Jeremiah 16 (BOATCB)
1 Afei, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Ɛnsɛ sɛ wo ware na wowo mmammarima anaa mmammaa wɔ ha.” 3 Yei ne deɛ AWURADE ka fa mmammarima ne mmammaa a wɔwo wɔn asase yi so mmaa a wɔyɛ wɔn maamenom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho: 4 “Owuyareɛ bɛkunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Wɔbɛtotɔ akofena ano na ɛkɔm bɛkunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.” 5 “Nhyɛne efie a ayie yɛ apontoɔ wo mu; nkɔsu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, ɛfiri sɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔborɔ afiri saa nnipa yi so,” AWURADE na ɔseɛ. 6 “Atitire ne mpapahwekwaa bɛwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn, na wɔrensu wɔn, na obiara remmɔ ne ho akam, na wɔn enti, obiara renyi ne ti mfa nkae wɔn. 7 Obiara remma wɔn a wɔdi awufoɔ no ho awerɛhoɔ no aduane mfa nkyekye wɔn werɛ, owufoɔ no agya anaa ne maame mpo, na obiara mma wɔn nsã nso mfa nkyekye wɔn werɛ. 8 “Na nhyɛne efie a apontoɔ kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. 9 Na yei ne deɛ AWURADE Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn no seɛ: Wo nkwanna mu a, wʼani tua no, mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere ahosɛpɛ nne a ɛwɔ ha no, bɛba awieeɛ. 10 “Sɛ woka yeinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na AWURADE abɔ mmɔm a ɛyɛ hu sei atia yɛn? Ɛdeɛn mfomsoɔ na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia AWURADE, yɛn Onyankopɔn’ a, 11 ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛfiri sɛ mo agyanom gyaa me hɔ kɔdii anyame foforɔ akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, AWURADE asɛm nie. Wogyaa me na wɔanni me mmara so. 12 Na mo deɛ, moayɛ amumuyɛsɛm asene mo agyanom. Monhwɛ sɛdeɛ mo mu biara di nʼakoma bɔne asoɔden akyi wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsetie ma me. 13 Ɛno enti, mɛtu mo afiri saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaa sɛ mo agyanom nnim so, na ɛhɔ mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo, na merenhunu mo mmɔbɔ.’ 14 “Nanso nna no reba,” AWURADE na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Sɛ AWURADE te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ 15 mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ AWURADE te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Ɛfiri sɛ mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so. 16 “Na seesei, mɛsoma apofofoɔ bebree a wɔbɛkyere wɔn.” AWURADE na ɔseɛ. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfoɔ bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. 17 Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ wɔ mʼani so. 18 Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri sɛ wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi.” 19 Ao AWURADE, mʼahoɔden ne mʼaban,mʼahohia mu dwanekɔbea,wo nkyɛn na amanaman no bɛbawɔbɛfiri nsase ano aka sɛ,“Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuo,ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn. 20 Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame anaa?Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!” 21 “Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn,saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔnme tumi ne mʼahoɔden.Afei wɔbɛhunu sɛme din ne AWURADE.
In Other Versions
Jeremiah 16 in the ANGEFD
Jeremiah 16 in the ANTPNG2D
Jeremiah 16 in the AS21
Jeremiah 16 in the BAGH
Jeremiah 16 in the BBPNG
Jeremiah 16 in the BBT1E
Jeremiah 16 in the BDS
Jeremiah 16 in the BEV
Jeremiah 16 in the BHAD
Jeremiah 16 in the BIB
Jeremiah 16 in the BLPT
Jeremiah 16 in the BNT
Jeremiah 16 in the BNTABOOT
Jeremiah 16 in the BNTLV
Jeremiah 16 in the BOATCB2
Jeremiah 16 in the BOBCV
Jeremiah 16 in the BOCNT
Jeremiah 16 in the BOECS
Jeremiah 16 in the BOGWICC
Jeremiah 16 in the BOHCB
Jeremiah 16 in the BOHCV
Jeremiah 16 in the BOHLNT
Jeremiah 16 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 16 in the BOICB
Jeremiah 16 in the BOILNTAP
Jeremiah 16 in the BOITCV
Jeremiah 16 in the BOKCV
Jeremiah 16 in the BOKCV2
Jeremiah 16 in the BOKHWOG
Jeremiah 16 in the BOKSSV
Jeremiah 16 in the BOLCB
Jeremiah 16 in the BOLCB2
Jeremiah 16 in the BOMCV
Jeremiah 16 in the BONAV
Jeremiah 16 in the BONCB
Jeremiah 16 in the BONLT
Jeremiah 16 in the BONUT2
Jeremiah 16 in the BOPLNT
Jeremiah 16 in the BOSCB
Jeremiah 16 in the BOSNC
Jeremiah 16 in the BOTLNT
Jeremiah 16 in the BOVCB
Jeremiah 16 in the BOYCB
Jeremiah 16 in the BPBB
Jeremiah 16 in the BPH
Jeremiah 16 in the BSB
Jeremiah 16 in the CCB
Jeremiah 16 in the CUV
Jeremiah 16 in the CUVS
Jeremiah 16 in the DBT
Jeremiah 16 in the DGDNT
Jeremiah 16 in the DHNT
Jeremiah 16 in the DNT
Jeremiah 16 in the ELBE
Jeremiah 16 in the EMTV
Jeremiah 16 in the ESV
Jeremiah 16 in the FBV
Jeremiah 16 in the FEB
Jeremiah 16 in the GGMNT
Jeremiah 16 in the GNT
Jeremiah 16 in the HARY
Jeremiah 16 in the HNT
Jeremiah 16 in the IRVA
Jeremiah 16 in the IRVB
Jeremiah 16 in the IRVG
Jeremiah 16 in the IRVH
Jeremiah 16 in the IRVK
Jeremiah 16 in the IRVM
Jeremiah 16 in the IRVM2
Jeremiah 16 in the IRVO
Jeremiah 16 in the IRVP
Jeremiah 16 in the IRVT
Jeremiah 16 in the IRVT2
Jeremiah 16 in the IRVU
Jeremiah 16 in the ISVN
Jeremiah 16 in the JSNT
Jeremiah 16 in the KAPI
Jeremiah 16 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 16 in the KBV
Jeremiah 16 in the KJV
Jeremiah 16 in the KNFD
Jeremiah 16 in the LBA
Jeremiah 16 in the LBLA
Jeremiah 16 in the LNT
Jeremiah 16 in the LSV
Jeremiah 16 in the MAAL
Jeremiah 16 in the MBV
Jeremiah 16 in the MBV2
Jeremiah 16 in the MHNT
Jeremiah 16 in the MKNFD
Jeremiah 16 in the MNG
Jeremiah 16 in the MNT
Jeremiah 16 in the MNT2
Jeremiah 16 in the MRS1T
Jeremiah 16 in the NAA
Jeremiah 16 in the NASB
Jeremiah 16 in the NBLA
Jeremiah 16 in the NBS
Jeremiah 16 in the NBVTP
Jeremiah 16 in the NET2
Jeremiah 16 in the NIV11
Jeremiah 16 in the NNT
Jeremiah 16 in the NNT2
Jeremiah 16 in the NNT3
Jeremiah 16 in the PDDPT
Jeremiah 16 in the PFNT
Jeremiah 16 in the RMNT
Jeremiah 16 in the SBIAS
Jeremiah 16 in the SBIBS
Jeremiah 16 in the SBIBS2
Jeremiah 16 in the SBICS
Jeremiah 16 in the SBIDS
Jeremiah 16 in the SBIGS
Jeremiah 16 in the SBIHS
Jeremiah 16 in the SBIIS
Jeremiah 16 in the SBIIS2
Jeremiah 16 in the SBIIS3
Jeremiah 16 in the SBIKS
Jeremiah 16 in the SBIKS2
Jeremiah 16 in the SBIMS
Jeremiah 16 in the SBIOS
Jeremiah 16 in the SBIPS
Jeremiah 16 in the SBISS
Jeremiah 16 in the SBITS
Jeremiah 16 in the SBITS2
Jeremiah 16 in the SBITS3
Jeremiah 16 in the SBITS4
Jeremiah 16 in the SBIUS
Jeremiah 16 in the SBIVS
Jeremiah 16 in the SBT
Jeremiah 16 in the SBT1E
Jeremiah 16 in the SCHL
Jeremiah 16 in the SNT
Jeremiah 16 in the SUSU
Jeremiah 16 in the SUSU2
Jeremiah 16 in the SYNO
Jeremiah 16 in the TBIAOTANT
Jeremiah 16 in the TBT1E
Jeremiah 16 in the TBT1E2
Jeremiah 16 in the TFTIP
Jeremiah 16 in the TFTU
Jeremiah 16 in the TGNTATF3T
Jeremiah 16 in the THAI
Jeremiah 16 in the TNFD
Jeremiah 16 in the TNT
Jeremiah 16 in the TNTIK
Jeremiah 16 in the TNTIL
Jeremiah 16 in the TNTIN
Jeremiah 16 in the TNTIP
Jeremiah 16 in the TNTIZ
Jeremiah 16 in the TOMA
Jeremiah 16 in the TTENT
Jeremiah 16 in the UBG
Jeremiah 16 in the UGV
Jeremiah 16 in the UGV2
Jeremiah 16 in the UGV3
Jeremiah 16 in the VBL
Jeremiah 16 in the VDCC
Jeremiah 16 in the YALU
Jeremiah 16 in the YAPE
Jeremiah 16 in the YBVTP
Jeremiah 16 in the ZBP