Judges 2 (BOATCB)

1 Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. 2 Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so? 3 Deɛ moayɛ yi enti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛnmu nkasɛɛ na wɔn anyame nso ayɛ mfidie ama mo.” 4 Awurade ɔbɔfoɔ kasa wieeɛ no Israelfoɔ no suu denden. 5 Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade. 6 Yosua gyaa nkurɔfoɔ no kwan akyi no, mmusuakuo no mu biara kɔfaa nʼagyapadeɛ a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. 7 Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no. 8 Afei, Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne edu. 9 Wɔsiee no wɔ nʼawunya asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔ asase no a ɛwɔ Gaas bepɔ no atifi fam no. 10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim AWURADE, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel. 11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so, na wɔsom Baalim ahoni. 12 Wɔgyaa AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa AWURADE bo fuiɛ. 13 Wɔgyaa AWURADE akyi die, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. 14 Yei maa AWURADE bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. 15 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ bɛkɔ ɔko no, AWURADE ko tia wɔn ma wɔdi nkoguo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Enti, wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa. 16 Afei, AWURADE pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam. 17 Nanso, Israelfoɔ no antie atemmufoɔ no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforɔ, kotoo wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so firii wɔn agyanom a wɔyɛɛ ɔsetie maa AWURADE mmaransɛm no kwan so. 18 Ɛberɛ biara a AWURADE de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, AWURADE hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ. 19 Nanso, atemmufoɔ no wuo akyi no, nnipa no sane kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sene wɔn a wɔdii wɔn anim ɛkan no. Wɔdii anyame foforɔ akyi. Wɔkotoo wɔn, somm wɔn. Na wɔampɛ sɛ wɔgyae wɔn nnebɔnesɛm ne kɔnseneeɛsɛm no. 20 Enti, AWURADE bo fuu Israel. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ so, na wɔapo me mmaransɛm enti, 21 merempamo aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewuo no. 22 Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie AWURADE sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.” 23 Ɛno enti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammɛdi wɔn nyinaa so no.

In Other Versions

Judges 2 in the ANGEFD

Judges 2 in the ANTPNG2D

Judges 2 in the AS21

Judges 2 in the BAGH

Judges 2 in the BBPNG

Judges 2 in the BBT1E

Judges 2 in the BDS

Judges 2 in the BEV

Judges 2 in the BHAD

Judges 2 in the BIB

Judges 2 in the BLPT

Judges 2 in the BNT

Judges 2 in the BNTABOOT

Judges 2 in the BNTLV

Judges 2 in the BOATCB2

Judges 2 in the BOBCV

Judges 2 in the BOCNT

Judges 2 in the BOECS

Judges 2 in the BOGWICC

Judges 2 in the BOHCB

Judges 2 in the BOHCV

Judges 2 in the BOHLNT

Judges 2 in the BOHNTLTAL

Judges 2 in the BOICB

Judges 2 in the BOILNTAP

Judges 2 in the BOITCV

Judges 2 in the BOKCV

Judges 2 in the BOKCV2

Judges 2 in the BOKHWOG

Judges 2 in the BOKSSV

Judges 2 in the BOLCB

Judges 2 in the BOLCB2

Judges 2 in the BOMCV

Judges 2 in the BONAV

Judges 2 in the BONCB

Judges 2 in the BONLT

Judges 2 in the BONUT2

Judges 2 in the BOPLNT

Judges 2 in the BOSCB

Judges 2 in the BOSNC

Judges 2 in the BOTLNT

Judges 2 in the BOVCB

Judges 2 in the BOYCB

Judges 2 in the BPBB

Judges 2 in the BPH

Judges 2 in the BSB

Judges 2 in the CCB

Judges 2 in the CUV

Judges 2 in the CUVS

Judges 2 in the DBT

Judges 2 in the DGDNT

Judges 2 in the DHNT

Judges 2 in the DNT

Judges 2 in the ELBE

Judges 2 in the EMTV

Judges 2 in the ESV

Judges 2 in the FBV

Judges 2 in the FEB

Judges 2 in the GGMNT

Judges 2 in the GNT

Judges 2 in the HARY

Judges 2 in the HNT

Judges 2 in the IRVA

Judges 2 in the IRVB

Judges 2 in the IRVG

Judges 2 in the IRVH

Judges 2 in the IRVK

Judges 2 in the IRVM

Judges 2 in the IRVM2

Judges 2 in the IRVO

Judges 2 in the IRVP

Judges 2 in the IRVT

Judges 2 in the IRVT2

Judges 2 in the IRVU

Judges 2 in the ISVN

Judges 2 in the JSNT

Judges 2 in the KAPI

Judges 2 in the KBT1ETNIK

Judges 2 in the KBV

Judges 2 in the KJV

Judges 2 in the KNFD

Judges 2 in the LBA

Judges 2 in the LBLA

Judges 2 in the LNT

Judges 2 in the LSV

Judges 2 in the MAAL

Judges 2 in the MBV

Judges 2 in the MBV2

Judges 2 in the MHNT

Judges 2 in the MKNFD

Judges 2 in the MNG

Judges 2 in the MNT

Judges 2 in the MNT2

Judges 2 in the MRS1T

Judges 2 in the NAA

Judges 2 in the NASB

Judges 2 in the NBLA

Judges 2 in the NBS

Judges 2 in the NBVTP

Judges 2 in the NET2

Judges 2 in the NIV11

Judges 2 in the NNT

Judges 2 in the NNT2

Judges 2 in the NNT3

Judges 2 in the PDDPT

Judges 2 in the PFNT

Judges 2 in the RMNT

Judges 2 in the SBIAS

Judges 2 in the SBIBS

Judges 2 in the SBIBS2

Judges 2 in the SBICS

Judges 2 in the SBIDS

Judges 2 in the SBIGS

Judges 2 in the SBIHS

Judges 2 in the SBIIS

Judges 2 in the SBIIS2

Judges 2 in the SBIIS3

Judges 2 in the SBIKS

Judges 2 in the SBIKS2

Judges 2 in the SBIMS

Judges 2 in the SBIOS

Judges 2 in the SBIPS

Judges 2 in the SBISS

Judges 2 in the SBITS

Judges 2 in the SBITS2

Judges 2 in the SBITS3

Judges 2 in the SBITS4

Judges 2 in the SBIUS

Judges 2 in the SBIVS

Judges 2 in the SBT

Judges 2 in the SBT1E

Judges 2 in the SCHL

Judges 2 in the SNT

Judges 2 in the SUSU

Judges 2 in the SUSU2

Judges 2 in the SYNO

Judges 2 in the TBIAOTANT

Judges 2 in the TBT1E

Judges 2 in the TBT1E2

Judges 2 in the TFTIP

Judges 2 in the TFTU

Judges 2 in the TGNTATF3T

Judges 2 in the THAI

Judges 2 in the TNFD

Judges 2 in the TNT

Judges 2 in the TNTIK

Judges 2 in the TNTIL

Judges 2 in the TNTIN

Judges 2 in the TNTIP

Judges 2 in the TNTIZ

Judges 2 in the TOMA

Judges 2 in the TTENT

Judges 2 in the UBG

Judges 2 in the UGV

Judges 2 in the UGV2

Judges 2 in the UGV3

Judges 2 in the VBL

Judges 2 in the VDCC

Judges 2 in the YALU

Judges 2 in the YAPE

Judges 2 in the YBVTP

Judges 2 in the ZBP