Isaiah 37 (BOATCB2)

1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ AWURADE asɔredan mu. 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. 3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4 Nanso ebia AWURADE, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!” 5 Bere a Ɔhene Hesekia mpanyimfo no de ɔhene no nkra brɛɛ Yesaia no, 6 Yesaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea AWURADE se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. 7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ” 8 Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di asraafo anim rebɛko atia no. Bere a ɔtee no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no se, 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ 11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Talasar no anyame gyee wɔn ana? 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?” 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ AWURADE asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ AWURADE se, 16 “Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 17 Brɛ wʼaso ase, AWURADE, na tie! Bue wʼani, AWURADE, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no. 18 “AWURADE, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 19 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 20 Afei AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, AWURADE, ne Onyankopɔn.” 21 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 22 eyi ne asɛm a AWURADE aka atia no:“Ɔbabeabun Sion sopa wo,na ɔserew wo.Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,na ɔwosow ne ti bere a woreguan. 23 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?Hena na womaa wo nne so tiaa nona wohwɛɛ no ahantan so?Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 24 Wonam wʼasomafo soadi AWURADE ho fɛw.Na woaka se,‘Me nteaseɛnam dodow ntimaforo mmepɔw atenten.Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.Matwitwa ne sida atenten no,ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,ne ne kwaeberentuw mu. 25 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree sode ne nsu pa no adwudwo me ho.Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten musɛnea mʼakofo betumi atwa!’ 26 “Na Montee ɛ?Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.Bere bi a atwam no na medwenee ho;afei mama aba mu sɛ,moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔho ban. 27 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa noho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.Wɔte sɛ afuw so nnua,ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifia ɛhyew ansa na anyin. 28 “Nanso minim nea wotebere a woba ne bere a wokɔne sɛnea wo bo huru tia me. 29 Na esiane sɛ wo bo huru tia mena wʼahantan adu mʼasom nti,mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no soasan wʼakyi. 30 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,yɛ bobe nturo na di so aba. 31 Bio, nkae bi a ofi Yuda fibegye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro. 32 Na nkae bi befi Yerusalem aba,na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.Asafo AWURADE pɛ mu na eyi bɛyɛ. 33 “Eyi ne asɛm a AWURADE ka fa Asiriahene ho:“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi muna ɔrentow bɛmma wɔ ha.Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyina ɔrensi pie ntua nʼano. 34 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.” AWURADE ka se,“Ɔrenwura saa kurow yi mu. 35 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,mɛbɔ ho ban.” 36 Afei AWURADE bɔfo fii adi na okunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Asiria nsraban mu. Bere a nnipa no sɔree anɔpa no, wohuu sɛ amu gugu baabiara! 37 Enti Asiriahene Sanaherib pɔn nʼakofo. Ɔsan kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ. 38 Da bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosonnan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de afoa kokum no, na woguan kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

In Other Versions

Isaiah 37 in the ANGEFD

Isaiah 37 in the ANTPNG2D

Isaiah 37 in the AS21

Isaiah 37 in the BAGH

Isaiah 37 in the BBPNG

Isaiah 37 in the BBT1E

Isaiah 37 in the BDS

Isaiah 37 in the BEV

Isaiah 37 in the BHAD

Isaiah 37 in the BIB

Isaiah 37 in the BLPT

Isaiah 37 in the BNT

Isaiah 37 in the BNTABOOT

Isaiah 37 in the BNTLV

Isaiah 37 in the BOATCB

Isaiah 37 in the BOBCV

Isaiah 37 in the BOCNT

Isaiah 37 in the BOECS

Isaiah 37 in the BOGWICC

Isaiah 37 in the BOHCB

Isaiah 37 in the BOHCV

Isaiah 37 in the BOHLNT

Isaiah 37 in the BOHNTLTAL

Isaiah 37 in the BOICB

Isaiah 37 in the BOILNTAP

Isaiah 37 in the BOITCV

Isaiah 37 in the BOKCV

Isaiah 37 in the BOKCV2

Isaiah 37 in the BOKHWOG

Isaiah 37 in the BOKSSV

Isaiah 37 in the BOLCB

Isaiah 37 in the BOLCB2

Isaiah 37 in the BOMCV

Isaiah 37 in the BONAV

Isaiah 37 in the BONCB

Isaiah 37 in the BONLT

Isaiah 37 in the BONUT2

Isaiah 37 in the BOPLNT

Isaiah 37 in the BOSCB

Isaiah 37 in the BOSNC

Isaiah 37 in the BOTLNT

Isaiah 37 in the BOVCB

Isaiah 37 in the BOYCB

Isaiah 37 in the BPBB

Isaiah 37 in the BPH

Isaiah 37 in the BSB

Isaiah 37 in the CCB

Isaiah 37 in the CUV

Isaiah 37 in the CUVS

Isaiah 37 in the DBT

Isaiah 37 in the DGDNT

Isaiah 37 in the DHNT

Isaiah 37 in the DNT

Isaiah 37 in the ELBE

Isaiah 37 in the EMTV

Isaiah 37 in the ESV

Isaiah 37 in the FBV

Isaiah 37 in the FEB

Isaiah 37 in the GGMNT

Isaiah 37 in the GNT

Isaiah 37 in the HARY

Isaiah 37 in the HNT

Isaiah 37 in the IRVA

Isaiah 37 in the IRVB

Isaiah 37 in the IRVG

Isaiah 37 in the IRVH

Isaiah 37 in the IRVK

Isaiah 37 in the IRVM

Isaiah 37 in the IRVM2

Isaiah 37 in the IRVO

Isaiah 37 in the IRVP

Isaiah 37 in the IRVT

Isaiah 37 in the IRVT2

Isaiah 37 in the IRVU

Isaiah 37 in the ISVN

Isaiah 37 in the JSNT

Isaiah 37 in the KAPI

Isaiah 37 in the KBT1ETNIK

Isaiah 37 in the KBV

Isaiah 37 in the KJV

Isaiah 37 in the KNFD

Isaiah 37 in the LBA

Isaiah 37 in the LBLA

Isaiah 37 in the LNT

Isaiah 37 in the LSV

Isaiah 37 in the MAAL

Isaiah 37 in the MBV

Isaiah 37 in the MBV2

Isaiah 37 in the MHNT

Isaiah 37 in the MKNFD

Isaiah 37 in the MNG

Isaiah 37 in the MNT

Isaiah 37 in the MNT2

Isaiah 37 in the MRS1T

Isaiah 37 in the NAA

Isaiah 37 in the NASB

Isaiah 37 in the NBLA

Isaiah 37 in the NBS

Isaiah 37 in the NBVTP

Isaiah 37 in the NET2

Isaiah 37 in the NIV11

Isaiah 37 in the NNT

Isaiah 37 in the NNT2

Isaiah 37 in the NNT3

Isaiah 37 in the PDDPT

Isaiah 37 in the PFNT

Isaiah 37 in the RMNT

Isaiah 37 in the SBIAS

Isaiah 37 in the SBIBS

Isaiah 37 in the SBIBS2

Isaiah 37 in the SBICS

Isaiah 37 in the SBIDS

Isaiah 37 in the SBIGS

Isaiah 37 in the SBIHS

Isaiah 37 in the SBIIS

Isaiah 37 in the SBIIS2

Isaiah 37 in the SBIIS3

Isaiah 37 in the SBIKS

Isaiah 37 in the SBIKS2

Isaiah 37 in the SBIMS

Isaiah 37 in the SBIOS

Isaiah 37 in the SBIPS

Isaiah 37 in the SBISS

Isaiah 37 in the SBITS

Isaiah 37 in the SBITS2

Isaiah 37 in the SBITS3

Isaiah 37 in the SBITS4

Isaiah 37 in the SBIUS

Isaiah 37 in the SBIVS

Isaiah 37 in the SBT

Isaiah 37 in the SBT1E

Isaiah 37 in the SCHL

Isaiah 37 in the SNT

Isaiah 37 in the SUSU

Isaiah 37 in the SUSU2

Isaiah 37 in the SYNO

Isaiah 37 in the TBIAOTANT

Isaiah 37 in the TBT1E

Isaiah 37 in the TBT1E2

Isaiah 37 in the TFTIP

Isaiah 37 in the TFTU

Isaiah 37 in the TGNTATF3T

Isaiah 37 in the THAI

Isaiah 37 in the TNFD

Isaiah 37 in the TNT

Isaiah 37 in the TNTIK

Isaiah 37 in the TNTIL

Isaiah 37 in the TNTIN

Isaiah 37 in the TNTIP

Isaiah 37 in the TNTIZ

Isaiah 37 in the TOMA

Isaiah 37 in the TTENT

Isaiah 37 in the UBG

Isaiah 37 in the UGV

Isaiah 37 in the UGV2

Isaiah 37 in the UGV3

Isaiah 37 in the VBL

Isaiah 37 in the VDCC

Isaiah 37 in the YALU

Isaiah 37 in the YAPE

Isaiah 37 in the YBVTP

Isaiah 37 in the ZBP