Hebrews 9 (BOATCB)

1 Na apam a ɛdi ɛkan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom. 2 Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. 3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, 4 na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ. 5 Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata Adaka no nkatasoɔ no so si. Nanso, yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri seesei. 6 Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; 7 nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ. 8 Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ. 9 Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn. 10 Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba. 11 Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu. 12 Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn. 13 Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibereɛ nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a, 14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no? 15 Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no. 16 Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa samanseɛ no awu. 17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Ɛberɛ a wawu no na ɛka biribi. 18 Ɛno enti na apam a ɛdi ɛkan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. 19 Deɛ ɛdi ɛkan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so 20 kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.” 21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. 22 Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba. 23 Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho. 24 Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim. 25 Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne. 27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. 28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

In Other Versions

Hebrews 9 in the ANGEFD

Hebrews 9 in the ANTPNG2D

Hebrews 9 in the AS21

Hebrews 9 in the BAGH

Hebrews 9 in the BBPNG

Hebrews 9 in the BBT1E

Hebrews 9 in the BDS

Hebrews 9 in the BEV

Hebrews 9 in the BHAD

Hebrews 9 in the BIB

Hebrews 9 in the BLPT

Hebrews 9 in the BNT

Hebrews 9 in the BNTABOOT

Hebrews 9 in the BNTLV

Hebrews 9 in the BOATCB2

Hebrews 9 in the BOBCV

Hebrews 9 in the BOCNT

Hebrews 9 in the BOECS

Hebrews 9 in the BOGWICC

Hebrews 9 in the BOHCB

Hebrews 9 in the BOHCV

Hebrews 9 in the BOHLNT

Hebrews 9 in the BOHNTLTAL

Hebrews 9 in the BOICB

Hebrews 9 in the BOILNTAP

Hebrews 9 in the BOITCV

Hebrews 9 in the BOKCV

Hebrews 9 in the BOKCV2

Hebrews 9 in the BOKHWOG

Hebrews 9 in the BOKSSV

Hebrews 9 in the BOLCB

Hebrews 9 in the BOLCB2

Hebrews 9 in the BOMCV

Hebrews 9 in the BONAV

Hebrews 9 in the BONCB

Hebrews 9 in the BONLT

Hebrews 9 in the BONUT2

Hebrews 9 in the BOPLNT

Hebrews 9 in the BOSCB

Hebrews 9 in the BOSNC

Hebrews 9 in the BOTLNT

Hebrews 9 in the BOVCB

Hebrews 9 in the BOYCB

Hebrews 9 in the BPBB

Hebrews 9 in the BPH

Hebrews 9 in the BSB

Hebrews 9 in the CCB

Hebrews 9 in the CUV

Hebrews 9 in the CUVS

Hebrews 9 in the DBT

Hebrews 9 in the DGDNT

Hebrews 9 in the DHNT

Hebrews 9 in the DNT

Hebrews 9 in the ELBE

Hebrews 9 in the EMTV

Hebrews 9 in the ESV

Hebrews 9 in the FBV

Hebrews 9 in the FEB

Hebrews 9 in the GGMNT

Hebrews 9 in the GNT

Hebrews 9 in the HARY

Hebrews 9 in the HNT

Hebrews 9 in the IRVA

Hebrews 9 in the IRVB

Hebrews 9 in the IRVG

Hebrews 9 in the IRVH

Hebrews 9 in the IRVK

Hebrews 9 in the IRVM

Hebrews 9 in the IRVM2

Hebrews 9 in the IRVO

Hebrews 9 in the IRVP

Hebrews 9 in the IRVT

Hebrews 9 in the IRVT2

Hebrews 9 in the IRVU

Hebrews 9 in the ISVN

Hebrews 9 in the JSNT

Hebrews 9 in the KAPI

Hebrews 9 in the KBT1ETNIK

Hebrews 9 in the KBV

Hebrews 9 in the KJV

Hebrews 9 in the KNFD

Hebrews 9 in the LBA

Hebrews 9 in the LBLA

Hebrews 9 in the LNT

Hebrews 9 in the LSV

Hebrews 9 in the MAAL

Hebrews 9 in the MBV

Hebrews 9 in the MBV2

Hebrews 9 in the MHNT

Hebrews 9 in the MKNFD

Hebrews 9 in the MNG

Hebrews 9 in the MNT

Hebrews 9 in the MNT2

Hebrews 9 in the MRS1T

Hebrews 9 in the NAA

Hebrews 9 in the NASB

Hebrews 9 in the NBLA

Hebrews 9 in the NBS

Hebrews 9 in the NBVTP

Hebrews 9 in the NET2

Hebrews 9 in the NIV11

Hebrews 9 in the NNT

Hebrews 9 in the NNT2

Hebrews 9 in the NNT3

Hebrews 9 in the PDDPT

Hebrews 9 in the PFNT

Hebrews 9 in the RMNT

Hebrews 9 in the SBIAS

Hebrews 9 in the SBIBS

Hebrews 9 in the SBIBS2

Hebrews 9 in the SBICS

Hebrews 9 in the SBIDS

Hebrews 9 in the SBIGS

Hebrews 9 in the SBIHS

Hebrews 9 in the SBIIS

Hebrews 9 in the SBIIS2

Hebrews 9 in the SBIIS3

Hebrews 9 in the SBIKS

Hebrews 9 in the SBIKS2

Hebrews 9 in the SBIMS

Hebrews 9 in the SBIOS

Hebrews 9 in the SBIPS

Hebrews 9 in the SBISS

Hebrews 9 in the SBITS

Hebrews 9 in the SBITS2

Hebrews 9 in the SBITS3

Hebrews 9 in the SBITS4

Hebrews 9 in the SBIUS

Hebrews 9 in the SBIVS

Hebrews 9 in the SBT

Hebrews 9 in the SBT1E

Hebrews 9 in the SCHL

Hebrews 9 in the SNT

Hebrews 9 in the SUSU

Hebrews 9 in the SUSU2

Hebrews 9 in the SYNO

Hebrews 9 in the TBIAOTANT

Hebrews 9 in the TBT1E

Hebrews 9 in the TBT1E2

Hebrews 9 in the TFTIP

Hebrews 9 in the TFTU

Hebrews 9 in the TGNTATF3T

Hebrews 9 in the THAI

Hebrews 9 in the TNFD

Hebrews 9 in the TNT

Hebrews 9 in the TNTIK

Hebrews 9 in the TNTIL

Hebrews 9 in the TNTIN

Hebrews 9 in the TNTIP

Hebrews 9 in the TNTIZ

Hebrews 9 in the TOMA

Hebrews 9 in the TTENT

Hebrews 9 in the UBG

Hebrews 9 in the UGV

Hebrews 9 in the UGV2

Hebrews 9 in the UGV3

Hebrews 9 in the VBL

Hebrews 9 in the VDCC

Hebrews 9 in the YALU

Hebrews 9 in the YAPE

Hebrews 9 in the YBVTP

Hebrews 9 in the ZBP