John 10 (BOATCB2)

1 “Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo. 2 Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no. 3 Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. 4 Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne. 5 Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.” 6 Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no. 8 Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi. 9 Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea. 10 Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu. 11 “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan. 12 Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete. 13 Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho. 14 “Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15 sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no. 16 Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17 Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.” 19 Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu. 20 Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?” 21 Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?” 22 Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so. 24 Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.” 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse, 26 nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan. 27 Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. 28 Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 30 Me ne Agya no yɛ baako.” 31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?” 33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!” 34 Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’ 35 Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a, 36 adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm? 37 Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni. 38 Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39 Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi. 40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.

In Other Versions

John 10 in the ANGEFD

John 10 in the ANTPNG2D

John 10 in the AS21

John 10 in the BAGH

John 10 in the BBPNG

John 10 in the BBT1E

John 10 in the BDS

John 10 in the BEV

John 10 in the BHAD

John 10 in the BIB

John 10 in the BLPT

John 10 in the BNT

John 10 in the BNTABOOT

John 10 in the BNTLV

John 10 in the BOATCB

John 10 in the BOBCV

John 10 in the BOCNT

John 10 in the BOECS

John 10 in the BOGWICC

John 10 in the BOHCB

John 10 in the BOHCV

John 10 in the BOHLNT

John 10 in the BOHNTLTAL

John 10 in the BOICB

John 10 in the BOILNTAP

John 10 in the BOITCV

John 10 in the BOKCV

John 10 in the BOKCV2

John 10 in the BOKHWOG

John 10 in the BOKSSV

John 10 in the BOLCB

John 10 in the BOLCB2

John 10 in the BOMCV

John 10 in the BONAV

John 10 in the BONCB

John 10 in the BONLT

John 10 in the BONUT2

John 10 in the BOPLNT

John 10 in the BOSCB

John 10 in the BOSNC

John 10 in the BOTLNT

John 10 in the BOVCB

John 10 in the BOYCB

John 10 in the BPBB

John 10 in the BPH

John 10 in the BSB

John 10 in the CCB

John 10 in the CUV

John 10 in the CUVS

John 10 in the DBT

John 10 in the DGDNT

John 10 in the DHNT

John 10 in the DNT

John 10 in the ELBE

John 10 in the EMTV

John 10 in the ESV

John 10 in the FBV

John 10 in the FEB

John 10 in the GGMNT

John 10 in the GNT

John 10 in the HARY

John 10 in the HNT

John 10 in the IRVA

John 10 in the IRVB

John 10 in the IRVG

John 10 in the IRVH

John 10 in the IRVK

John 10 in the IRVM

John 10 in the IRVM2

John 10 in the IRVO

John 10 in the IRVP

John 10 in the IRVT

John 10 in the IRVT2

John 10 in the IRVU

John 10 in the ISVN

John 10 in the JSNT

John 10 in the KAPI

John 10 in the KBT1ETNIK

John 10 in the KBV

John 10 in the KJV

John 10 in the KNFD

John 10 in the LBA

John 10 in the LBLA

John 10 in the LNT

John 10 in the LSV

John 10 in the MAAL

John 10 in the MBV

John 10 in the MBV2

John 10 in the MHNT

John 10 in the MKNFD

John 10 in the MNG

John 10 in the MNT

John 10 in the MNT2

John 10 in the MRS1T

John 10 in the NAA

John 10 in the NASB

John 10 in the NBLA

John 10 in the NBS

John 10 in the NBVTP

John 10 in the NET2

John 10 in the NIV11

John 10 in the NNT

John 10 in the NNT2

John 10 in the NNT3

John 10 in the PDDPT

John 10 in the PFNT

John 10 in the RMNT

John 10 in the SBIAS

John 10 in the SBIBS

John 10 in the SBIBS2

John 10 in the SBICS

John 10 in the SBIDS

John 10 in the SBIGS

John 10 in the SBIHS

John 10 in the SBIIS

John 10 in the SBIIS2

John 10 in the SBIIS3

John 10 in the SBIKS

John 10 in the SBIKS2

John 10 in the SBIMS

John 10 in the SBIOS

John 10 in the SBIPS

John 10 in the SBISS

John 10 in the SBITS

John 10 in the SBITS2

John 10 in the SBITS3

John 10 in the SBITS4

John 10 in the SBIUS

John 10 in the SBIVS

John 10 in the SBT

John 10 in the SBT1E

John 10 in the SCHL

John 10 in the SNT

John 10 in the SUSU

John 10 in the SUSU2

John 10 in the SYNO

John 10 in the TBIAOTANT

John 10 in the TBT1E

John 10 in the TBT1E2

John 10 in the TFTIP

John 10 in the TFTU

John 10 in the TGNTATF3T

John 10 in the THAI

John 10 in the TNFD

John 10 in the TNT

John 10 in the TNTIK

John 10 in the TNTIL

John 10 in the TNTIN

John 10 in the TNTIP

John 10 in the TNTIZ

John 10 in the TOMA

John 10 in the TTENT

John 10 in the UBG

John 10 in the UGV

John 10 in the UGV2

John 10 in the UGV3

John 10 in the VBL

John 10 in the VDCC

John 10 in the YALU

John 10 in the YAPE

John 10 in the YBVTP

John 10 in the ZBP