Isaiah 37 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ AWURADE asɔredan mu. 2 Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. 3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4 Nanso, ebia AWURADE, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.” 5 Ɛberɛ a ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia no, 6 Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. 7 Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” 8 Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9 Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di akodɔm anim rebɛko atia no. Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no sɛ: 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ 11 Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? 13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?” 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ AWURADE asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ AWURADE sɛ: 16 “Ao, Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 17 Brɛ wʼaso ase, Ao AWURADE, na tie! Bue wʼani, Ao AWURADE, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no. 18 “Ɛyɛ nokorɛ, AWURADE, sɛ, Asiria ahemfo asɛe saa aman yi ne wɔn nsase. 19 Na wɔato anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu ogya mu, ahye wɔn, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame na mmom wɔyɛ nnua ne aboɔ a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 20 Afei, Ao AWURADE, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, AWURADE, ne Onyankopɔn.” 21 Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no, 22 yei ne asɛm a AWURADE aka atia no:“Ɔbabaabunu Sion sopa wo,na ɔsere wo.Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. 23 Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?Hwan na woama wo nne so atia nona wohwɛɛ no ahantan so?Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 24 Wonam wʼabɔfoɔ soasoa nsopa agu Awurade so.Na woaka sɛ,‘Me nteaseɛnam dodoɔ entimaforo mmepɔ atentene,aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no.Matwitwa ne ntweneduro atentene no,ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam.Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so,ne ne kwaeɛbirentuo mu. 25 Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree sode ne nsu pa no adwodwo me ho.Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene musɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’ 26 “Na Monteeɛ?Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;afei mama aba mu sɛ,moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔma wɔdane aboɔ asie. 27 Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa noho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.Wɔte sɛ afuo so nnua,ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi.Ɛhye ansa na anyini. 28 “Nanso, menim deɛ woteɛɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔne sɛdeɛ wo bo huru tia me. 29 Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,na mʼankasa mate no enti,mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,na mede nnareka ato mo ano,na mama mo afa ɛkwana mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.” 30 Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no. 31 Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre. 32 Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.Asafo AWURADE di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. 33 “Yei ne asɛm a AWURADE ka fa Asiriahene ho:“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi muna ɔrento bɛmma wɔ ha.Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyina ɔrensi otua pie ntia no. 34 Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.” AWURADE ka sɛ,“Ɔrenwura saa kuro yi mu. 35 Mɛko agye saa kuropɔn yi,ɛsiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti!” 36 Afei AWURADE ɔbɔfoɔ firii adi na ɔkunkumm asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe enum wɔ Asiria nsraban mu. Ɛberɛ a nnipa no sɔree anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunten gugu baabiara! 37 Enti Asiriahene Sanaherib pɔnn nʼakodɔm. Ɔsane kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ. 38 Ɛda bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosomdan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de akofena kɔkumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.

In Other Versions

Isaiah 37 in the ANGEFD

Isaiah 37 in the ANTPNG2D

Isaiah 37 in the AS21

Isaiah 37 in the BAGH

Isaiah 37 in the BBPNG

Isaiah 37 in the BBT1E

Isaiah 37 in the BDS

Isaiah 37 in the BEV

Isaiah 37 in the BHAD

Isaiah 37 in the BIB

Isaiah 37 in the BLPT

Isaiah 37 in the BNT

Isaiah 37 in the BNTABOOT

Isaiah 37 in the BNTLV

Isaiah 37 in the BOATCB2

Isaiah 37 in the BOBCV

Isaiah 37 in the BOCNT

Isaiah 37 in the BOECS

Isaiah 37 in the BOGWICC

Isaiah 37 in the BOHCB

Isaiah 37 in the BOHCV

Isaiah 37 in the BOHLNT

Isaiah 37 in the BOHNTLTAL

Isaiah 37 in the BOICB

Isaiah 37 in the BOILNTAP

Isaiah 37 in the BOITCV

Isaiah 37 in the BOKCV

Isaiah 37 in the BOKCV2

Isaiah 37 in the BOKHWOG

Isaiah 37 in the BOKSSV

Isaiah 37 in the BOLCB

Isaiah 37 in the BOLCB2

Isaiah 37 in the BOMCV

Isaiah 37 in the BONAV

Isaiah 37 in the BONCB

Isaiah 37 in the BONLT

Isaiah 37 in the BONUT2

Isaiah 37 in the BOPLNT

Isaiah 37 in the BOSCB

Isaiah 37 in the BOSNC

Isaiah 37 in the BOTLNT

Isaiah 37 in the BOVCB

Isaiah 37 in the BOYCB

Isaiah 37 in the BPBB

Isaiah 37 in the BPH

Isaiah 37 in the BSB

Isaiah 37 in the CCB

Isaiah 37 in the CUV

Isaiah 37 in the CUVS

Isaiah 37 in the DBT

Isaiah 37 in the DGDNT

Isaiah 37 in the DHNT

Isaiah 37 in the DNT

Isaiah 37 in the ELBE

Isaiah 37 in the EMTV

Isaiah 37 in the ESV

Isaiah 37 in the FBV

Isaiah 37 in the FEB

Isaiah 37 in the GGMNT

Isaiah 37 in the GNT

Isaiah 37 in the HARY

Isaiah 37 in the HNT

Isaiah 37 in the IRVA

Isaiah 37 in the IRVB

Isaiah 37 in the IRVG

Isaiah 37 in the IRVH

Isaiah 37 in the IRVK

Isaiah 37 in the IRVM

Isaiah 37 in the IRVM2

Isaiah 37 in the IRVO

Isaiah 37 in the IRVP

Isaiah 37 in the IRVT

Isaiah 37 in the IRVT2

Isaiah 37 in the IRVU

Isaiah 37 in the ISVN

Isaiah 37 in the JSNT

Isaiah 37 in the KAPI

Isaiah 37 in the KBT1ETNIK

Isaiah 37 in the KBV

Isaiah 37 in the KJV

Isaiah 37 in the KNFD

Isaiah 37 in the LBA

Isaiah 37 in the LBLA

Isaiah 37 in the LNT

Isaiah 37 in the LSV

Isaiah 37 in the MAAL

Isaiah 37 in the MBV

Isaiah 37 in the MBV2

Isaiah 37 in the MHNT

Isaiah 37 in the MKNFD

Isaiah 37 in the MNG

Isaiah 37 in the MNT

Isaiah 37 in the MNT2

Isaiah 37 in the MRS1T

Isaiah 37 in the NAA

Isaiah 37 in the NASB

Isaiah 37 in the NBLA

Isaiah 37 in the NBS

Isaiah 37 in the NBVTP

Isaiah 37 in the NET2

Isaiah 37 in the NIV11

Isaiah 37 in the NNT

Isaiah 37 in the NNT2

Isaiah 37 in the NNT3

Isaiah 37 in the PDDPT

Isaiah 37 in the PFNT

Isaiah 37 in the RMNT

Isaiah 37 in the SBIAS

Isaiah 37 in the SBIBS

Isaiah 37 in the SBIBS2

Isaiah 37 in the SBICS

Isaiah 37 in the SBIDS

Isaiah 37 in the SBIGS

Isaiah 37 in the SBIHS

Isaiah 37 in the SBIIS

Isaiah 37 in the SBIIS2

Isaiah 37 in the SBIIS3

Isaiah 37 in the SBIKS

Isaiah 37 in the SBIKS2

Isaiah 37 in the SBIMS

Isaiah 37 in the SBIOS

Isaiah 37 in the SBIPS

Isaiah 37 in the SBISS

Isaiah 37 in the SBITS

Isaiah 37 in the SBITS2

Isaiah 37 in the SBITS3

Isaiah 37 in the SBITS4

Isaiah 37 in the SBIUS

Isaiah 37 in the SBIVS

Isaiah 37 in the SBT

Isaiah 37 in the SBT1E

Isaiah 37 in the SCHL

Isaiah 37 in the SNT

Isaiah 37 in the SUSU

Isaiah 37 in the SUSU2

Isaiah 37 in the SYNO

Isaiah 37 in the TBIAOTANT

Isaiah 37 in the TBT1E

Isaiah 37 in the TBT1E2

Isaiah 37 in the TFTIP

Isaiah 37 in the TFTU

Isaiah 37 in the TGNTATF3T

Isaiah 37 in the THAI

Isaiah 37 in the TNFD

Isaiah 37 in the TNT

Isaiah 37 in the TNTIK

Isaiah 37 in the TNTIL

Isaiah 37 in the TNTIN

Isaiah 37 in the TNTIP

Isaiah 37 in the TNTIZ

Isaiah 37 in the TOMA

Isaiah 37 in the TTENT

Isaiah 37 in the UBG

Isaiah 37 in the UGV

Isaiah 37 in the UGV2

Isaiah 37 in the UGV3

Isaiah 37 in the VBL

Isaiah 37 in the VDCC

Isaiah 37 in the YALU

Isaiah 37 in the YAPE

Isaiah 37 in the YBVTP

Isaiah 37 in the ZBP