John 3 (BOATCB)

1 Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no, 2 kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” 3 Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 4 Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?” 5 Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. 6 Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom. 7 Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ! 8 Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.” 9 Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu?” 10 Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase? 11 Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni. 12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? 13 Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no. 14 Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so, 15 na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 16 “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. 18 Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. 19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne. 20 Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi. 21 Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.” 22 Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23 Saa ɛberɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24 Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase. 25 Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho. 26 Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.” 27 Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’ 29 Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno enti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no. 30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa. 31 “Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32 Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni. 33 Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34 Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35 Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.”

In Other Versions

John 3 in the ANGEFD

John 3 in the ANTPNG2D

John 3 in the AS21

John 3 in the BAGH

John 3 in the BBPNG

John 3 in the BBT1E

John 3 in the BDS

John 3 in the BEV

John 3 in the BHAD

John 3 in the BIB

John 3 in the BLPT

John 3 in the BNT

John 3 in the BNTABOOT

John 3 in the BNTLV

John 3 in the BOATCB2

John 3 in the BOBCV

John 3 in the BOCNT

John 3 in the BOECS

John 3 in the BOGWICC

John 3 in the BOHCB

John 3 in the BOHCV

John 3 in the BOHLNT

John 3 in the BOHNTLTAL

John 3 in the BOICB

John 3 in the BOILNTAP

John 3 in the BOITCV

John 3 in the BOKCV

John 3 in the BOKCV2

John 3 in the BOKHWOG

John 3 in the BOKSSV

John 3 in the BOLCB

John 3 in the BOLCB2

John 3 in the BOMCV

John 3 in the BONAV

John 3 in the BONCB

John 3 in the BONLT

John 3 in the BONUT2

John 3 in the BOPLNT

John 3 in the BOSCB

John 3 in the BOSNC

John 3 in the BOTLNT

John 3 in the BOVCB

John 3 in the BOYCB

John 3 in the BPBB

John 3 in the BPH

John 3 in the BSB

John 3 in the CCB

John 3 in the CUV

John 3 in the CUVS

John 3 in the DBT

John 3 in the DGDNT

John 3 in the DHNT

John 3 in the DNT

John 3 in the ELBE

John 3 in the EMTV

John 3 in the ESV

John 3 in the FBV

John 3 in the FEB

John 3 in the GGMNT

John 3 in the GNT

John 3 in the HARY

John 3 in the HNT

John 3 in the IRVA

John 3 in the IRVB

John 3 in the IRVG

John 3 in the IRVH

John 3 in the IRVK

John 3 in the IRVM

John 3 in the IRVM2

John 3 in the IRVO

John 3 in the IRVP

John 3 in the IRVT

John 3 in the IRVT2

John 3 in the IRVU

John 3 in the ISVN

John 3 in the JSNT

John 3 in the KAPI

John 3 in the KBT1ETNIK

John 3 in the KBV

John 3 in the KJV

John 3 in the KNFD

John 3 in the LBA

John 3 in the LBLA

John 3 in the LNT

John 3 in the LSV

John 3 in the MAAL

John 3 in the MBV

John 3 in the MBV2

John 3 in the MHNT

John 3 in the MKNFD

John 3 in the MNG

John 3 in the MNT

John 3 in the MNT2

John 3 in the MRS1T

John 3 in the NAA

John 3 in the NASB

John 3 in the NBLA

John 3 in the NBS

John 3 in the NBVTP

John 3 in the NET2

John 3 in the NIV11

John 3 in the NNT

John 3 in the NNT2

John 3 in the NNT3

John 3 in the PDDPT

John 3 in the PFNT

John 3 in the RMNT

John 3 in the SBIAS

John 3 in the SBIBS

John 3 in the SBIBS2

John 3 in the SBICS

John 3 in the SBIDS

John 3 in the SBIGS

John 3 in the SBIHS

John 3 in the SBIIS

John 3 in the SBIIS2

John 3 in the SBIIS3

John 3 in the SBIKS

John 3 in the SBIKS2

John 3 in the SBIMS

John 3 in the SBIOS

John 3 in the SBIPS

John 3 in the SBISS

John 3 in the SBITS

John 3 in the SBITS2

John 3 in the SBITS3

John 3 in the SBITS4

John 3 in the SBIUS

John 3 in the SBIVS

John 3 in the SBT

John 3 in the SBT1E

John 3 in the SCHL

John 3 in the SNT

John 3 in the SUSU

John 3 in the SUSU2

John 3 in the SYNO

John 3 in the TBIAOTANT

John 3 in the TBT1E

John 3 in the TBT1E2

John 3 in the TFTIP

John 3 in the TFTU

John 3 in the TGNTATF3T

John 3 in the THAI

John 3 in the TNFD

John 3 in the TNT

John 3 in the TNTIK

John 3 in the TNTIL

John 3 in the TNTIN

John 3 in the TNTIP

John 3 in the TNTIZ

John 3 in the TOMA

John 3 in the TTENT

John 3 in the UBG

John 3 in the UGV

John 3 in the UGV2

John 3 in the UGV3

John 3 in the VBL

John 3 in the VDCC

John 3 in the YALU

John 3 in the YAPE

John 3 in the YBVTP

John 3 in the ZBP