Ezra 3 (BOATCB2)

1 Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem. 2 Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no. 3 Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara. 4 Wodii Asese Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nhoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre, sɛnea afahyɛ da biara de te no. 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre no ne afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne mfe ahorow afahyɛ de maa AWURADE. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔre nso de maa AWURADE. 6 Aka nnaawɔtwe abien na Guankɔbea Afahyɛ no adu so no, asɔfo no fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE. Wofii eyi nso ase ansa na wɔreto AWURADE asɔredan no fapem. 7 Na wɔbɔɔ adansifo ne nnuadwumfo paa na wɔtɔɔ sida nnua fi Tirofo ne Sidonfo nkyɛn, na wɔde nnuan, nsa ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no fi Lebanon mmepɔw so guu po ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho kwan. 8 Wofii Onyankopɔn asɔredan no si ase wɔ ɔsram a ɛto so abien mu afe a ɛto so abien fi bere a wokoduu Yerusalem no. Wɔn a wofi asutwa mu bae no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfo a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Lewifo nyinaa nso ka ho. Lewifo a na wɔadi mfe aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde AWURADE asɔredan no asiesie hyɛɛ wɔn nsa. 9 Yesua ne ne mmabarima ne nʼabusuafo ne Kadmiel ne ne mmabarima ne Hodawia asefo nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfo hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafo Lewifo na wɔboaa hwɛɛ saa dwumadi yi so. 10 Bere a adansifo no wiee AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfo no hyɛɛ wɔn asɔfotade, kɔtenaa wɔn tenabea, hyɛn wɔn ntorobɛnto. Na Asaf asefo Lewifo no bɔɔ wɔn kyɛnkyɛn, de kamfoo AWURADE sɛnea na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. 11 Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa AWURADE se:“Oye,Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!”Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ AWURADE asɔredan fapem no, wɔato. 12 Asɔfo mpanyimfo no bebree, Lewifo ne ntuanofo no kaee asɔredan a edi kan no, sui bere a wohuu asɔredan foforo no fapem a wɔato no. Na afoforo nso teɛteɛɛ mu anigye so. 13 Anigye nteɛteɛmu ne osu a adi afra no ano yɛɛ den, na nnipa tee wɔ akyirikyiri.

In Other Versions

Ezra 3 in the ANGEFD

Ezra 3 in the ANTPNG2D

Ezra 3 in the AS21

Ezra 3 in the BAGH

Ezra 3 in the BBPNG

Ezra 3 in the BBT1E

Ezra 3 in the BDS

Ezra 3 in the BEV

Ezra 3 in the BHAD

Ezra 3 in the BIB

Ezra 3 in the BLPT

Ezra 3 in the BNT

Ezra 3 in the BNTABOOT

Ezra 3 in the BNTLV

Ezra 3 in the BOATCB

Ezra 3 in the BOBCV

Ezra 3 in the BOCNT

Ezra 3 in the BOECS

Ezra 3 in the BOGWICC

Ezra 3 in the BOHCB

Ezra 3 in the BOHCV

Ezra 3 in the BOHLNT

Ezra 3 in the BOHNTLTAL

Ezra 3 in the BOICB

Ezra 3 in the BOILNTAP

Ezra 3 in the BOITCV

Ezra 3 in the BOKCV

Ezra 3 in the BOKCV2

Ezra 3 in the BOKHWOG

Ezra 3 in the BOKSSV

Ezra 3 in the BOLCB

Ezra 3 in the BOLCB2

Ezra 3 in the BOMCV

Ezra 3 in the BONAV

Ezra 3 in the BONCB

Ezra 3 in the BONLT

Ezra 3 in the BONUT2

Ezra 3 in the BOPLNT

Ezra 3 in the BOSCB

Ezra 3 in the BOSNC

Ezra 3 in the BOTLNT

Ezra 3 in the BOVCB

Ezra 3 in the BOYCB

Ezra 3 in the BPBB

Ezra 3 in the BPH

Ezra 3 in the BSB

Ezra 3 in the CCB

Ezra 3 in the CUV

Ezra 3 in the CUVS

Ezra 3 in the DBT

Ezra 3 in the DGDNT

Ezra 3 in the DHNT

Ezra 3 in the DNT

Ezra 3 in the ELBE

Ezra 3 in the EMTV

Ezra 3 in the ESV

Ezra 3 in the FBV

Ezra 3 in the FEB

Ezra 3 in the GGMNT

Ezra 3 in the GNT

Ezra 3 in the HARY

Ezra 3 in the HNT

Ezra 3 in the IRVA

Ezra 3 in the IRVB

Ezra 3 in the IRVG

Ezra 3 in the IRVH

Ezra 3 in the IRVK

Ezra 3 in the IRVM

Ezra 3 in the IRVM2

Ezra 3 in the IRVO

Ezra 3 in the IRVP

Ezra 3 in the IRVT

Ezra 3 in the IRVT2

Ezra 3 in the IRVU

Ezra 3 in the ISVN

Ezra 3 in the JSNT

Ezra 3 in the KAPI

Ezra 3 in the KBT1ETNIK

Ezra 3 in the KBV

Ezra 3 in the KJV

Ezra 3 in the KNFD

Ezra 3 in the LBA

Ezra 3 in the LBLA

Ezra 3 in the LNT

Ezra 3 in the LSV

Ezra 3 in the MAAL

Ezra 3 in the MBV

Ezra 3 in the MBV2

Ezra 3 in the MHNT

Ezra 3 in the MKNFD

Ezra 3 in the MNG

Ezra 3 in the MNT

Ezra 3 in the MNT2

Ezra 3 in the MRS1T

Ezra 3 in the NAA

Ezra 3 in the NASB

Ezra 3 in the NBLA

Ezra 3 in the NBS

Ezra 3 in the NBVTP

Ezra 3 in the NET2

Ezra 3 in the NIV11

Ezra 3 in the NNT

Ezra 3 in the NNT2

Ezra 3 in the NNT3

Ezra 3 in the PDDPT

Ezra 3 in the PFNT

Ezra 3 in the RMNT

Ezra 3 in the SBIAS

Ezra 3 in the SBIBS

Ezra 3 in the SBIBS2

Ezra 3 in the SBICS

Ezra 3 in the SBIDS

Ezra 3 in the SBIGS

Ezra 3 in the SBIHS

Ezra 3 in the SBIIS

Ezra 3 in the SBIIS2

Ezra 3 in the SBIIS3

Ezra 3 in the SBIKS

Ezra 3 in the SBIKS2

Ezra 3 in the SBIMS

Ezra 3 in the SBIOS

Ezra 3 in the SBIPS

Ezra 3 in the SBISS

Ezra 3 in the SBITS

Ezra 3 in the SBITS2

Ezra 3 in the SBITS3

Ezra 3 in the SBITS4

Ezra 3 in the SBIUS

Ezra 3 in the SBIVS

Ezra 3 in the SBT

Ezra 3 in the SBT1E

Ezra 3 in the SCHL

Ezra 3 in the SNT

Ezra 3 in the SUSU

Ezra 3 in the SUSU2

Ezra 3 in the SYNO

Ezra 3 in the TBIAOTANT

Ezra 3 in the TBT1E

Ezra 3 in the TBT1E2

Ezra 3 in the TFTIP

Ezra 3 in the TFTU

Ezra 3 in the TGNTATF3T

Ezra 3 in the THAI

Ezra 3 in the TNFD

Ezra 3 in the TNT

Ezra 3 in the TNTIK

Ezra 3 in the TNTIL

Ezra 3 in the TNTIN

Ezra 3 in the TNTIP

Ezra 3 in the TNTIZ

Ezra 3 in the TOMA

Ezra 3 in the TTENT

Ezra 3 in the UBG

Ezra 3 in the UGV

Ezra 3 in the UGV2

Ezra 3 in the UGV3

Ezra 3 in the VBL

Ezra 3 in the VDCC

Ezra 3 in the YALU

Ezra 3 in the YAPE

Ezra 3 in the YBVTP

Ezra 3 in the ZBP