Leviticus 20 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, 2 “Obiara a ɔfiri mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ no, wɔbɛsi no aboɔ. 3 Na mʼankasa mɛtia saa onipa no na matwa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, ɔde ne ba ama Molek ama mʼAhyiaeɛ Ntomadan adane baabi a metena a ɛnyɛ yie, na wagu me din kronkron no nso ho fi. 4 Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wɔnnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔdeɛ ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa mɛtia 5 ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo. 6 “ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu. 7 “ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene AWURADE mo Onyankopɔn. 8 Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene AWURADE a meyɛ mo kronkron no. 9 “ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya. 10 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa. 11 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa ayɛ bɔne kɛseɛ. 12 “ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi. 13 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wɔnkum wɔn baanu no nyinaa. Wɔn ara na wɔpɛ wɔn wuo. 14 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa bi na ɔsane kɔfa ɔbaa no maame ka ho a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ. Wɔbɛhye saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumuyɛsɛm afiri mo mu. 15 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, wɔbɛkum ɔbarima no na wɔakum aboa no nso. 16 “ ‘Sɛ ɔbaa nso ma aboa fa no a, monkum ɔbaa no ne aboa no nyinaa, ɛfiri sɛ, saa asotwe no fata wɔn. 17 “ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabaa da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babaa o, sɛ nso ɛyɛ ne maame babaa o, ɛyɛ animguasesɛm, enti wɔbɛgyina badwa mu atwa wɔn asuo afiri Israelfoɔ mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdie. 18 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbaa a wabu ne nsa a, wɔbɛtwa wɔn baanu no nyinaa asuo, ɛfiri sɛ, ɔbarima no ada ɔbaa no ho a ɛnte no adi. 19 “ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ. Saa ara nso na ɔne ne maame nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ ara ne no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso. 20 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa adeɛ a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotweɛ ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔnwo ba. 21 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afideɛ, ɛfiri sɛ, wafa ne nua adeɛ na wɔn nyinaa renwo ba. 22 “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so na mampam mo amfiri mo asase foforɔ yi so. 23 Monnni ɔman no amanneɛ a maka no wɔ mo anim sɛ ɛnyɛ no akyi, ɛfiri sɛ, nneɛma a wɔyɛ a ɛnyɛ no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dada. Ɛno enti na mekyiri saa aman no. 24 Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene AWURADE mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu. 25 “ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso mohunu nnomaa ne mmoa a mama mo ho ɛkwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonsonoeɛ. Ɛwom sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so deɛ, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuo. 26 Mobɛyɛ kronkron ama me ɛfiri sɛ, me AWURADE, meyɛ kronkron na mayi mo afiri nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me dea. 27 “ ‘Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛ samanfrɛfoɔ anaasɛ ɔsumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mokum wɔn. Ɛsɛ sɛ mosi wɔn aboɔ. Ɛyɛ bɔne kɛseɛ.’ ”

In Other Versions

Leviticus 20 in the ANGEFD

Leviticus 20 in the ANTPNG2D

Leviticus 20 in the AS21

Leviticus 20 in the BAGH

Leviticus 20 in the BBPNG

Leviticus 20 in the BBT1E

Leviticus 20 in the BDS

Leviticus 20 in the BEV

Leviticus 20 in the BHAD

Leviticus 20 in the BIB

Leviticus 20 in the BLPT

Leviticus 20 in the BNT

Leviticus 20 in the BNTABOOT

Leviticus 20 in the BNTLV

Leviticus 20 in the BOATCB2

Leviticus 20 in the BOBCV

Leviticus 20 in the BOCNT

Leviticus 20 in the BOECS

Leviticus 20 in the BOGWICC

Leviticus 20 in the BOHCB

Leviticus 20 in the BOHCV

Leviticus 20 in the BOHLNT

Leviticus 20 in the BOHNTLTAL

Leviticus 20 in the BOICB

Leviticus 20 in the BOILNTAP

Leviticus 20 in the BOITCV

Leviticus 20 in the BOKCV

Leviticus 20 in the BOKCV2

Leviticus 20 in the BOKHWOG

Leviticus 20 in the BOKSSV

Leviticus 20 in the BOLCB

Leviticus 20 in the BOLCB2

Leviticus 20 in the BOMCV

Leviticus 20 in the BONAV

Leviticus 20 in the BONCB

Leviticus 20 in the BONLT

Leviticus 20 in the BONUT2

Leviticus 20 in the BOPLNT

Leviticus 20 in the BOSCB

Leviticus 20 in the BOSNC

Leviticus 20 in the BOTLNT

Leviticus 20 in the BOVCB

Leviticus 20 in the BOYCB

Leviticus 20 in the BPBB

Leviticus 20 in the BPH

Leviticus 20 in the BSB

Leviticus 20 in the CCB

Leviticus 20 in the CUV

Leviticus 20 in the CUVS

Leviticus 20 in the DBT

Leviticus 20 in the DGDNT

Leviticus 20 in the DHNT

Leviticus 20 in the DNT

Leviticus 20 in the ELBE

Leviticus 20 in the EMTV

Leviticus 20 in the ESV

Leviticus 20 in the FBV

Leviticus 20 in the FEB

Leviticus 20 in the GGMNT

Leviticus 20 in the GNT

Leviticus 20 in the HARY

Leviticus 20 in the HNT

Leviticus 20 in the IRVA

Leviticus 20 in the IRVB

Leviticus 20 in the IRVG

Leviticus 20 in the IRVH

Leviticus 20 in the IRVK

Leviticus 20 in the IRVM

Leviticus 20 in the IRVM2

Leviticus 20 in the IRVO

Leviticus 20 in the IRVP

Leviticus 20 in the IRVT

Leviticus 20 in the IRVT2

Leviticus 20 in the IRVU

Leviticus 20 in the ISVN

Leviticus 20 in the JSNT

Leviticus 20 in the KAPI

Leviticus 20 in the KBT1ETNIK

Leviticus 20 in the KBV

Leviticus 20 in the KJV

Leviticus 20 in the KNFD

Leviticus 20 in the LBA

Leviticus 20 in the LBLA

Leviticus 20 in the LNT

Leviticus 20 in the LSV

Leviticus 20 in the MAAL

Leviticus 20 in the MBV

Leviticus 20 in the MBV2

Leviticus 20 in the MHNT

Leviticus 20 in the MKNFD

Leviticus 20 in the MNG

Leviticus 20 in the MNT

Leviticus 20 in the MNT2

Leviticus 20 in the MRS1T

Leviticus 20 in the NAA

Leviticus 20 in the NASB

Leviticus 20 in the NBLA

Leviticus 20 in the NBS

Leviticus 20 in the NBVTP

Leviticus 20 in the NET2

Leviticus 20 in the NIV11

Leviticus 20 in the NNT

Leviticus 20 in the NNT2

Leviticus 20 in the NNT3

Leviticus 20 in the PDDPT

Leviticus 20 in the PFNT

Leviticus 20 in the RMNT

Leviticus 20 in the SBIAS

Leviticus 20 in the SBIBS

Leviticus 20 in the SBIBS2

Leviticus 20 in the SBICS

Leviticus 20 in the SBIDS

Leviticus 20 in the SBIGS

Leviticus 20 in the SBIHS

Leviticus 20 in the SBIIS

Leviticus 20 in the SBIIS2

Leviticus 20 in the SBIIS3

Leviticus 20 in the SBIKS

Leviticus 20 in the SBIKS2

Leviticus 20 in the SBIMS

Leviticus 20 in the SBIOS

Leviticus 20 in the SBIPS

Leviticus 20 in the SBISS

Leviticus 20 in the SBITS

Leviticus 20 in the SBITS2

Leviticus 20 in the SBITS3

Leviticus 20 in the SBITS4

Leviticus 20 in the SBIUS

Leviticus 20 in the SBIVS

Leviticus 20 in the SBT

Leviticus 20 in the SBT1E

Leviticus 20 in the SCHL

Leviticus 20 in the SNT

Leviticus 20 in the SUSU

Leviticus 20 in the SUSU2

Leviticus 20 in the SYNO

Leviticus 20 in the TBIAOTANT

Leviticus 20 in the TBT1E

Leviticus 20 in the TBT1E2

Leviticus 20 in the TFTIP

Leviticus 20 in the TFTU

Leviticus 20 in the TGNTATF3T

Leviticus 20 in the THAI

Leviticus 20 in the TNFD

Leviticus 20 in the TNT

Leviticus 20 in the TNTIK

Leviticus 20 in the TNTIL

Leviticus 20 in the TNTIN

Leviticus 20 in the TNTIP

Leviticus 20 in the TNTIZ

Leviticus 20 in the TOMA

Leviticus 20 in the TTENT

Leviticus 20 in the UBG

Leviticus 20 in the UGV

Leviticus 20 in the UGV2

Leviticus 20 in the UGV3

Leviticus 20 in the VBL

Leviticus 20 in the VDCC

Leviticus 20 in the YALU

Leviticus 20 in the YAPE

Leviticus 20 in the YBVTP

Leviticus 20 in the ZBP