Ezekiel 5 (BOATCB)

1 “Afei onipa ba, fa akofena nnamnnam yi yɛ sɛ obi a ɔyi ti yiwan na fa yi wo tirinwi ne wʼabɔgyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. 2 Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn. 3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano. 4 Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa. 5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. 6 Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so. 7 “Enti sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo. 8 “Enti sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. 9 Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da. 10 Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa. 11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ AWURADE na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. 12 Wo nkurɔfoɔ no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɛkɔm bɛkunkum wɔn; nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ wʼafasuo akyi, na mabɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa, na matwe akofena ataa wɔn. 13 “Afei me bo bɛdwo na mʼabufuhyeɛ a ɛtia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuhyeɛ adi kyerɛ wɔn a, wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me AWURADE na akasa wɔ me tumi mu. 14 “Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so. 15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me AWURADE na maka. 16 Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan. 17 Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me AWURADE na maka.”

In Other Versions

Ezekiel 5 in the ANGEFD

Ezekiel 5 in the ANTPNG2D

Ezekiel 5 in the AS21

Ezekiel 5 in the BAGH

Ezekiel 5 in the BBPNG

Ezekiel 5 in the BBT1E

Ezekiel 5 in the BDS

Ezekiel 5 in the BEV

Ezekiel 5 in the BHAD

Ezekiel 5 in the BIB

Ezekiel 5 in the BLPT

Ezekiel 5 in the BNT

Ezekiel 5 in the BNTABOOT

Ezekiel 5 in the BNTLV

Ezekiel 5 in the BOATCB2

Ezekiel 5 in the BOBCV

Ezekiel 5 in the BOCNT

Ezekiel 5 in the BOECS

Ezekiel 5 in the BOGWICC

Ezekiel 5 in the BOHCB

Ezekiel 5 in the BOHCV

Ezekiel 5 in the BOHLNT

Ezekiel 5 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 5 in the BOICB

Ezekiel 5 in the BOILNTAP

Ezekiel 5 in the BOITCV

Ezekiel 5 in the BOKCV

Ezekiel 5 in the BOKCV2

Ezekiel 5 in the BOKHWOG

Ezekiel 5 in the BOKSSV

Ezekiel 5 in the BOLCB

Ezekiel 5 in the BOLCB2

Ezekiel 5 in the BOMCV

Ezekiel 5 in the BONAV

Ezekiel 5 in the BONCB

Ezekiel 5 in the BONLT

Ezekiel 5 in the BONUT2

Ezekiel 5 in the BOPLNT

Ezekiel 5 in the BOSCB

Ezekiel 5 in the BOSNC

Ezekiel 5 in the BOTLNT

Ezekiel 5 in the BOVCB

Ezekiel 5 in the BOYCB

Ezekiel 5 in the BPBB

Ezekiel 5 in the BPH

Ezekiel 5 in the BSB

Ezekiel 5 in the CCB

Ezekiel 5 in the CUV

Ezekiel 5 in the CUVS

Ezekiel 5 in the DBT

Ezekiel 5 in the DGDNT

Ezekiel 5 in the DHNT

Ezekiel 5 in the DNT

Ezekiel 5 in the ELBE

Ezekiel 5 in the EMTV

Ezekiel 5 in the ESV

Ezekiel 5 in the FBV

Ezekiel 5 in the FEB

Ezekiel 5 in the GGMNT

Ezekiel 5 in the GNT

Ezekiel 5 in the HARY

Ezekiel 5 in the HNT

Ezekiel 5 in the IRVA

Ezekiel 5 in the IRVB

Ezekiel 5 in the IRVG

Ezekiel 5 in the IRVH

Ezekiel 5 in the IRVK

Ezekiel 5 in the IRVM

Ezekiel 5 in the IRVM2

Ezekiel 5 in the IRVO

Ezekiel 5 in the IRVP

Ezekiel 5 in the IRVT

Ezekiel 5 in the IRVT2

Ezekiel 5 in the IRVU

Ezekiel 5 in the ISVN

Ezekiel 5 in the JSNT

Ezekiel 5 in the KAPI

Ezekiel 5 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 5 in the KBV

Ezekiel 5 in the KJV

Ezekiel 5 in the KNFD

Ezekiel 5 in the LBA

Ezekiel 5 in the LBLA

Ezekiel 5 in the LNT

Ezekiel 5 in the LSV

Ezekiel 5 in the MAAL

Ezekiel 5 in the MBV

Ezekiel 5 in the MBV2

Ezekiel 5 in the MHNT

Ezekiel 5 in the MKNFD

Ezekiel 5 in the MNG

Ezekiel 5 in the MNT

Ezekiel 5 in the MNT2

Ezekiel 5 in the MRS1T

Ezekiel 5 in the NAA

Ezekiel 5 in the NASB

Ezekiel 5 in the NBLA

Ezekiel 5 in the NBS

Ezekiel 5 in the NBVTP

Ezekiel 5 in the NET2

Ezekiel 5 in the NIV11

Ezekiel 5 in the NNT

Ezekiel 5 in the NNT2

Ezekiel 5 in the NNT3

Ezekiel 5 in the PDDPT

Ezekiel 5 in the PFNT

Ezekiel 5 in the RMNT

Ezekiel 5 in the SBIAS

Ezekiel 5 in the SBIBS

Ezekiel 5 in the SBIBS2

Ezekiel 5 in the SBICS

Ezekiel 5 in the SBIDS

Ezekiel 5 in the SBIGS

Ezekiel 5 in the SBIHS

Ezekiel 5 in the SBIIS

Ezekiel 5 in the SBIIS2

Ezekiel 5 in the SBIIS3

Ezekiel 5 in the SBIKS

Ezekiel 5 in the SBIKS2

Ezekiel 5 in the SBIMS

Ezekiel 5 in the SBIOS

Ezekiel 5 in the SBIPS

Ezekiel 5 in the SBISS

Ezekiel 5 in the SBITS

Ezekiel 5 in the SBITS2

Ezekiel 5 in the SBITS3

Ezekiel 5 in the SBITS4

Ezekiel 5 in the SBIUS

Ezekiel 5 in the SBIVS

Ezekiel 5 in the SBT

Ezekiel 5 in the SBT1E

Ezekiel 5 in the SCHL

Ezekiel 5 in the SNT

Ezekiel 5 in the SUSU

Ezekiel 5 in the SUSU2

Ezekiel 5 in the SYNO

Ezekiel 5 in the TBIAOTANT

Ezekiel 5 in the TBT1E

Ezekiel 5 in the TBT1E2

Ezekiel 5 in the TFTIP

Ezekiel 5 in the TFTU

Ezekiel 5 in the TGNTATF3T

Ezekiel 5 in the THAI

Ezekiel 5 in the TNFD

Ezekiel 5 in the TNT

Ezekiel 5 in the TNTIK

Ezekiel 5 in the TNTIL

Ezekiel 5 in the TNTIN

Ezekiel 5 in the TNTIP

Ezekiel 5 in the TNTIZ

Ezekiel 5 in the TOMA

Ezekiel 5 in the TTENT

Ezekiel 5 in the UBG

Ezekiel 5 in the UGV

Ezekiel 5 in the UGV2

Ezekiel 5 in the UGV3

Ezekiel 5 in the VBL

Ezekiel 5 in the VDCC

Ezekiel 5 in the YALU

Ezekiel 5 in the YAPE

Ezekiel 5 in the YBVTP

Ezekiel 5 in the ZBP