John 3 (BOATCB2)

1 Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyimfo no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no, 2 kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” 3 Yesu buaa no se, “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a worentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.” 4 Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi betumi akɔ me na yam ama wawo me bio?” 5 Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo se sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. 6 Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ maka se ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo! 8 Sɛnea wote mframa nka, nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.” 9 Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu?” 10 Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu wɔ Israel na wonte eyi ase? 11 Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni. 12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi? 13 Obiara nkɔɔ ɔsoro da agye nea ofi ɔsoro bae no—Onipa Ba no. 14 Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ no so sɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so, 15 na obiara a ogye me di no benya nkwa a enni awiei. 16 “Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa. 18 Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. 19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne. 20 Ɔdebɔneyɛni biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi. 21 Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.” 22 Eyi akyi no Yesu ne nʼasuafo no fii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23 Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24 Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase ɛ. 25 Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. 26 Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.” 27 Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28 Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’ 29 Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no. 30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa. 31 “Nea ofi ɔsoro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; Nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32 Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni. 33 Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. 34 Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35 Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36 Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.”

In Other Versions

John 3 in the ANGEFD

John 3 in the ANTPNG2D

John 3 in the AS21

John 3 in the BAGH

John 3 in the BBPNG

John 3 in the BBT1E

John 3 in the BDS

John 3 in the BEV

John 3 in the BHAD

John 3 in the BIB

John 3 in the BLPT

John 3 in the BNT

John 3 in the BNTABOOT

John 3 in the BNTLV

John 3 in the BOATCB

John 3 in the BOBCV

John 3 in the BOCNT

John 3 in the BOECS

John 3 in the BOGWICC

John 3 in the BOHCB

John 3 in the BOHCV

John 3 in the BOHLNT

John 3 in the BOHNTLTAL

John 3 in the BOICB

John 3 in the BOILNTAP

John 3 in the BOITCV

John 3 in the BOKCV

John 3 in the BOKCV2

John 3 in the BOKHWOG

John 3 in the BOKSSV

John 3 in the BOLCB

John 3 in the BOLCB2

John 3 in the BOMCV

John 3 in the BONAV

John 3 in the BONCB

John 3 in the BONLT

John 3 in the BONUT2

John 3 in the BOPLNT

John 3 in the BOSCB

John 3 in the BOSNC

John 3 in the BOTLNT

John 3 in the BOVCB

John 3 in the BOYCB

John 3 in the BPBB

John 3 in the BPH

John 3 in the BSB

John 3 in the CCB

John 3 in the CUV

John 3 in the CUVS

John 3 in the DBT

John 3 in the DGDNT

John 3 in the DHNT

John 3 in the DNT

John 3 in the ELBE

John 3 in the EMTV

John 3 in the ESV

John 3 in the FBV

John 3 in the FEB

John 3 in the GGMNT

John 3 in the GNT

John 3 in the HARY

John 3 in the HNT

John 3 in the IRVA

John 3 in the IRVB

John 3 in the IRVG

John 3 in the IRVH

John 3 in the IRVK

John 3 in the IRVM

John 3 in the IRVM2

John 3 in the IRVO

John 3 in the IRVP

John 3 in the IRVT

John 3 in the IRVT2

John 3 in the IRVU

John 3 in the ISVN

John 3 in the JSNT

John 3 in the KAPI

John 3 in the KBT1ETNIK

John 3 in the KBV

John 3 in the KJV

John 3 in the KNFD

John 3 in the LBA

John 3 in the LBLA

John 3 in the LNT

John 3 in the LSV

John 3 in the MAAL

John 3 in the MBV

John 3 in the MBV2

John 3 in the MHNT

John 3 in the MKNFD

John 3 in the MNG

John 3 in the MNT

John 3 in the MNT2

John 3 in the MRS1T

John 3 in the NAA

John 3 in the NASB

John 3 in the NBLA

John 3 in the NBS

John 3 in the NBVTP

John 3 in the NET2

John 3 in the NIV11

John 3 in the NNT

John 3 in the NNT2

John 3 in the NNT3

John 3 in the PDDPT

John 3 in the PFNT

John 3 in the RMNT

John 3 in the SBIAS

John 3 in the SBIBS

John 3 in the SBIBS2

John 3 in the SBICS

John 3 in the SBIDS

John 3 in the SBIGS

John 3 in the SBIHS

John 3 in the SBIIS

John 3 in the SBIIS2

John 3 in the SBIIS3

John 3 in the SBIKS

John 3 in the SBIKS2

John 3 in the SBIMS

John 3 in the SBIOS

John 3 in the SBIPS

John 3 in the SBISS

John 3 in the SBITS

John 3 in the SBITS2

John 3 in the SBITS3

John 3 in the SBITS4

John 3 in the SBIUS

John 3 in the SBIVS

John 3 in the SBT

John 3 in the SBT1E

John 3 in the SCHL

John 3 in the SNT

John 3 in the SUSU

John 3 in the SUSU2

John 3 in the SYNO

John 3 in the TBIAOTANT

John 3 in the TBT1E

John 3 in the TBT1E2

John 3 in the TFTIP

John 3 in the TFTU

John 3 in the TGNTATF3T

John 3 in the THAI

John 3 in the TNFD

John 3 in the TNT

John 3 in the TNTIK

John 3 in the TNTIL

John 3 in the TNTIN

John 3 in the TNTIP

John 3 in the TNTIZ

John 3 in the TOMA

John 3 in the TTENT

John 3 in the UBG

John 3 in the UGV

John 3 in the UGV2

John 3 in the UGV3

John 3 in the VBL

John 3 in the VDCC

John 3 in the YALU

John 3 in the YAPE

John 3 in the YBVTP

John 3 in the ZBP