John 10 (BOATCB)

1 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ. 2 Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no. 3 Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. 4 Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne. 5 Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.” 6 Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no. 8 Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. 9 Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea. 10 Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara. 11 “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan. 12 Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete. 13 Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho. 14 “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me, 15 sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no. 16 Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17 Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.” 19 Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu. 20 Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?” 21 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?” 22 Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 24 Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.” 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ, 26 nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan. 27 Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. 28 Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 30 Me ne Agya no yɛ baako.” 31 Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?” 33 Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!” 34 Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’ 35 Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a, 36 ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm? 37 Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni. 38 Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39 Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi. 40 Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.” 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ.

In Other Versions

John 10 in the ANGEFD

John 10 in the ANTPNG2D

John 10 in the AS21

John 10 in the BAGH

John 10 in the BBPNG

John 10 in the BBT1E

John 10 in the BDS

John 10 in the BEV

John 10 in the BHAD

John 10 in the BIB

John 10 in the BLPT

John 10 in the BNT

John 10 in the BNTABOOT

John 10 in the BNTLV

John 10 in the BOATCB2

John 10 in the BOBCV

John 10 in the BOCNT

John 10 in the BOECS

John 10 in the BOGWICC

John 10 in the BOHCB

John 10 in the BOHCV

John 10 in the BOHLNT

John 10 in the BOHNTLTAL

John 10 in the BOICB

John 10 in the BOILNTAP

John 10 in the BOITCV

John 10 in the BOKCV

John 10 in the BOKCV2

John 10 in the BOKHWOG

John 10 in the BOKSSV

John 10 in the BOLCB

John 10 in the BOLCB2

John 10 in the BOMCV

John 10 in the BONAV

John 10 in the BONCB

John 10 in the BONLT

John 10 in the BONUT2

John 10 in the BOPLNT

John 10 in the BOSCB

John 10 in the BOSNC

John 10 in the BOTLNT

John 10 in the BOVCB

John 10 in the BOYCB

John 10 in the BPBB

John 10 in the BPH

John 10 in the BSB

John 10 in the CCB

John 10 in the CUV

John 10 in the CUVS

John 10 in the DBT

John 10 in the DGDNT

John 10 in the DHNT

John 10 in the DNT

John 10 in the ELBE

John 10 in the EMTV

John 10 in the ESV

John 10 in the FBV

John 10 in the FEB

John 10 in the GGMNT

John 10 in the GNT

John 10 in the HARY

John 10 in the HNT

John 10 in the IRVA

John 10 in the IRVB

John 10 in the IRVG

John 10 in the IRVH

John 10 in the IRVK

John 10 in the IRVM

John 10 in the IRVM2

John 10 in the IRVO

John 10 in the IRVP

John 10 in the IRVT

John 10 in the IRVT2

John 10 in the IRVU

John 10 in the ISVN

John 10 in the JSNT

John 10 in the KAPI

John 10 in the KBT1ETNIK

John 10 in the KBV

John 10 in the KJV

John 10 in the KNFD

John 10 in the LBA

John 10 in the LBLA

John 10 in the LNT

John 10 in the LSV

John 10 in the MAAL

John 10 in the MBV

John 10 in the MBV2

John 10 in the MHNT

John 10 in the MKNFD

John 10 in the MNG

John 10 in the MNT

John 10 in the MNT2

John 10 in the MRS1T

John 10 in the NAA

John 10 in the NASB

John 10 in the NBLA

John 10 in the NBS

John 10 in the NBVTP

John 10 in the NET2

John 10 in the NIV11

John 10 in the NNT

John 10 in the NNT2

John 10 in the NNT3

John 10 in the PDDPT

John 10 in the PFNT

John 10 in the RMNT

John 10 in the SBIAS

John 10 in the SBIBS

John 10 in the SBIBS2

John 10 in the SBICS

John 10 in the SBIDS

John 10 in the SBIGS

John 10 in the SBIHS

John 10 in the SBIIS

John 10 in the SBIIS2

John 10 in the SBIIS3

John 10 in the SBIKS

John 10 in the SBIKS2

John 10 in the SBIMS

John 10 in the SBIOS

John 10 in the SBIPS

John 10 in the SBISS

John 10 in the SBITS

John 10 in the SBITS2

John 10 in the SBITS3

John 10 in the SBITS4

John 10 in the SBIUS

John 10 in the SBIVS

John 10 in the SBT

John 10 in the SBT1E

John 10 in the SCHL

John 10 in the SNT

John 10 in the SUSU

John 10 in the SUSU2

John 10 in the SYNO

John 10 in the TBIAOTANT

John 10 in the TBT1E

John 10 in the TBT1E2

John 10 in the TFTIP

John 10 in the TFTU

John 10 in the TGNTATF3T

John 10 in the THAI

John 10 in the TNFD

John 10 in the TNT

John 10 in the TNTIK

John 10 in the TNTIL

John 10 in the TNTIN

John 10 in the TNTIP

John 10 in the TNTIZ

John 10 in the TOMA

John 10 in the TTENT

John 10 in the UBG

John 10 in the UGV

John 10 in the UGV2

John 10 in the UGV3

John 10 in the VBL

John 10 in the VDCC

John 10 in the YALU

John 10 in the YAPE

John 10 in the YBVTP

John 10 in the ZBP