Jeremiah 33 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: 2 “Yei ne deɛ AWURADE seɛ, deɛ ɔbɔɔ asase, AWURADE a ɔyɛeɛ ma ɛtimiiɛ, AWURADE ne ne din: 3 ‘Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim. 4 Na sei na AWURADE, Israel Onyankopɔn ka: Moabubu afie a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfie ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mmubuiɛ de agyina afasuo no atia mo atamfoɔ ntuano epie ne akofena. 5 Moayɛ mo adwen sɛ mo ne Babiloniafoɔ bɛko, nanso mede mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ bɛkunkum mo, na mo afunu bɛyɛ hɔ ma. Mɛyi mʼani afiri saa kuropɔn yi so ɛsiane nʼamumuyɛ nyinaa enti. 6 “ ‘Nanso, mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfoɔ yadeɛ na mama wɔn anya asomdwoeɛ ne banbɔ a ɛdɔɔso. 7 Mɛsane de Yuda ne Israel afiri nnommumfa mu aba na masane agye wɔn asi hɔ sɛ dea na wɔte dada no. 8 Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuateɛ ho bɔne nso akyɛ wɔn. 9 Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’ 10 “Yei ne deɛ AWURADE seɛ: ‘Woka fa saa beaeɛ yi ho sɛ, “Ada mpan, a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso, Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, ɛhɔ na wɔbɛsane ate bio 11 ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba AWURADE efie nne sɛ,“ ‘Momfa aseda mma Asafo AWURADE,ɛfiri sɛ AWURADE yɛ,na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ”Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, AWURADE, na ɔseɛ. 12 “Yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome. 13 Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ AWURADE, na aka. 14 “ ‘Nna no reba,’ AWURADE na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu. 15 “ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ nomɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase;ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so. 16 Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwana Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu.Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no AWURADE, Yɛn Tenenee.’ 17 Na yei ne deɛ AWURADE seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da, 18 saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ” 19 AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 20 “Yei ne deɛ AWURADE seɛ: ‘Sɛ wobɛtumi abu me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam so, na adekyeɛ ne adesaeɛ amma wɔn ɛberɛ a wɔahyehyɛ no a, 21 ɛnneɛ na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wobɛtumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahennwa so adi ɔhene bio. 22 Mɛma mʼakoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔre te sɛ ɔsoro nsoromma a wɔntumi nkane ne mpoano anwea a wɔntumi nsusuo.’ ” 23 AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 24 “Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘AWURADE apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. 25 Deɛ AWURADE seɛ nie: ‘Sɛ mantintim me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, 26 ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefoɔ, na merennyi ne mmammarima mu baako sɛ ɔnni Abraham, Isak ne Yakob asefoɔ so. Na mede wɔn ahonyadeɛ bɛsane ama wɔn, na manya ayamhyehyeɛ ama wɔn.’ ”

In Other Versions

Jeremiah 33 in the ANGEFD

Jeremiah 33 in the ANTPNG2D

Jeremiah 33 in the AS21

Jeremiah 33 in the BAGH

Jeremiah 33 in the BBPNG

Jeremiah 33 in the BBT1E

Jeremiah 33 in the BDS

Jeremiah 33 in the BEV

Jeremiah 33 in the BHAD

Jeremiah 33 in the BIB

Jeremiah 33 in the BLPT

Jeremiah 33 in the BNT

Jeremiah 33 in the BNTABOOT

Jeremiah 33 in the BNTLV

Jeremiah 33 in the BOATCB2

Jeremiah 33 in the BOBCV

Jeremiah 33 in the BOCNT

Jeremiah 33 in the BOECS

Jeremiah 33 in the BOGWICC

Jeremiah 33 in the BOHCB

Jeremiah 33 in the BOHCV

Jeremiah 33 in the BOHLNT

Jeremiah 33 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 33 in the BOICB

Jeremiah 33 in the BOILNTAP

Jeremiah 33 in the BOITCV

Jeremiah 33 in the BOKCV

Jeremiah 33 in the BOKCV2

Jeremiah 33 in the BOKHWOG

Jeremiah 33 in the BOKSSV

Jeremiah 33 in the BOLCB

Jeremiah 33 in the BOLCB2

Jeremiah 33 in the BOMCV

Jeremiah 33 in the BONAV

Jeremiah 33 in the BONCB

Jeremiah 33 in the BONLT

Jeremiah 33 in the BONUT2

Jeremiah 33 in the BOPLNT

Jeremiah 33 in the BOSCB

Jeremiah 33 in the BOSNC

Jeremiah 33 in the BOTLNT

Jeremiah 33 in the BOVCB

Jeremiah 33 in the BOYCB

Jeremiah 33 in the BPBB

Jeremiah 33 in the BPH

Jeremiah 33 in the BSB

Jeremiah 33 in the CCB

Jeremiah 33 in the CUV

Jeremiah 33 in the CUVS

Jeremiah 33 in the DBT

Jeremiah 33 in the DGDNT

Jeremiah 33 in the DHNT

Jeremiah 33 in the DNT

Jeremiah 33 in the ELBE

Jeremiah 33 in the EMTV

Jeremiah 33 in the ESV

Jeremiah 33 in the FBV

Jeremiah 33 in the FEB

Jeremiah 33 in the GGMNT

Jeremiah 33 in the GNT

Jeremiah 33 in the HARY

Jeremiah 33 in the HNT

Jeremiah 33 in the IRVA

Jeremiah 33 in the IRVB

Jeremiah 33 in the IRVG

Jeremiah 33 in the IRVH

Jeremiah 33 in the IRVK

Jeremiah 33 in the IRVM

Jeremiah 33 in the IRVM2

Jeremiah 33 in the IRVO

Jeremiah 33 in the IRVP

Jeremiah 33 in the IRVT

Jeremiah 33 in the IRVT2

Jeremiah 33 in the IRVU

Jeremiah 33 in the ISVN

Jeremiah 33 in the JSNT

Jeremiah 33 in the KAPI

Jeremiah 33 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 33 in the KBV

Jeremiah 33 in the KJV

Jeremiah 33 in the KNFD

Jeremiah 33 in the LBA

Jeremiah 33 in the LBLA

Jeremiah 33 in the LNT

Jeremiah 33 in the LSV

Jeremiah 33 in the MAAL

Jeremiah 33 in the MBV

Jeremiah 33 in the MBV2

Jeremiah 33 in the MHNT

Jeremiah 33 in the MKNFD

Jeremiah 33 in the MNG

Jeremiah 33 in the MNT

Jeremiah 33 in the MNT2

Jeremiah 33 in the MRS1T

Jeremiah 33 in the NAA

Jeremiah 33 in the NASB

Jeremiah 33 in the NBLA

Jeremiah 33 in the NBS

Jeremiah 33 in the NBVTP

Jeremiah 33 in the NET2

Jeremiah 33 in the NIV11

Jeremiah 33 in the NNT

Jeremiah 33 in the NNT2

Jeremiah 33 in the NNT3

Jeremiah 33 in the PDDPT

Jeremiah 33 in the PFNT

Jeremiah 33 in the RMNT

Jeremiah 33 in the SBIAS

Jeremiah 33 in the SBIBS

Jeremiah 33 in the SBIBS2

Jeremiah 33 in the SBICS

Jeremiah 33 in the SBIDS

Jeremiah 33 in the SBIGS

Jeremiah 33 in the SBIHS

Jeremiah 33 in the SBIIS

Jeremiah 33 in the SBIIS2

Jeremiah 33 in the SBIIS3

Jeremiah 33 in the SBIKS

Jeremiah 33 in the SBIKS2

Jeremiah 33 in the SBIMS

Jeremiah 33 in the SBIOS

Jeremiah 33 in the SBIPS

Jeremiah 33 in the SBISS

Jeremiah 33 in the SBITS

Jeremiah 33 in the SBITS2

Jeremiah 33 in the SBITS3

Jeremiah 33 in the SBITS4

Jeremiah 33 in the SBIUS

Jeremiah 33 in the SBIVS

Jeremiah 33 in the SBT

Jeremiah 33 in the SBT1E

Jeremiah 33 in the SCHL

Jeremiah 33 in the SNT

Jeremiah 33 in the SUSU

Jeremiah 33 in the SUSU2

Jeremiah 33 in the SYNO

Jeremiah 33 in the TBIAOTANT

Jeremiah 33 in the TBT1E

Jeremiah 33 in the TBT1E2

Jeremiah 33 in the TFTIP

Jeremiah 33 in the TFTU

Jeremiah 33 in the TGNTATF3T

Jeremiah 33 in the THAI

Jeremiah 33 in the TNFD

Jeremiah 33 in the TNT

Jeremiah 33 in the TNTIK

Jeremiah 33 in the TNTIL

Jeremiah 33 in the TNTIN

Jeremiah 33 in the TNTIP

Jeremiah 33 in the TNTIZ

Jeremiah 33 in the TOMA

Jeremiah 33 in the TTENT

Jeremiah 33 in the UBG

Jeremiah 33 in the UGV

Jeremiah 33 in the UGV2

Jeremiah 33 in the UGV3

Jeremiah 33 in the VBL

Jeremiah 33 in the VDCC

Jeremiah 33 in the YALU

Jeremiah 33 in the YAPE

Jeremiah 33 in the YBVTP

Jeremiah 33 in the ZBP