Jeremiah 44 (BOATCB2)

1 Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn; ɛfa Yudafo a wɔtete Misraim anafo fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam no ho. 2 “Sɛɛ na Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Muhuu amanehunu kɛse a mede baa Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no. Nnɛ wɔayeyɛ amamfo na wɔasɛesɛe 3 esiane bɔne a wɔayɛ no nti. Wɔhyew nnuhuam, som anyame foforo a, wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuw. 4 Mesomaa mʼasomfo adiyifo mpɛn pii a wɔkae se, ‘Monnyɛ saa atantanne a mikyi no!’ 5 Nanso wɔantie, wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannan amfi wɔn amumɔyɛsɛm no ho na wɔannyae hyew a wɔhyew nnuhuam ma anyame foforo no. 6 Enti mihwiee mʼabufuw gui, na ɛdɛw kɔɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so ma ɛsɛesɛe na ɛdedaa mpan sɛnea ɛtete nnɛ yi. 7 “Na mprempren, nea Asafo AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Adɛn nti na mode amanehunu kɛse aba mo ho so, sɛ muyii mmarima ne mmea, mmofra ne mmotafowa fii Yuda a moannyaw nkae biara amma mo ho. 8 Adɛn nti na mode nea mo nsa ayɛ hyɛ me abufuw, na mohyew nnuhuam ma anyame foforo wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ no? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnome ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu. 9 Mo werɛ afi amumɔyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemmea yɛe, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔnten so no ana? 10 Ebesi nnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa nidi adi na wonnii me mmara ne ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no so. 11 “Enti nea Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa. 12 Mɛfa Yuda nkae a wosii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bewuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano anaa ɔkɔm bekum wɔn. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, afoa ne ɔkɔm bekunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbude ne ahohora. 13 Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim no aso, sɛnea metwee Yerusalem aso no. 14 Yuda nkae a wɔakɔtena Misraim no mu biara renguan, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasan aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsan bɛtena so no so; wɔn mu biara remma, gye aguanfo kakraa bi.” 15 Afei mmarima a na wonim sɛ wɔn yerenom hyew nnuhuam ma anyame foforo, wɔne mmea a wɔwɔ hɔ no nyinaa, nnipadɔm no, ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafo fam ka kyerɛɛ Yeremia se, 16 “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ AWURADE din mu no! 17 Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkae se yɛbɛyɛ: Yɛbɛhyew nnuhuam ama Ɔsoro Hemmea na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛnea yɛne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfo yɛɛ wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no pɛpɛɛpɛ. Saa bere no na yɛwɔ aduan, na yedi yiye a yenni ɔhaw biara nso. 18 Nanso efi bere a yegyaee nnuhuam a yɛhyew ma Ɔsoro Hemmea, na yegyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano.” 19 Na mmea no ka kaa ho se, “Bere a yɛhyew nnuhuam maa Ɔsoro Hemmea, na yehwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no ana?” 20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa; mmarima ne mmea a wɔrebua no no se, 21 “Mususuw sɛ, AWURADE nnim sɛ, na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfo ne ɔmanfo no hyew nnuhuam ma ahoni wɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem mmɔnten so ana? 22 Bere a mo amumɔyɛ ne akyiwade a moyɛɛ no fonoo AWURADE no, mo asase dannan nnomede ne amamfo a obiara nte so, sɛnea ɛte nnɛ yi. 23 Esiane sɛ moahyew nnuhuam, ayɛ bɔne atia AWURADE, na moanyɛ osetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛde ne nʼadansesɛm so nti, amanehunu aba mo so sɛnea muhu yi.” 24 Afei Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmea no ka ho se, “Mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa muntie AWURADE asɛm. 25 Sɛɛ na Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛe akyerɛ mo bɔ a mohyɛe se, ‘Ampa ara yebedi bɔ a yɛhyɛe sɛ, yɛbɛhyew nnuhuam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmea no,’ no so.”Monkɔ so, munni mo bɔhyɛ ne mo ntam so! 26 Nanso muntie AWURADE asɛm, mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa. Mede me din kɛse no ka ntam se, nea AWURADE se ni, obiara a ofi Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da se, “Sɛ Otumfo AWURADE te ase yi.” 27 Na mɛhwɛ ama wɔahu amane na ɛnyɛ yiyedi; Yudafo a wɔwɔ Misraim bewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 28 Wɔn a wobeguan afi afoa ano na wɔasan afi Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkae a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa behu nea nʼasɛm yɛ nokware; me de anaa wɔn de. 29 “ ‘Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na moahu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ AWURADE na ose. 30 ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfo a wɔpɛ sɛ wokum no no nsa, sɛnea mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne tamfo a na ɔrehwehwɛ no akum no no nsa. Sɛɛ na AWURADE se.’ ”

In Other Versions

Jeremiah 44 in the ANGEFD

Jeremiah 44 in the ANTPNG2D

Jeremiah 44 in the AS21

Jeremiah 44 in the BAGH

Jeremiah 44 in the BBPNG

Jeremiah 44 in the BBT1E

Jeremiah 44 in the BDS

Jeremiah 44 in the BEV

Jeremiah 44 in the BHAD

Jeremiah 44 in the BIB

Jeremiah 44 in the BLPT

Jeremiah 44 in the BNT

Jeremiah 44 in the BNTABOOT

Jeremiah 44 in the BNTLV

Jeremiah 44 in the BOATCB

Jeremiah 44 in the BOBCV

Jeremiah 44 in the BOCNT

Jeremiah 44 in the BOECS

Jeremiah 44 in the BOGWICC

Jeremiah 44 in the BOHCB

Jeremiah 44 in the BOHCV

Jeremiah 44 in the BOHLNT

Jeremiah 44 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 44 in the BOICB

Jeremiah 44 in the BOILNTAP

Jeremiah 44 in the BOITCV

Jeremiah 44 in the BOKCV

Jeremiah 44 in the BOKCV2

Jeremiah 44 in the BOKHWOG

Jeremiah 44 in the BOKSSV

Jeremiah 44 in the BOLCB

Jeremiah 44 in the BOLCB2

Jeremiah 44 in the BOMCV

Jeremiah 44 in the BONAV

Jeremiah 44 in the BONCB

Jeremiah 44 in the BONLT

Jeremiah 44 in the BONUT2

Jeremiah 44 in the BOPLNT

Jeremiah 44 in the BOSCB

Jeremiah 44 in the BOSNC

Jeremiah 44 in the BOTLNT

Jeremiah 44 in the BOVCB

Jeremiah 44 in the BOYCB

Jeremiah 44 in the BPBB

Jeremiah 44 in the BPH

Jeremiah 44 in the BSB

Jeremiah 44 in the CCB

Jeremiah 44 in the CUV

Jeremiah 44 in the CUVS

Jeremiah 44 in the DBT

Jeremiah 44 in the DGDNT

Jeremiah 44 in the DHNT

Jeremiah 44 in the DNT

Jeremiah 44 in the ELBE

Jeremiah 44 in the EMTV

Jeremiah 44 in the ESV

Jeremiah 44 in the FBV

Jeremiah 44 in the FEB

Jeremiah 44 in the GGMNT

Jeremiah 44 in the GNT

Jeremiah 44 in the HARY

Jeremiah 44 in the HNT

Jeremiah 44 in the IRVA

Jeremiah 44 in the IRVB

Jeremiah 44 in the IRVG

Jeremiah 44 in the IRVH

Jeremiah 44 in the IRVK

Jeremiah 44 in the IRVM

Jeremiah 44 in the IRVM2

Jeremiah 44 in the IRVO

Jeremiah 44 in the IRVP

Jeremiah 44 in the IRVT

Jeremiah 44 in the IRVT2

Jeremiah 44 in the IRVU

Jeremiah 44 in the ISVN

Jeremiah 44 in the JSNT

Jeremiah 44 in the KAPI

Jeremiah 44 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 44 in the KBV

Jeremiah 44 in the KJV

Jeremiah 44 in the KNFD

Jeremiah 44 in the LBA

Jeremiah 44 in the LBLA

Jeremiah 44 in the LNT

Jeremiah 44 in the LSV

Jeremiah 44 in the MAAL

Jeremiah 44 in the MBV

Jeremiah 44 in the MBV2

Jeremiah 44 in the MHNT

Jeremiah 44 in the MKNFD

Jeremiah 44 in the MNG

Jeremiah 44 in the MNT

Jeremiah 44 in the MNT2

Jeremiah 44 in the MRS1T

Jeremiah 44 in the NAA

Jeremiah 44 in the NASB

Jeremiah 44 in the NBLA

Jeremiah 44 in the NBS

Jeremiah 44 in the NBVTP

Jeremiah 44 in the NET2

Jeremiah 44 in the NIV11

Jeremiah 44 in the NNT

Jeremiah 44 in the NNT2

Jeremiah 44 in the NNT3

Jeremiah 44 in the PDDPT

Jeremiah 44 in the PFNT

Jeremiah 44 in the RMNT

Jeremiah 44 in the SBIAS

Jeremiah 44 in the SBIBS

Jeremiah 44 in the SBIBS2

Jeremiah 44 in the SBICS

Jeremiah 44 in the SBIDS

Jeremiah 44 in the SBIGS

Jeremiah 44 in the SBIHS

Jeremiah 44 in the SBIIS

Jeremiah 44 in the SBIIS2

Jeremiah 44 in the SBIIS3

Jeremiah 44 in the SBIKS

Jeremiah 44 in the SBIKS2

Jeremiah 44 in the SBIMS

Jeremiah 44 in the SBIOS

Jeremiah 44 in the SBIPS

Jeremiah 44 in the SBISS

Jeremiah 44 in the SBITS

Jeremiah 44 in the SBITS2

Jeremiah 44 in the SBITS3

Jeremiah 44 in the SBITS4

Jeremiah 44 in the SBIUS

Jeremiah 44 in the SBIVS

Jeremiah 44 in the SBT

Jeremiah 44 in the SBT1E

Jeremiah 44 in the SCHL

Jeremiah 44 in the SNT

Jeremiah 44 in the SUSU

Jeremiah 44 in the SUSU2

Jeremiah 44 in the SYNO

Jeremiah 44 in the TBIAOTANT

Jeremiah 44 in the TBT1E

Jeremiah 44 in the TBT1E2

Jeremiah 44 in the TFTIP

Jeremiah 44 in the TFTU

Jeremiah 44 in the TGNTATF3T

Jeremiah 44 in the THAI

Jeremiah 44 in the TNFD

Jeremiah 44 in the TNT

Jeremiah 44 in the TNTIK

Jeremiah 44 in the TNTIL

Jeremiah 44 in the TNTIN

Jeremiah 44 in the TNTIP

Jeremiah 44 in the TNTIZ

Jeremiah 44 in the TOMA

Jeremiah 44 in the TTENT

Jeremiah 44 in the UBG

Jeremiah 44 in the UGV

Jeremiah 44 in the UGV2

Jeremiah 44 in the UGV3

Jeremiah 44 in the VBL

Jeremiah 44 in the VDCC

Jeremiah 44 in the YALU

Jeremiah 44 in the YAPE

Jeremiah 44 in the YBVTP

Jeremiah 44 in the ZBP