Ezra 3 (BOATCB)
1 Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem. 2 Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no. 3 Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara. 4 Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no. 5 Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa AWURADE. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa AWURADE. 6 Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto AWURADE asɔredan no fapem. 7 Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan. 8 Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde AWURADE asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa. 9 Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu. 10 Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo AWURADE sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. 11 Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa AWURADE sɛ:“Ɔyɛ,Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!”Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, AWURADE asɔredan fapem no, wɔato. 12 Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so. 13 Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.
In Other Versions
Ezra 3 in the ANGEFD
Ezra 3 in the ANTPNG2D
Ezra 3 in the AS21
Ezra 3 in the BAGH
Ezra 3 in the BBPNG
Ezra 3 in the BBT1E
Ezra 3 in the BDS
Ezra 3 in the BEV
Ezra 3 in the BHAD
Ezra 3 in the BIB
Ezra 3 in the BLPT
Ezra 3 in the BNT
Ezra 3 in the BNTABOOT
Ezra 3 in the BNTLV
Ezra 3 in the BOATCB2
Ezra 3 in the BOBCV
Ezra 3 in the BOCNT
Ezra 3 in the BOECS
Ezra 3 in the BOGWICC
Ezra 3 in the BOHCB
Ezra 3 in the BOHCV
Ezra 3 in the BOHLNT
Ezra 3 in the BOHNTLTAL
Ezra 3 in the BOICB
Ezra 3 in the BOILNTAP
Ezra 3 in the BOITCV
Ezra 3 in the BOKCV
Ezra 3 in the BOKCV2
Ezra 3 in the BOKHWOG
Ezra 3 in the BOKSSV
Ezra 3 in the BOLCB
Ezra 3 in the BOLCB2
Ezra 3 in the BOMCV
Ezra 3 in the BONAV
Ezra 3 in the BONCB
Ezra 3 in the BONLT
Ezra 3 in the BONUT2
Ezra 3 in the BOPLNT
Ezra 3 in the BOSCB
Ezra 3 in the BOSNC
Ezra 3 in the BOTLNT
Ezra 3 in the BOVCB
Ezra 3 in the BOYCB
Ezra 3 in the BPBB
Ezra 3 in the BPH
Ezra 3 in the BSB
Ezra 3 in the CCB
Ezra 3 in the CUV
Ezra 3 in the CUVS
Ezra 3 in the DBT
Ezra 3 in the DGDNT
Ezra 3 in the DHNT
Ezra 3 in the DNT
Ezra 3 in the ELBE
Ezra 3 in the EMTV
Ezra 3 in the ESV
Ezra 3 in the FBV
Ezra 3 in the FEB
Ezra 3 in the GGMNT
Ezra 3 in the GNT
Ezra 3 in the HARY
Ezra 3 in the HNT
Ezra 3 in the IRVA
Ezra 3 in the IRVB
Ezra 3 in the IRVG
Ezra 3 in the IRVH
Ezra 3 in the IRVK
Ezra 3 in the IRVM
Ezra 3 in the IRVM2
Ezra 3 in the IRVO
Ezra 3 in the IRVP
Ezra 3 in the IRVT
Ezra 3 in the IRVT2
Ezra 3 in the IRVU
Ezra 3 in the ISVN
Ezra 3 in the JSNT
Ezra 3 in the KAPI
Ezra 3 in the KBT1ETNIK
Ezra 3 in the KBV
Ezra 3 in the KJV
Ezra 3 in the KNFD
Ezra 3 in the LBA
Ezra 3 in the LBLA
Ezra 3 in the LNT
Ezra 3 in the LSV
Ezra 3 in the MAAL
Ezra 3 in the MBV
Ezra 3 in the MBV2
Ezra 3 in the MHNT
Ezra 3 in the MKNFD
Ezra 3 in the MNG
Ezra 3 in the MNT
Ezra 3 in the MNT2
Ezra 3 in the MRS1T
Ezra 3 in the NAA
Ezra 3 in the NASB
Ezra 3 in the NBLA
Ezra 3 in the NBS
Ezra 3 in the NBVTP
Ezra 3 in the NET2
Ezra 3 in the NIV11
Ezra 3 in the NNT
Ezra 3 in the NNT2
Ezra 3 in the NNT3
Ezra 3 in the PDDPT
Ezra 3 in the PFNT
Ezra 3 in the RMNT
Ezra 3 in the SBIAS
Ezra 3 in the SBIBS
Ezra 3 in the SBIBS2
Ezra 3 in the SBICS
Ezra 3 in the SBIDS
Ezra 3 in the SBIGS
Ezra 3 in the SBIHS
Ezra 3 in the SBIIS
Ezra 3 in the SBIIS2
Ezra 3 in the SBIIS3
Ezra 3 in the SBIKS
Ezra 3 in the SBIKS2
Ezra 3 in the SBIMS
Ezra 3 in the SBIOS
Ezra 3 in the SBIPS
Ezra 3 in the SBISS
Ezra 3 in the SBITS
Ezra 3 in the SBITS2
Ezra 3 in the SBITS3
Ezra 3 in the SBITS4
Ezra 3 in the SBIUS
Ezra 3 in the SBIVS
Ezra 3 in the SBT
Ezra 3 in the SBT1E
Ezra 3 in the SCHL
Ezra 3 in the SNT
Ezra 3 in the SUSU
Ezra 3 in the SUSU2
Ezra 3 in the SYNO
Ezra 3 in the TBIAOTANT
Ezra 3 in the TBT1E
Ezra 3 in the TBT1E2
Ezra 3 in the TFTIP
Ezra 3 in the TFTU
Ezra 3 in the TGNTATF3T
Ezra 3 in the THAI
Ezra 3 in the TNFD
Ezra 3 in the TNT
Ezra 3 in the TNTIK
Ezra 3 in the TNTIL
Ezra 3 in the TNTIN
Ezra 3 in the TNTIP
Ezra 3 in the TNTIZ
Ezra 3 in the TOMA
Ezra 3 in the TTENT
Ezra 3 in the UBG
Ezra 3 in the UGV
Ezra 3 in the UGV2
Ezra 3 in the UGV3
Ezra 3 in the VBL
Ezra 3 in the VDCC
Ezra 3 in the YALU
Ezra 3 in the YAPE
Ezra 3 in the YBVTP
Ezra 3 in the ZBP