Ezra 10 (BOATCB2)

1 Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. 2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel. 3 Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so. 4 Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.” 5 Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. 6 Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti. 7 Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem. 8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu. 9 Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ. 10 Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no. 11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.” 12 Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no. 13 Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn. 14 Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.” 15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so. 16 Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka. 18 Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni:Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom:Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. 19 Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre. 20 Imer asefo mu no:Hanani ne Sebadia. 21 Harim asefo mu no:Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia. 22 Pashur asefo mu no:Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. 23 Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so:Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser. 24 Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ:Eliasib.Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so:Salum, Telem ne Uri. 25 Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so:Paros asefo mu no:Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia. 26 Elam asefo mu no:Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia. 27 Satu asefo mu no:Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa. 28 Bebai asefo mu no:Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai. 29 Bani asefo mu no:Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot. 30 Pahat-Moab asefo mu no:Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase. 31 Harim asefo mu no:Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. 32 Benyamin, Maluk ne Semaria. 33 Hasum asefo mu no:Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei. 34 Bani asefo mu no:Maadai, Amram ne Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai ne Yaasu. 38 Binui asefo mu no:Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria ne Yosef. 43 Nebo asefo mu no:Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia. 44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.

In Other Versions

Ezra 10 in the ANGEFD

Ezra 10 in the ANTPNG2D

Ezra 10 in the AS21

Ezra 10 in the BAGH

Ezra 10 in the BBPNG

Ezra 10 in the BBT1E

Ezra 10 in the BDS

Ezra 10 in the BEV

Ezra 10 in the BHAD

Ezra 10 in the BIB

Ezra 10 in the BLPT

Ezra 10 in the BNT

Ezra 10 in the BNTABOOT

Ezra 10 in the BNTLV

Ezra 10 in the BOATCB

Ezra 10 in the BOBCV

Ezra 10 in the BOCNT

Ezra 10 in the BOECS

Ezra 10 in the BOGWICC

Ezra 10 in the BOHCB

Ezra 10 in the BOHCV

Ezra 10 in the BOHLNT

Ezra 10 in the BOHNTLTAL

Ezra 10 in the BOICB

Ezra 10 in the BOILNTAP

Ezra 10 in the BOITCV

Ezra 10 in the BOKCV

Ezra 10 in the BOKCV2

Ezra 10 in the BOKHWOG

Ezra 10 in the BOKSSV

Ezra 10 in the BOLCB

Ezra 10 in the BOLCB2

Ezra 10 in the BOMCV

Ezra 10 in the BONAV

Ezra 10 in the BONCB

Ezra 10 in the BONLT

Ezra 10 in the BONUT2

Ezra 10 in the BOPLNT

Ezra 10 in the BOSCB

Ezra 10 in the BOSNC

Ezra 10 in the BOTLNT

Ezra 10 in the BOVCB

Ezra 10 in the BOYCB

Ezra 10 in the BPBB

Ezra 10 in the BPH

Ezra 10 in the BSB

Ezra 10 in the CCB

Ezra 10 in the CUV

Ezra 10 in the CUVS

Ezra 10 in the DBT

Ezra 10 in the DGDNT

Ezra 10 in the DHNT

Ezra 10 in the DNT

Ezra 10 in the ELBE

Ezra 10 in the EMTV

Ezra 10 in the ESV

Ezra 10 in the FBV

Ezra 10 in the FEB

Ezra 10 in the GGMNT

Ezra 10 in the GNT

Ezra 10 in the HARY

Ezra 10 in the HNT

Ezra 10 in the IRVA

Ezra 10 in the IRVB

Ezra 10 in the IRVG

Ezra 10 in the IRVH

Ezra 10 in the IRVK

Ezra 10 in the IRVM

Ezra 10 in the IRVM2

Ezra 10 in the IRVO

Ezra 10 in the IRVP

Ezra 10 in the IRVT

Ezra 10 in the IRVT2

Ezra 10 in the IRVU

Ezra 10 in the ISVN

Ezra 10 in the JSNT

Ezra 10 in the KAPI

Ezra 10 in the KBT1ETNIK

Ezra 10 in the KBV

Ezra 10 in the KJV

Ezra 10 in the KNFD

Ezra 10 in the LBA

Ezra 10 in the LBLA

Ezra 10 in the LNT

Ezra 10 in the LSV

Ezra 10 in the MAAL

Ezra 10 in the MBV

Ezra 10 in the MBV2

Ezra 10 in the MHNT

Ezra 10 in the MKNFD

Ezra 10 in the MNG

Ezra 10 in the MNT

Ezra 10 in the MNT2

Ezra 10 in the MRS1T

Ezra 10 in the NAA

Ezra 10 in the NASB

Ezra 10 in the NBLA

Ezra 10 in the NBS

Ezra 10 in the NBVTP

Ezra 10 in the NET2

Ezra 10 in the NIV11

Ezra 10 in the NNT

Ezra 10 in the NNT2

Ezra 10 in the NNT3

Ezra 10 in the PDDPT

Ezra 10 in the PFNT

Ezra 10 in the RMNT

Ezra 10 in the SBIAS

Ezra 10 in the SBIBS

Ezra 10 in the SBIBS2

Ezra 10 in the SBICS

Ezra 10 in the SBIDS

Ezra 10 in the SBIGS

Ezra 10 in the SBIHS

Ezra 10 in the SBIIS

Ezra 10 in the SBIIS2

Ezra 10 in the SBIIS3

Ezra 10 in the SBIKS

Ezra 10 in the SBIKS2

Ezra 10 in the SBIMS

Ezra 10 in the SBIOS

Ezra 10 in the SBIPS

Ezra 10 in the SBISS

Ezra 10 in the SBITS

Ezra 10 in the SBITS2

Ezra 10 in the SBITS3

Ezra 10 in the SBITS4

Ezra 10 in the SBIUS

Ezra 10 in the SBIVS

Ezra 10 in the SBT

Ezra 10 in the SBT1E

Ezra 10 in the SCHL

Ezra 10 in the SNT

Ezra 10 in the SUSU

Ezra 10 in the SUSU2

Ezra 10 in the SYNO

Ezra 10 in the TBIAOTANT

Ezra 10 in the TBT1E

Ezra 10 in the TBT1E2

Ezra 10 in the TFTIP

Ezra 10 in the TFTU

Ezra 10 in the TGNTATF3T

Ezra 10 in the THAI

Ezra 10 in the TNFD

Ezra 10 in the TNT

Ezra 10 in the TNTIK

Ezra 10 in the TNTIL

Ezra 10 in the TNTIN

Ezra 10 in the TNTIP

Ezra 10 in the TNTIZ

Ezra 10 in the TOMA

Ezra 10 in the TTENT

Ezra 10 in the UBG

Ezra 10 in the UGV

Ezra 10 in the UGV2

Ezra 10 in the UGV3

Ezra 10 in the VBL

Ezra 10 in the VDCC

Ezra 10 in the YALU

Ezra 10 in the YAPE

Ezra 10 in the YBVTP

Ezra 10 in the ZBP