Ezra 5 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no, adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Onyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. 2 Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tieeɛ, hyɛɛ aseɛ sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn. 3 Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” 4 Wɔsane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. 5 Nanso, ɛsiane sɛ na wɔn Onyankopɔn hwɛ wɔn so enti, wɔansi Yudafoɔ ntuanofoɔ no dansie no ho kwan, kɔsii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdanee Dario, ma ɔsesaa nʼadwene. 6 Yei ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanimfoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no bi twerɛ kɔmaa ɔhene Dario: 7 Yɛkyea wo, ɔhene Dario. 8 Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so. 9 Yɛbisaa ntuanofoɔ no sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” 10 Na yɛbisaa wɔn adwumayɛfoɔ din sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ wo wɔn ntuanofoɔ. 11 Wɔn mmuaeɛ nie: “Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no. 12 Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia. 13 “Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14 Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. 15 Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. 16 “Enti, Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Ɛfiri saa ɛberɛ no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wɔnwieeɛ.” 17 Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.

In Other Versions

Ezra 5 in the ANGEFD

Ezra 5 in the ANTPNG2D

Ezra 5 in the AS21

Ezra 5 in the BAGH

Ezra 5 in the BBPNG

Ezra 5 in the BBT1E

Ezra 5 in the BDS

Ezra 5 in the BEV

Ezra 5 in the BHAD

Ezra 5 in the BIB

Ezra 5 in the BLPT

Ezra 5 in the BNT

Ezra 5 in the BNTABOOT

Ezra 5 in the BNTLV

Ezra 5 in the BOATCB2

Ezra 5 in the BOBCV

Ezra 5 in the BOCNT

Ezra 5 in the BOECS

Ezra 5 in the BOGWICC

Ezra 5 in the BOHCB

Ezra 5 in the BOHCV

Ezra 5 in the BOHLNT

Ezra 5 in the BOHNTLTAL

Ezra 5 in the BOICB

Ezra 5 in the BOILNTAP

Ezra 5 in the BOITCV

Ezra 5 in the BOKCV

Ezra 5 in the BOKCV2

Ezra 5 in the BOKHWOG

Ezra 5 in the BOKSSV

Ezra 5 in the BOLCB

Ezra 5 in the BOLCB2

Ezra 5 in the BOMCV

Ezra 5 in the BONAV

Ezra 5 in the BONCB

Ezra 5 in the BONLT

Ezra 5 in the BONUT2

Ezra 5 in the BOPLNT

Ezra 5 in the BOSCB

Ezra 5 in the BOSNC

Ezra 5 in the BOTLNT

Ezra 5 in the BOVCB

Ezra 5 in the BOYCB

Ezra 5 in the BPBB

Ezra 5 in the BPH

Ezra 5 in the BSB

Ezra 5 in the CCB

Ezra 5 in the CUV

Ezra 5 in the CUVS

Ezra 5 in the DBT

Ezra 5 in the DGDNT

Ezra 5 in the DHNT

Ezra 5 in the DNT

Ezra 5 in the ELBE

Ezra 5 in the EMTV

Ezra 5 in the ESV

Ezra 5 in the FBV

Ezra 5 in the FEB

Ezra 5 in the GGMNT

Ezra 5 in the GNT

Ezra 5 in the HARY

Ezra 5 in the HNT

Ezra 5 in the IRVA

Ezra 5 in the IRVB

Ezra 5 in the IRVG

Ezra 5 in the IRVH

Ezra 5 in the IRVK

Ezra 5 in the IRVM

Ezra 5 in the IRVM2

Ezra 5 in the IRVO

Ezra 5 in the IRVP

Ezra 5 in the IRVT

Ezra 5 in the IRVT2

Ezra 5 in the IRVU

Ezra 5 in the ISVN

Ezra 5 in the JSNT

Ezra 5 in the KAPI

Ezra 5 in the KBT1ETNIK

Ezra 5 in the KBV

Ezra 5 in the KJV

Ezra 5 in the KNFD

Ezra 5 in the LBA

Ezra 5 in the LBLA

Ezra 5 in the LNT

Ezra 5 in the LSV

Ezra 5 in the MAAL

Ezra 5 in the MBV

Ezra 5 in the MBV2

Ezra 5 in the MHNT

Ezra 5 in the MKNFD

Ezra 5 in the MNG

Ezra 5 in the MNT

Ezra 5 in the MNT2

Ezra 5 in the MRS1T

Ezra 5 in the NAA

Ezra 5 in the NASB

Ezra 5 in the NBLA

Ezra 5 in the NBS

Ezra 5 in the NBVTP

Ezra 5 in the NET2

Ezra 5 in the NIV11

Ezra 5 in the NNT

Ezra 5 in the NNT2

Ezra 5 in the NNT3

Ezra 5 in the PDDPT

Ezra 5 in the PFNT

Ezra 5 in the RMNT

Ezra 5 in the SBIAS

Ezra 5 in the SBIBS

Ezra 5 in the SBIBS2

Ezra 5 in the SBICS

Ezra 5 in the SBIDS

Ezra 5 in the SBIGS

Ezra 5 in the SBIHS

Ezra 5 in the SBIIS

Ezra 5 in the SBIIS2

Ezra 5 in the SBIIS3

Ezra 5 in the SBIKS

Ezra 5 in the SBIKS2

Ezra 5 in the SBIMS

Ezra 5 in the SBIOS

Ezra 5 in the SBIPS

Ezra 5 in the SBISS

Ezra 5 in the SBITS

Ezra 5 in the SBITS2

Ezra 5 in the SBITS3

Ezra 5 in the SBITS4

Ezra 5 in the SBIUS

Ezra 5 in the SBIVS

Ezra 5 in the SBT

Ezra 5 in the SBT1E

Ezra 5 in the SCHL

Ezra 5 in the SNT

Ezra 5 in the SUSU

Ezra 5 in the SUSU2

Ezra 5 in the SYNO

Ezra 5 in the TBIAOTANT

Ezra 5 in the TBT1E

Ezra 5 in the TBT1E2

Ezra 5 in the TFTIP

Ezra 5 in the TFTU

Ezra 5 in the TGNTATF3T

Ezra 5 in the THAI

Ezra 5 in the TNFD

Ezra 5 in the TNT

Ezra 5 in the TNTIK

Ezra 5 in the TNTIL

Ezra 5 in the TNTIN

Ezra 5 in the TNTIP

Ezra 5 in the TNTIZ

Ezra 5 in the TOMA

Ezra 5 in the TTENT

Ezra 5 in the UBG

Ezra 5 in the UGV

Ezra 5 in the UGV2

Ezra 5 in the UGV3

Ezra 5 in the VBL

Ezra 5 in the VDCC

Ezra 5 in the YALU

Ezra 5 in the YAPE

Ezra 5 in the YBVTP

Ezra 5 in the ZBP