 in the LBLA
Ezekiel 47 in the LNT
Ezekiel 47 in the LSV
Ezekiel 47 in the MAAL
Ezekiel 47 in the MBV
Ezekiel 47 in the MBV2
Ezekiel 47 in the MHNT
Ezekiel 47 in the MKNFD
Ezekiel 47 in the MNG
Ezekiel 47 in the MNT
Ezekiel 47 in the MNT2
Ezekiel 47 in the MRS1T
Ezekiel 47 in the NAA
Ezekiel 47 in the NASB
Ezekiel 47 in the NBLA
Ezekiel 47 in the NBS
Ezekiel 47 in the NBVTP
Ezekiel 47 in the NET2
Ezekiel 47 in the NIV11
Ezekiel 47 in the NNT
Ezekiel 47 in the NNT2
Ezekiel 47 in the NNT3
Ezekiel 47 in the PDDPT
Ezekiel 47 in the PFNT
Ezekiel 47 in the RMNT
Ezekiel 47 in the SBIAS
Ezekiel 47 in the SBIBS
Ezekiel 47 in the SBIBS2
Ezekiel 47 in the SBICS
Ezekiel 47 in the SBIDS
Ezekiel 47 in the SBIGS
Ezekiel 47 in the SBIHS
Ezekiel 47 in the SBIIS
Ezekiel 47 in the SBIIS2
Ezekiel 47 in the SBIIS3
Ezekiel 47 in the SBIKS
Ezekiel 47 in the SBIKS2
Ezekiel 47 in the SBIMS
Ezekiel 47 in the SBIOS
Ezekiel 47 in the SBIPS
Ezekiel 47 in the SBISS
Ezekiel 47 in the SBITS
Ezekiel 47 in the SBITS2
Ezekiel 47 in the SBITS3
Ezekiel 47 in the SBITS4
Ezekiel 47 in the SBIUS
Ezekiel 47 in the SBIVS
Ezekiel 47 in the SBT
Ezekiel 47 in the SBT1E
Ezekiel 47 in the SCHL
Ezekiel 47 in the SNT
Ezekiel 47 in the SUSU
Ezekiel 47 in the SUSU2
Ezekiel 47 in the SYNO
Ezekiel 47 in the TBIAOTANT
Ezekiel 47 in the TBT1E
Ezekiel 47 in the TBT1E2
Ezekiel 47 in the TFTIP
Ezekiel 47 in the TFTU
Ezekiel 47 in the TGNTATF3T
Ezekiel 47 in the THAI
Ezekiel 47 in the TNFD
Ezekiel 47 in the TNT
Ezekiel 47 in the TNTIK
Ezekiel 47 in the TNTIL
Ezekiel 47 in the TNTIN
Ezekiel 47 in the TNTIP
Ezekiel 47 in the TNTIZ
Ezekiel 47 in the TOMA
Ezekiel 47 in the TTENT
Ezekiel 47 in the UBG
Ezekiel 47 in the UGV
Ezekiel 47 in the UGV2
Ezekiel 47 in the UGV3
Ezekiel 47 in the VBL
Ezekiel 47 in the VDCC
Ezekiel 47 in the YALU
Ezekiel 47 in the YAPE
Ezekiel 47 in the YBVTP
Ezekiel 47 in the ZBP