Joel 2 (BOATCB)

1 Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion;hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so.Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,ɛfiri sɛ AWURADE ɛda no reba,na abɛn koraa. 2 Esum ne kusukuukuu ɛda.Omununkum ne esum kabii ɛda.Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no,saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ.Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da,na wɔrenhunu ne sɛso nso da. 3 Egya rehye wɔ wɔn anim,ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi,asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam,biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so. 4 Wɔte sɛ apɔnkɔ.Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm. 5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnamna wɔtu fa mmepɔ atifi,wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ,wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa. 6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;na wɔn anim to hoa. 7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ;wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔna wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,na wɔmmane benkum anaa nifa. 8 Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu;obiara nante kɔ nʼanim tee.Wɔbu fa banbɔeɛ so,na wɔpem kɔ wɔn anim ara. 9 Wɔto hyɛ kuropɔn no sowɔtu mmirika fa afasuo no sowɔforo kɔ afie mu,wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ. 10 Asase woso wɔ wɔn anim,na ɔsoro hinhim.Owia ne ɔsrane duru sum,na nsoromma nnhyerɛn bio. 11 AWURADE bobomde di nʼasraadɔm no anim.Nʼakodɔm no dɔɔso bebree,ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so. AWURADE ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu;hwan na ɔbɛtumi agyina ano? 12 “Na afei,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie,“Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn,wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.” 13 Sunsuane wʼakomana ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu.Sane bra AWURADE wo Onyankopɔn nkyɛn,ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ.Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so,na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso. 14 Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔna wagya nhyira,a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛa mode ma AWURADE mo Onyankopɔn no. 15 Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion!Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,momfrɛ nhyiamu kronkron. 16 Mommoaboa nnipa no anomonte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;mommoaboa mpanimfoɔ,mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ anoMa ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra. 17 Asɔfoɔ a wɔsom wɔ AWURADE anim no,nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;na wɔn nka sɛ, “AWURADE fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛanaa fɛdideɛ wɔ aman no mu.Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ,‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ” 18 Na AWURADE bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase hona ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ. 19 AWURADE bɛbua sɛ,“Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.Merenyɛ mo ahohoradeɛmma aman no bio. 20 “Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ.Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu,na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu.Na afunu no bɛbɔnna nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ. 21 Monnsuro, me nkurɔfoɔ!Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.Nokorɛm AWURADE ayɛ nneɛma akɛseɛ. 22 Monnsuro, mo wiram mmoa!Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.Nnua no reso wɔn aba;borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba. 23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,Mo nni ahurisi wɔ AWURADE mo Onyankopɔn mu,ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo,ne nokorɛdie enti.Watɔ nsuo bebree ama mowɔ ne berɛ mu te sɛ kane no. 24 Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ mansã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu. 25 “Mɛhyɛ mo anan mu,deɛ mohwereeɛmfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,ne wɔn a aka no nyinaa,me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no. 26 Wobɛdidi amee,na wobɛyi AWURADE wo Onyankopɔn din ayɛ.Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;me nkurɔfoɔ ani renwu bio. 27 Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel,wobɛhunu sɛ mene AWURADE, wo Onyankopɔn,na obiara nni hɔ sɛ me;Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.” 28 “Na akyire yi,mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu. 29 Saa mmerɛ no mu no,mɛhwie me Honhom agumʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa. 30 Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so,mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn. 31 Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya. 32 Na obiara a ɔbɔ AWURADE din no,wɔbɛgye no nkwa.Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛbaama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mua AWURADE afrɛ wɔnwɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,”sɛdeɛ AWURADE aka no.

In Other Versions

Joel 2 in the ANGEFD

Joel 2 in the ANTPNG2D

Joel 2 in the AS21

Joel 2 in the BAGH

Joel 2 in the BBPNG

Joel 2 in the BBT1E

Joel 2 in the BDS

Joel 2 in the BEV

Joel 2 in the BHAD

Joel 2 in the BIB

Joel 2 in the BLPT

Joel 2 in the BNT

Joel 2 in the BNTABOOT

Joel 2 in the BNTLV

Joel 2 in the BOATCB2

Joel 2 in the BOBCV

Joel 2 in the BOCNT

Joel 2 in the BOECS

Joel 2 in the BOGWICC

Joel 2 in the BOHCB

Joel 2 in the BOHCV

Joel 2 in the BOHLNT

Joel 2 in the BOHNTLTAL

Joel 2 in the BOICB

Joel 2 in the BOILNTAP

Joel 2 in the BOITCV

Joel 2 in the BOKCV

Joel 2 in the BOKCV2

Joel 2 in the BOKHWOG

Joel 2 in the BOKSSV

Joel 2 in the BOLCB

Joel 2 in the BOLCB2

Joel 2 in the BOMCV

Joel 2 in the BONAV

Joel 2 in the BONCB

Joel 2 in the BONLT

Joel 2 in the BONUT2

Joel 2 in the BOPLNT

Joel 2 in the BOSCB

Joel 2 in the BOSNC

Joel 2 in the BOTLNT

Joel 2 in the BOVCB

Joel 2 in the BOYCB

Joel 2 in the BPBB

Joel 2 in the BPH

Joel 2 in the BSB

Joel 2 in the CCB

Joel 2 in the CUV

Joel 2 in the CUVS

Joel 2 in the DBT

Joel 2 in the DGDNT

Joel 2 in the DHNT

Joel 2 in the DNT

Joel 2 in the ELBE

Joel 2 in the EMTV

Joel 2 in the ESV

Joel 2 in the FBV

Joel 2 in the FEB

Joel 2 in the GGMNT

Joel 2 in the GNT

Joel 2 in the HARY

Joel 2 in the HNT

Joel 2 in the IRVA

Joel 2 in the IRVB

Joel 2 in the IRVG

Joel 2 in the IRVH

Joel 2 in the IRVK

Joel 2 in the IRVM

Joel 2 in the IRVM2

Joel 2 in the IRVO

Joel 2 in the IRVP

Joel 2 in the IRVT

Joel 2 in the IRVT2

Joel 2 in the IRVU

Joel 2 in the ISVN

Joel 2 in the JSNT

Joel 2 in the KAPI

Joel 2 in the KBT1ETNIK

Joel 2 in the KBV

Joel 2 in the KJV

Joel 2 in the KNFD

Joel 2 in the LBA

Joel 2 in the LBLA

Joel 2 in the LNT

Joel 2 in the LSV

Joel 2 in the MAAL

Joel 2 in the MBV

Joel 2 in the MBV2

Joel 2 in the MHNT

Joel 2 in the MKNFD

Joel 2 in the MNG

Joel 2 in the MNT

Joel 2 in the MNT2

Joel 2 in the MRS1T

Joel 2 in the NAA

Joel 2 in the NASB

Joel 2 in the NBLA

Joel 2 in the NBS

Joel 2 in the NBVTP

Joel 2 in the NET2

Joel 2 in the NIV11

Joel 2 in the NNT

Joel 2 in the NNT2

Joel 2 in the NNT3

Joel 2 in the PDDPT

Joel 2 in the PFNT

Joel 2 in the RMNT

Joel 2 in the SBIAS

Joel 2 in the SBIBS

Joel 2 in the SBIBS2

Joel 2 in the SBICS

Joel 2 in the SBIDS

Joel 2 in the SBIGS

Joel 2 in the SBIHS

Joel 2 in the SBIIS

Joel 2 in the SBIIS2

Joel 2 in the SBIIS3

Joel 2 in the SBIKS

Joel 2 in the SBIKS2

Joel 2 in the SBIMS

Joel 2 in the SBIOS

Joel 2 in the SBIPS

Joel 2 in the SBISS

Joel 2 in the SBITS

Joel 2 in the SBITS2

Joel 2 in the SBITS3

Joel 2 in the SBITS4

Joel 2 in the SBIUS

Joel 2 in the SBIVS

Joel 2 in the SBT

Joel 2 in the SBT1E

Joel 2 in the SCHL

Joel 2 in the SNT

Joel 2 in the SUSU

Joel 2 in the SUSU2

Joel 2 in the SYNO

Joel 2 in the TBIAOTANT

Joel 2 in the TBT1E

Joel 2 in the TBT1E2

Joel 2 in the TFTIP

Joel 2 in the TFTU

Joel 2 in the TGNTATF3T

Joel 2 in the THAI

Joel 2 in the TNFD

Joel 2 in the TNT

Joel 2 in the TNTIK

Joel 2 in the TNTIL

Joel 2 in the TNTIN

Joel 2 in the TNTIP

Joel 2 in the TNTIZ

Joel 2 in the TOMA

Joel 2 in the TTENT

Joel 2 in the UBG

Joel 2 in the UGV

Joel 2 in the UGV2

Joel 2 in the UGV3

Joel 2 in the VBL

Joel 2 in the VDCC

Joel 2 in the YALU

Joel 2 in the YAPE

Joel 2 in the YBVTP

Joel 2 in the ZBP