Ezra 10 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. 2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra sɛ, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ, yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel. 3 Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so. 4 Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wʼasɛdeɛ sɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.” 5 Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. 6 Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti. 7 Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ, asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem. 8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu. 9 Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ. 10 Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no. 11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho.” 12 Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no. 13 Wɔtoaa so sɛ: Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi yɛ osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre. 14 Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so.” 15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so. 16 Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka. 18 Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie:Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom:Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. 19 Wɔkaa ntam sɛ wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ. 20 Imer abusua mu no:Hanani ne Sebadia. 21 Harim abusua mu no:Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia. 22 Pashur abusua mu no:Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. 23 Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so:Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser. 24 Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no yɛ:Eliasib.Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so:Salum, Telem ne Uri. 25 Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so:Paros abusua mu no:Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia. 26 Elam abusua mu no:Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia. 27 Satu abusua mu no:Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa. 28 Bebai abusua mu no:Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai. 29 Bani abusua mu no:Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot. 30 Pahat-Moab abusua mu no:Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase. 31 Harim abusua mu no:Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. 32 Benyamin, Maluk ne Semaria. 33 Hasum abusua mu no:Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei. 34 Bani abusua mu no:Maadai, Amram ne Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai ne Yaasu. 38 Binui abusua mu no:Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria ne Yosef. 43 Nebo abusua mu no:Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia. 44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.

In Other Versions

Ezra 10 in the ANGEFD

Ezra 10 in the ANTPNG2D

Ezra 10 in the AS21

Ezra 10 in the BAGH

Ezra 10 in the BBPNG

Ezra 10 in the BBT1E

Ezra 10 in the BDS

Ezra 10 in the BEV

Ezra 10 in the BHAD

Ezra 10 in the BIB

Ezra 10 in the BLPT

Ezra 10 in the BNT

Ezra 10 in the BNTABOOT

Ezra 10 in the BNTLV

Ezra 10 in the BOATCB2

Ezra 10 in the BOBCV

Ezra 10 in the BOCNT

Ezra 10 in the BOECS

Ezra 10 in the BOGWICC

Ezra 10 in the BOHCB

Ezra 10 in the BOHCV

Ezra 10 in the BOHLNT

Ezra 10 in the BOHNTLTAL

Ezra 10 in the BOICB

Ezra 10 in the BOILNTAP

Ezra 10 in the BOITCV

Ezra 10 in the BOKCV

Ezra 10 in the BOKCV2

Ezra 10 in the BOKHWOG

Ezra 10 in the BOKSSV

Ezra 10 in the BOLCB

Ezra 10 in the BOLCB2

Ezra 10 in the BOMCV

Ezra 10 in the BONAV

Ezra 10 in the BONCB

Ezra 10 in the BONLT

Ezra 10 in the BONUT2

Ezra 10 in the BOPLNT

Ezra 10 in the BOSCB

Ezra 10 in the BOSNC

Ezra 10 in the BOTLNT

Ezra 10 in the BOVCB

Ezra 10 in the BOYCB

Ezra 10 in the BPBB

Ezra 10 in the BPH

Ezra 10 in the BSB

Ezra 10 in the CCB

Ezra 10 in the CUV

Ezra 10 in the CUVS

Ezra 10 in the DBT

Ezra 10 in the DGDNT

Ezra 10 in the DHNT

Ezra 10 in the DNT

Ezra 10 in the ELBE

Ezra 10 in the EMTV

Ezra 10 in the ESV

Ezra 10 in the FBV

Ezra 10 in the FEB

Ezra 10 in the GGMNT

Ezra 10 in the GNT

Ezra 10 in the HARY

Ezra 10 in the HNT

Ezra 10 in the IRVA

Ezra 10 in the IRVB

Ezra 10 in the IRVG

Ezra 10 in the IRVH

Ezra 10 in the IRVK

Ezra 10 in the IRVM

Ezra 10 in the IRVM2

Ezra 10 in the IRVO

Ezra 10 in the IRVP

Ezra 10 in the IRVT

Ezra 10 in the IRVT2

Ezra 10 in the IRVU

Ezra 10 in the ISVN

Ezra 10 in the JSNT

Ezra 10 in the KAPI

Ezra 10 in the KBT1ETNIK

Ezra 10 in the KBV

Ezra 10 in the KJV

Ezra 10 in the KNFD

Ezra 10 in the LBA

Ezra 10 in the LBLA

Ezra 10 in the LNT

Ezra 10 in the LSV

Ezra 10 in the MAAL

Ezra 10 in the MBV

Ezra 10 in the MBV2

Ezra 10 in the MHNT

Ezra 10 in the MKNFD

Ezra 10 in the MNG

Ezra 10 in the MNT

Ezra 10 in the MNT2

Ezra 10 in the MRS1T

Ezra 10 in the NAA

Ezra 10 in the NASB

Ezra 10 in the NBLA

Ezra 10 in the NBS

Ezra 10 in the NBVTP

Ezra 10 in the NET2

Ezra 10 in the NIV11

Ezra 10 in the NNT

Ezra 10 in the NNT2

Ezra 10 in the NNT3

Ezra 10 in the PDDPT

Ezra 10 in the PFNT

Ezra 10 in the RMNT

Ezra 10 in the SBIAS

Ezra 10 in the SBIBS

Ezra 10 in the SBIBS2

Ezra 10 in the SBICS

Ezra 10 in the SBIDS

Ezra 10 in the SBIGS

Ezra 10 in the SBIHS

Ezra 10 in the SBIIS

Ezra 10 in the SBIIS2

Ezra 10 in the SBIIS3

Ezra 10 in the SBIKS

Ezra 10 in the SBIKS2

Ezra 10 in the SBIMS

Ezra 10 in the SBIOS

Ezra 10 in the SBIPS

Ezra 10 in the SBISS

Ezra 10 in the SBITS

Ezra 10 in the SBITS2

Ezra 10 in the SBITS3

Ezra 10 in the SBITS4

Ezra 10 in the SBIUS

Ezra 10 in the SBIVS

Ezra 10 in the SBT

Ezra 10 in the SBT1E

Ezra 10 in the SCHL

Ezra 10 in the SNT

Ezra 10 in the SUSU

Ezra 10 in the SUSU2

Ezra 10 in the SYNO

Ezra 10 in the TBIAOTANT

Ezra 10 in the TBT1E

Ezra 10 in the TBT1E2

Ezra 10 in the TFTIP

Ezra 10 in the TFTU

Ezra 10 in the TGNTATF3T

Ezra 10 in the THAI

Ezra 10 in the TNFD

Ezra 10 in the TNT

Ezra 10 in the TNTIK

Ezra 10 in the TNTIL

Ezra 10 in the TNTIN

Ezra 10 in the TNTIP

Ezra 10 in the TNTIZ

Ezra 10 in the TOMA

Ezra 10 in the TTENT

Ezra 10 in the UBG

Ezra 10 in the UGV

Ezra 10 in the UGV2

Ezra 10 in the UGV3

Ezra 10 in the VBL

Ezra 10 in the VDCC

Ezra 10 in the YALU

Ezra 10 in the YAPE

Ezra 10 in the YBVTP

Ezra 10 in the ZBP