Jeremiah 44 (BOATCB)

1 Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Misraim anafoɔ fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam ho. 2 “Yei ne deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ: Mohunuu amanehunu kɛseɛ a mede baa Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa so. Ɛnnɛ wɔayeyɛ amanfo na wɔasɛe 3 ɛsiane bɔne a wɔayɛ no enti. Wɔhyee nnuhwam, somm anyame foforɔ a wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuo. 4 Mpɛn bebree mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Monnyɛ saa atantanneɛ a mekyiri no!’ 5 Nanso wɔantie. Wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannane amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho na wɔannyae hye a wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ no. 6 Enti, mehwiee mʼabufuo guiɛ na ɛdɛre kɔɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, ma ɛsɛɛsɛeɛ na ɛdedaa mpan sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi. 7 “Na seesei, deɛ Asafo AWURADE Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na mode amanehunu kɛseɛ aba mo ho so, sɛ moyii mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mmotafowa firii Yuda a moangya nkaeɛfoɔ biara amma mo ho. 8 Adɛn enti na mode deɛ mo nsa ayɛ hyɛ me abufuo, na mohye nnuhwam ma anyame foforɔ wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnomedeɛ ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu. 9 Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa? 10 Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so. 11 “Enti, deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa. 12 Mɛfa Yuda nkaeɛfoɔ a wɔsii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ akofena ano anaa ɛkɔm bɛkum wɔn. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, akofena ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbudeɛ ne ahohora. 13 Mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim aso, sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no. 14 Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.” 15 Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, 16 “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ AWURADE din mu no! 17 Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso. 18 Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.” 19 Na mmaa no nso ka kaa ho sɛ, “Ɛberɛ a yɛhyee nnuhwam maa Ɔsoro Hemmaa na yɛhwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no anaa?” 20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa, mmarima ne mmaa a wɔrebua noɔ no sɛ, 21 “Mosusu sɛ, AWURADE nnim sɛ na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no hye nnuhwam ma ahoni wɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem mmɔntene so anaa? 22 Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo AWURADE no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 23 Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia AWURADE, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.” 24 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmaa no ka ho sɛ, “Mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa montie AWURADE asɛm. 25 Yei ne deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛɛ akyerɛ mo bɔ a mohyɛɛ sɛ, ‘Ampa ara yɛbɛdi ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ, yɛbɛhye nnuhwam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmaa no, no so.’“Monkɔ so, monni mo bɔhyɛ ne mo ntam so! 26 Nanso, montie AWURADE asɛm, mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa. ‘Mede me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,’ deɛ AWURADE seɛ nie, ‘obiara a ɔfiri Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da sɛ, “Sɛ Otumfoɔ AWURADE te ase yi.” 27 Na mɛhwɛ ama wɔahunu amane na ɛnyɛ yiedie; Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim bɛwuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 28 Wɔn a wɔbɛdwane afiri akofena ano na wasane afiri Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkaeɛfoɔ a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa bɛhunu deɛ nʼasɛm yɛ nokorɛ; me deɛ anaa wɔn deɛ. 29 “ ‘Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na mo ahunu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ AWURADE na ɔseɛ. 30 ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔkum no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne ɔtamfoɔ a na ɔrepɛ no akum no no nsa. Yei ne deɛ AWURADE seɛ.’ ”

In Other Versions

Jeremiah 44 in the ANGEFD

Jeremiah 44 in the ANTPNG2D

Jeremiah 44 in the AS21

Jeremiah 44 in the BAGH

Jeremiah 44 in the BBPNG

Jeremiah 44 in the BBT1E

Jeremiah 44 in the BDS

Jeremiah 44 in the BEV

Jeremiah 44 in the BHAD

Jeremiah 44 in the BIB

Jeremiah 44 in the BLPT

Jeremiah 44 in the BNT

Jeremiah 44 in the BNTABOOT

Jeremiah 44 in the BNTLV

Jeremiah 44 in the BOATCB2

Jeremiah 44 in the BOBCV

Jeremiah 44 in the BOCNT

Jeremiah 44 in the BOECS

Jeremiah 44 in the BOGWICC

Jeremiah 44 in the BOHCB

Jeremiah 44 in the BOHCV

Jeremiah 44 in the BOHLNT

Jeremiah 44 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 44 in the BOICB

Jeremiah 44 in the BOILNTAP

Jeremiah 44 in the BOITCV

Jeremiah 44 in the BOKCV

Jeremiah 44 in the BOKCV2

Jeremiah 44 in the BOKHWOG

Jeremiah 44 in the BOKSSV

Jeremiah 44 in the BOLCB

Jeremiah 44 in the BOLCB2

Jeremiah 44 in the BOMCV

Jeremiah 44 in the BONAV

Jeremiah 44 in the BONCB

Jeremiah 44 in the BONLT

Jeremiah 44 in the BONUT2

Jeremiah 44 in the BOPLNT

Jeremiah 44 in the BOSCB

Jeremiah 44 in the BOSNC

Jeremiah 44 in the BOTLNT

Jeremiah 44 in the BOVCB

Jeremiah 44 in the BOYCB

Jeremiah 44 in the BPBB

Jeremiah 44 in the BPH

Jeremiah 44 in the BSB

Jeremiah 44 in the CCB

Jeremiah 44 in the CUV

Jeremiah 44 in the CUVS

Jeremiah 44 in the DBT

Jeremiah 44 in the DGDNT

Jeremiah 44 in the DHNT

Jeremiah 44 in the DNT

Jeremiah 44 in the ELBE

Jeremiah 44 in the EMTV

Jeremiah 44 in the ESV

Jeremiah 44 in the FBV

Jeremiah 44 in the FEB

Jeremiah 44 in the GGMNT

Jeremiah 44 in the GNT

Jeremiah 44 in the HARY

Jeremiah 44 in the HNT

Jeremiah 44 in the IRVA

Jeremiah 44 in the IRVB

Jeremiah 44 in the IRVG

Jeremiah 44 in the IRVH

Jeremiah 44 in the IRVK

Jeremiah 44 in the IRVM

Jeremiah 44 in the IRVM2

Jeremiah 44 in the IRVO

Jeremiah 44 in the IRVP

Jeremiah 44 in the IRVT

Jeremiah 44 in the IRVT2

Jeremiah 44 in the IRVU

Jeremiah 44 in the ISVN

Jeremiah 44 in the JSNT

Jeremiah 44 in the KAPI

Jeremiah 44 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 44 in the KBV

Jeremiah 44 in the KJV

Jeremiah 44 in the KNFD

Jeremiah 44 in the LBA

Jeremiah 44 in the LBLA

Jeremiah 44 in the LNT

Jeremiah 44 in the LSV

Jeremiah 44 in the MAAL

Jeremiah 44 in the MBV

Jeremiah 44 in the MBV2

Jeremiah 44 in the MHNT

Jeremiah 44 in the MKNFD

Jeremiah 44 in the MNG

Jeremiah 44 in the MNT

Jeremiah 44 in the MNT2

Jeremiah 44 in the MRS1T

Jeremiah 44 in the NAA

Jeremiah 44 in the NASB

Jeremiah 44 in the NBLA

Jeremiah 44 in the NBS

Jeremiah 44 in the NBVTP

Jeremiah 44 in the NET2

Jeremiah 44 in the NIV11

Jeremiah 44 in the NNT

Jeremiah 44 in the NNT2

Jeremiah 44 in the NNT3

Jeremiah 44 in the PDDPT

Jeremiah 44 in the PFNT

Jeremiah 44 in the RMNT

Jeremiah 44 in the SBIAS

Jeremiah 44 in the SBIBS

Jeremiah 44 in the SBIBS2

Jeremiah 44 in the SBICS

Jeremiah 44 in the SBIDS

Jeremiah 44 in the SBIGS

Jeremiah 44 in the SBIHS

Jeremiah 44 in the SBIIS

Jeremiah 44 in the SBIIS2

Jeremiah 44 in the SBIIS3

Jeremiah 44 in the SBIKS

Jeremiah 44 in the SBIKS2

Jeremiah 44 in the SBIMS

Jeremiah 44 in the SBIOS

Jeremiah 44 in the SBIPS

Jeremiah 44 in the SBISS

Jeremiah 44 in the SBITS

Jeremiah 44 in the SBITS2

Jeremiah 44 in the SBITS3

Jeremiah 44 in the SBITS4

Jeremiah 44 in the SBIUS

Jeremiah 44 in the SBIVS

Jeremiah 44 in the SBT

Jeremiah 44 in the SBT1E

Jeremiah 44 in the SCHL

Jeremiah 44 in the SNT

Jeremiah 44 in the SUSU

Jeremiah 44 in the SUSU2

Jeremiah 44 in the SYNO

Jeremiah 44 in the TBIAOTANT

Jeremiah 44 in the TBT1E

Jeremiah 44 in the TBT1E2

Jeremiah 44 in the TFTIP

Jeremiah 44 in the TFTU

Jeremiah 44 in the TGNTATF3T

Jeremiah 44 in the THAI

Jeremiah 44 in the TNFD

Jeremiah 44 in the TNT

Jeremiah 44 in the TNTIK

Jeremiah 44 in the TNTIL

Jeremiah 44 in the TNTIN

Jeremiah 44 in the TNTIP

Jeremiah 44 in the TNTIZ

Jeremiah 44 in the TOMA

Jeremiah 44 in the TTENT

Jeremiah 44 in the UBG

Jeremiah 44 in the UGV

Jeremiah 44 in the UGV2

Jeremiah 44 in the UGV3

Jeremiah 44 in the VBL

Jeremiah 44 in the VDCC

Jeremiah 44 in the YALU

Jeremiah 44 in the YAPE

Jeremiah 44 in the YBVTP

Jeremiah 44 in the ZBP