Hebrews 9 (BOATCB2)

1 Na apam a edi kan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ baabi a nnipa asiesie a wɔsom. 2 Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. 3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, 4 na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ. 5 Adaka no so hɔ nso na anuonyam Kerubim a wɔatrɛw wɔn ntaban mu akata adaka no nkataso no so si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri mprempren. 6 Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ɔdan a edi kan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; 7 nanso na Ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfo mfomso ho afɔre ka ne ho kɔ. 8 Honhom Kronkron no nam saa ɔkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wonnya mmuee ɔkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ bere a Ntamadan no ne mu nneɛma da so wɔ hɔ. 9 Ɛyɛ mfonitwa ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronkron. 10 Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na edi dwuma no. Eyi yɛ ɔhonam fam nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma kosi bere a nhyehyɛe foforo bɛba. 11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu. 12 Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfa mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn. 13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne anantwibere nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a, 14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu, na monkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no ana? 15 Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu. 16 Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wotumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu. 17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi. 18 Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. 19 Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛnea ɛwɔ mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma mmobɔwee no ne nnipa no nyinaa so 20 kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.” 21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. 22 Nokware, sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba. 23 Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho. 24 Efisɛ Kristo ankɔ kronkronbea a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann ho nhwɛso no hɔ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na osi yɛn anan mu wɔ Onyankopɔn anim hɔ. 25 Afe biara Yudafo Sɔfopanyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no, obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so apepa bɔne. 27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. 28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

In Other Versions

Hebrews 9 in the ANGEFD

Hebrews 9 in the ANTPNG2D

Hebrews 9 in the AS21

Hebrews 9 in the BAGH

Hebrews 9 in the BBPNG

Hebrews 9 in the BBT1E

Hebrews 9 in the BDS

Hebrews 9 in the BEV

Hebrews 9 in the BHAD

Hebrews 9 in the BIB

Hebrews 9 in the BLPT

Hebrews 9 in the BNT

Hebrews 9 in the BNTABOOT

Hebrews 9 in the BNTLV

Hebrews 9 in the BOATCB

Hebrews 9 in the BOBCV

Hebrews 9 in the BOCNT

Hebrews 9 in the BOECS

Hebrews 9 in the BOGWICC

Hebrews 9 in the BOHCB

Hebrews 9 in the BOHCV

Hebrews 9 in the BOHLNT

Hebrews 9 in the BOHNTLTAL

Hebrews 9 in the BOICB

Hebrews 9 in the BOILNTAP

Hebrews 9 in the BOITCV

Hebrews 9 in the BOKCV

Hebrews 9 in the BOKCV2

Hebrews 9 in the BOKHWOG

Hebrews 9 in the BOKSSV

Hebrews 9 in the BOLCB

Hebrews 9 in the BOLCB2

Hebrews 9 in the BOMCV

Hebrews 9 in the BONAV

Hebrews 9 in the BONCB

Hebrews 9 in the BONLT

Hebrews 9 in the BONUT2

Hebrews 9 in the BOPLNT

Hebrews 9 in the BOSCB

Hebrews 9 in the BOSNC

Hebrews 9 in the BOTLNT

Hebrews 9 in the BOVCB

Hebrews 9 in the BOYCB

Hebrews 9 in the BPBB

Hebrews 9 in the BPH

Hebrews 9 in the BSB

Hebrews 9 in the CCB

Hebrews 9 in the CUV

Hebrews 9 in the CUVS

Hebrews 9 in the DBT

Hebrews 9 in the DGDNT

Hebrews 9 in the DHNT

Hebrews 9 in the DNT

Hebrews 9 in the ELBE

Hebrews 9 in the EMTV

Hebrews 9 in the ESV

Hebrews 9 in the FBV

Hebrews 9 in the FEB

Hebrews 9 in the GGMNT

Hebrews 9 in the GNT

Hebrews 9 in the HARY

Hebrews 9 in the HNT

Hebrews 9 in the IRVA

Hebrews 9 in the IRVB

Hebrews 9 in the IRVG

Hebrews 9 in the IRVH

Hebrews 9 in the IRVK

Hebrews 9 in the IRVM

Hebrews 9 in the IRVM2

Hebrews 9 in the IRVO

Hebrews 9 in the IRVP

Hebrews 9 in the IRVT

Hebrews 9 in the IRVT2

Hebrews 9 in the IRVU

Hebrews 9 in the ISVN

Hebrews 9 in the JSNT

Hebrews 9 in the KAPI

Hebrews 9 in the KBT1ETNIK

Hebrews 9 in the KBV

Hebrews 9 in the KJV

Hebrews 9 in the KNFD

Hebrews 9 in the LBA

Hebrews 9 in the LBLA

Hebrews 9 in the LNT

Hebrews 9 in the LSV

Hebrews 9 in the MAAL

Hebrews 9 in the MBV

Hebrews 9 in the MBV2

Hebrews 9 in the MHNT

Hebrews 9 in the MKNFD

Hebrews 9 in the MNG

Hebrews 9 in the MNT

Hebrews 9 in the MNT2

Hebrews 9 in the MRS1T

Hebrews 9 in the NAA

Hebrews 9 in the NASB

Hebrews 9 in the NBLA

Hebrews 9 in the NBS

Hebrews 9 in the NBVTP

Hebrews 9 in the NET2

Hebrews 9 in the NIV11

Hebrews 9 in the NNT

Hebrews 9 in the NNT2

Hebrews 9 in the NNT3

Hebrews 9 in the PDDPT

Hebrews 9 in the PFNT

Hebrews 9 in the RMNT

Hebrews 9 in the SBIAS

Hebrews 9 in the SBIBS

Hebrews 9 in the SBIBS2

Hebrews 9 in the SBICS

Hebrews 9 in the SBIDS

Hebrews 9 in the SBIGS

Hebrews 9 in the SBIHS

Hebrews 9 in the SBIIS

Hebrews 9 in the SBIIS2

Hebrews 9 in the SBIIS3

Hebrews 9 in the SBIKS

Hebrews 9 in the SBIKS2

Hebrews 9 in the SBIMS

Hebrews 9 in the SBIOS

Hebrews 9 in the SBIPS

Hebrews 9 in the SBISS

Hebrews 9 in the SBITS

Hebrews 9 in the SBITS2

Hebrews 9 in the SBITS3

Hebrews 9 in the SBITS4

Hebrews 9 in the SBIUS

Hebrews 9 in the SBIVS

Hebrews 9 in the SBT

Hebrews 9 in the SBT1E

Hebrews 9 in the SCHL

Hebrews 9 in the SNT

Hebrews 9 in the SUSU

Hebrews 9 in the SUSU2

Hebrews 9 in the SYNO

Hebrews 9 in the TBIAOTANT

Hebrews 9 in the TBT1E

Hebrews 9 in the TBT1E2

Hebrews 9 in the TFTIP

Hebrews 9 in the TFTU

Hebrews 9 in the TGNTATF3T

Hebrews 9 in the THAI

Hebrews 9 in the TNFD

Hebrews 9 in the TNT

Hebrews 9 in the TNTIK

Hebrews 9 in the TNTIL

Hebrews 9 in the TNTIN

Hebrews 9 in the TNTIP

Hebrews 9 in the TNTIZ

Hebrews 9 in the TOMA

Hebrews 9 in the TTENT

Hebrews 9 in the UBG

Hebrews 9 in the UGV

Hebrews 9 in the UGV2

Hebrews 9 in the UGV3

Hebrews 9 in the VBL

Hebrews 9 in the VDCC

Hebrews 9 in the YALU

Hebrews 9 in the YAPE

Hebrews 9 in the YBVTP

Hebrews 9 in the ZBP