Jeremiah 33 (BOATCB2)
1 Bere a Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so se: 2 “Sɛɛ na AWURADE se, nea ɔbɔɔ asase, AWURADE a ɔyɛe na ɔma egyinae, AWURADE ne ne din: 3 ‘Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.’ 4 Na nea AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka de fa afi a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfi ahorow a wɔabubu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nea wɔde besiw ntuano afasu ne afoa no ano, 5 wɔ wɔne Babiloniafo ɔko no mu. ‘Nnipa a mede mʼabufuw ne mʼabufuwhyew bekunkum wɔn no afunu bɛyɛ hɔ ma. Meyi mʼani afi saa kuropɔn yi so esiane nʼamumɔyɛ nyinaa nti. 6 “ ‘Nanso mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfo yare na mama wɔanya asomdwoe ne bammɔ a ɛdɔɔso. 7 Mɛsan de Yuda ne Israel afi nnommum mu aba na masan agye wɔn asi hɔ sɛ nea na wɔte dedaw no. 8 Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuatew ho bɔne nso akyɛ wɔn. 9 Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta, ɛbɛma me anigye, ayeyi ne anuonyam wɔ asase so aman a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wobesuro na wɔn ho apopo wɔ yiyedi ne asomdwoe bebrebe a mede ma no nti.’ 10 “Sɛɛ na AWURADE se: ‘Woka fa saa beae yi ho se, “Ada mpan a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, hɔ na wɔbɛsan ate bio, 11 ahurusi ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔ reba AWURADE fi nne se,“ ‘ “Momfa aseda mma Asafo AWURADE,efisɛ AWURADE ye,na ne dɔ wɔ hɔ daa.”Na mɛsan de asase no so nnepa a wɔwɔ hɔ dedaw no aba bio,’ AWURADE, na ose. 12 “Sɛɛ na Asafo AWURADE se: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni no; ne nkurow nyinaa so no, wobenya nguanhwɛfo adidibea ne nea wɔn nguankuw bɛhome. 13 Nkurow a ɛwɔ ɔman a ɛda bepɔw so no atɔe fam mmepɔw ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkurow mu, nguankuw betwa mu bio wɔ nea ɔkan wɔn no nsa ase.’ AWURADE, na waka. 14 “ ‘Nna no reba,’ AWURADE na ose, a mɛma adom bɔ a mehyɛɛ Israel ne Yudafi no aba mu. 15 “ ‘Nna no mu ne saa bere nomɛma trenee Dubaa afefɛw afi Dawid ase;ɔbɛyɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase no so. 16 Saa nna no mu, wobegye Yuda nkwana Yerusalem bɛtena asomdwoe mu.Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no AWURADE, Yɛn Trenee.’ 17 Na sɛɛ na AWURADE se: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel ahengua so no remmɔ Dawid da, 18 saa ara nso na asɔfo a wɔyɛ Lewifo no, ɔbarima a obegyina mʼanim daa abɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre na ɔde afɔre ahorow abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ” 19 AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 20 “Sɛɛ na AWURADE se: ‘Sɛ wubetumi abu me ne adekyee ne adesae apam so, na adekyee ne adesae amma wɔn bere a wɔahyehyɛ no a, 21 ɛno de, na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wubetumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahengua so adi hene bio. 22 Mɛma mʼakoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔ te sɛ ɔsoro nsoromma a wontumi nkan ne mpoano nwea a wontumi nsusuw.’ ” 23 AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 24 “Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘AWURADE apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. 25 Nea AWURADE se ni: ‘Sɛ mantintim me ne adekyee ne adesae apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, 26 ɛno de anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefo, na merenyi ne mmabarima mu baako sɛ onni Abraham, Isak ne Yakob asefo so. Na mede wɔn ahonyade bɛsan ama wɔn, na manya ayamhyehye ama wɔn.’ ”
In Other Versions
Jeremiah 33 in the ANGEFD
Jeremiah 33 in the ANTPNG2D
Jeremiah 33 in the AS21
Jeremiah 33 in the BAGH
Jeremiah 33 in the BBPNG
Jeremiah 33 in the BBT1E
Jeremiah 33 in the BDS
Jeremiah 33 in the BEV
Jeremiah 33 in the BHAD
Jeremiah 33 in the BIB
Jeremiah 33 in the BLPT
Jeremiah 33 in the BNT
Jeremiah 33 in the BNTABOOT
Jeremiah 33 in the BNTLV
Jeremiah 33 in the BOATCB
Jeremiah 33 in the BOBCV
Jeremiah 33 in the BOCNT
Jeremiah 33 in the BOECS
Jeremiah 33 in the BOGWICC
Jeremiah 33 in the BOHCB
Jeremiah 33 in the BOHCV
Jeremiah 33 in the BOHLNT
Jeremiah 33 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 33 in the BOICB
Jeremiah 33 in the BOILNTAP
Jeremiah 33 in the BOITCV
Jeremiah 33 in the BOKCV
Jeremiah 33 in the BOKCV2
Jeremiah 33 in the BOKHWOG
Jeremiah 33 in the BOKSSV
Jeremiah 33 in the BOLCB
Jeremiah 33 in the BOLCB2
Jeremiah 33 in the BOMCV
Jeremiah 33 in the BONAV
Jeremiah 33 in the BONCB
Jeremiah 33 in the BONLT
Jeremiah 33 in the BONUT2
Jeremiah 33 in the BOPLNT
Jeremiah 33 in the BOSCB
Jeremiah 33 in the BOSNC
Jeremiah 33 in the BOTLNT
Jeremiah 33 in the BOVCB
Jeremiah 33 in the BOYCB
Jeremiah 33 in the BPBB
Jeremiah 33 in the BPH
Jeremiah 33 in the BSB
Jeremiah 33 in the CCB
Jeremiah 33 in the CUV
Jeremiah 33 in the CUVS
Jeremiah 33 in the DBT
Jeremiah 33 in the DGDNT
Jeremiah 33 in the DHNT
Jeremiah 33 in the DNT
Jeremiah 33 in the ELBE
Jeremiah 33 in the EMTV
Jeremiah 33 in the ESV
Jeremiah 33 in the FBV
Jeremiah 33 in the FEB
Jeremiah 33 in the GGMNT
Jeremiah 33 in the GNT
Jeremiah 33 in the HARY
Jeremiah 33 in the HNT
Jeremiah 33 in the IRVA
Jeremiah 33 in the IRVB
Jeremiah 33 in the IRVG
Jeremiah 33 in the IRVH
Jeremiah 33 in the IRVK
Jeremiah 33 in the IRVM
Jeremiah 33 in the IRVM2
Jeremiah 33 in the IRVO
Jeremiah 33 in the IRVP
Jeremiah 33 in the IRVT
Jeremiah 33 in the IRVT2
Jeremiah 33 in the IRVU
Jeremiah 33 in the ISVN
Jeremiah 33 in the JSNT
Jeremiah 33 in the KAPI
Jeremiah 33 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 33 in the KBV
Jeremiah 33 in the KJV
Jeremiah 33 in the KNFD
Jeremiah 33 in the LBA
Jeremiah 33 in the LBLA
Jeremiah 33 in the LNT
Jeremiah 33 in the LSV
Jeremiah 33 in the MAAL
Jeremiah 33 in the MBV
Jeremiah 33 in the MBV2
Jeremiah 33 in the MHNT
Jeremiah 33 in the MKNFD
Jeremiah 33 in the MNG
Jeremiah 33 in the MNT
Jeremiah 33 in the MNT2
Jeremiah 33 in the MRS1T
Jeremiah 33 in the NAA
Jeremiah 33 in the NASB
Jeremiah 33 in the NBLA
Jeremiah 33 in the NBS
Jeremiah 33 in the NBVTP
Jeremiah 33 in the NET2
Jeremiah 33 in the NIV11
Jeremiah 33 in the NNT
Jeremiah 33 in the NNT2
Jeremiah 33 in the NNT3
Jeremiah 33 in the PDDPT
Jeremiah 33 in the PFNT
Jeremiah 33 in the RMNT
Jeremiah 33 in the SBIAS
Jeremiah 33 in the SBIBS
Jeremiah 33 in the SBIBS2
Jeremiah 33 in the SBICS
Jeremiah 33 in the SBIDS
Jeremiah 33 in the SBIGS
Jeremiah 33 in the SBIHS
Jeremiah 33 in the SBIIS
Jeremiah 33 in the SBIIS2
Jeremiah 33 in the SBIIS3
Jeremiah 33 in the SBIKS
Jeremiah 33 in the SBIKS2
Jeremiah 33 in the SBIMS
Jeremiah 33 in the SBIOS
Jeremiah 33 in the SBIPS
Jeremiah 33 in the SBISS
Jeremiah 33 in the SBITS
Jeremiah 33 in the SBITS2
Jeremiah 33 in the SBITS3
Jeremiah 33 in the SBITS4
Jeremiah 33 in the SBIUS
Jeremiah 33 in the SBIVS
Jeremiah 33 in the SBT
Jeremiah 33 in the SBT1E
Jeremiah 33 in the SCHL
Jeremiah 33 in the SNT
Jeremiah 33 in the SUSU
Jeremiah 33 in the SUSU2
Jeremiah 33 in the SYNO
Jeremiah 33 in the TBIAOTANT
Jeremiah 33 in the TBT1E
Jeremiah 33 in the TBT1E2
Jeremiah 33 in the TFTIP
Jeremiah 33 in the TFTU
Jeremiah 33 in the TGNTATF3T
Jeremiah 33 in the THAI
Jeremiah 33 in the TNFD
Jeremiah 33 in the TNT
Jeremiah 33 in the TNTIK
Jeremiah 33 in the TNTIL
Jeremiah 33 in the TNTIN
Jeremiah 33 in the TNTIP
Jeremiah 33 in the TNTIZ
Jeremiah 33 in the TOMA
Jeremiah 33 in the TTENT
Jeremiah 33 in the UBG
Jeremiah 33 in the UGV
Jeremiah 33 in the UGV2
Jeremiah 33 in the UGV3
Jeremiah 33 in the VBL
Jeremiah 33 in the VDCC
Jeremiah 33 in the YALU
Jeremiah 33 in the YAPE
Jeremiah 33 in the YBVTP
Jeremiah 33 in the ZBP