Leviticus 20 (BOATCB2)
1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2 ‘Obiara a ofi mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ wosiw no abo. 3 Na mʼankasa metia saa onipa no na mayi no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ ɔde ne ba ama Molek ama wagu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fi. 4 Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wonnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔre ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa metia 5 ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu. 6 “ ‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu. 7 “ ‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 8 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene AWURADE a meyɛ mo kronkron no. 9 “ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no, efisɛ wadome ne na ne nʼagya, ne mogya begu nʼatifi. 10 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman. 11 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no, wɔn mogya begu wɔn atifi. 12 “ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi; wɔn mogya begu wɔn atifi. 13 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wonkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi. 14 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea bi na ɔsan kɔfa ɔbea no na ka ho a, ɛyɛ atiwuisɛm. Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumɔyɛsɛm no afi mo mu. 15 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no na wokum aboa no nso. 16 “ ‘Sɛ ɔbea nso ma aboa fa no a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi. 17 “ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabea da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babea o, sɛ nso ɛyɛ ne na babea o, ɛyɛ animguasesɛm, wobegyina bagua mu ayi wɔn afi wɔn nkurɔfo mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdi. 18 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbea a wabu ne nsa a, ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn nkurɔfo mu, efisɛ ɔbarima no ada ɔbea no adagyaw adi. 19 “ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabea da a, ɛyɛ akyiwade. Saa ara nso na ɔne ne na nuabea da a, ɛyɛ akyiwade ara ne no, efisɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Wɔn baanu nyinaa bɛsoa wɔn afɔdi. 20 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa ade a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotwe ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔrenwo ba. 21 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afide, efisɛ wafa ne nua ade na wɔn nyinaa renwo ba. 22 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so na mampam mo amfi mo asase foforo yi so. 23 Munnni ɔman no amanne a maka no mo anim sɛ enye no akyi, efisɛ nneɛma a wɔyɛ a enye no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dedaw. Ɛno nti na mikyi saa aman no. 24 Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu. 25 “ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso muhu nnomaa ne mmoa a mama mo ho kwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonoe. Ɛwɔ mu sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so de, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuw. 26 Mobɛyɛ kronkron ama me, efisɛ me AWURADE, meyɛ kronkron na mayi mo afi nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me de. 27 “ ‘Ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛ samanfrɛfo anaasɛ osumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mukum no. Ɛsɛ sɛ musiw no abo; ne mogya begu nʼankasa atifi.’ ”
In Other Versions
Leviticus 20 in the ANGEFD
Leviticus 20 in the ANTPNG2D
Leviticus 20 in the AS21
Leviticus 20 in the BAGH
Leviticus 20 in the BBPNG
Leviticus 20 in the BBT1E
Leviticus 20 in the BDS
Leviticus 20 in the BEV
Leviticus 20 in the BHAD
Leviticus 20 in the BIB
Leviticus 20 in the BLPT
Leviticus 20 in the BNT
Leviticus 20 in the BNTABOOT
Leviticus 20 in the BNTLV
Leviticus 20 in the BOATCB
Leviticus 20 in the BOBCV
Leviticus 20 in the BOCNT
Leviticus 20 in the BOECS
Leviticus 20 in the BOGWICC
Leviticus 20 in the BOHCB
Leviticus 20 in the BOHCV
Leviticus 20 in the BOHLNT
Leviticus 20 in the BOHNTLTAL
Leviticus 20 in the BOICB
Leviticus 20 in the BOILNTAP
Leviticus 20 in the BOITCV
Leviticus 20 in the BOKCV
Leviticus 20 in the BOKCV2
Leviticus 20 in the BOKHWOG
Leviticus 20 in the BOKSSV
Leviticus 20 in the BOLCB
Leviticus 20 in the BOLCB2
Leviticus 20 in the BOMCV
Leviticus 20 in the BONAV
Leviticus 20 in the BONCB
Leviticus 20 in the BONLT
Leviticus 20 in the BONUT2
Leviticus 20 in the BOPLNT
Leviticus 20 in the BOSCB
Leviticus 20 in the BOSNC
Leviticus 20 in the BOTLNT
Leviticus 20 in the BOVCB
Leviticus 20 in the BOYCB
Leviticus 20 in the BPBB
Leviticus 20 in the BPH
Leviticus 20 in the BSB
Leviticus 20 in the CCB
Leviticus 20 in the CUV
Leviticus 20 in the CUVS
Leviticus 20 in the DBT
Leviticus 20 in the DGDNT
Leviticus 20 in the DHNT
Leviticus 20 in the DNT
Leviticus 20 in the ELBE
Leviticus 20 in the EMTV
Leviticus 20 in the ESV
Leviticus 20 in the FBV
Leviticus 20 in the FEB
Leviticus 20 in the GGMNT
Leviticus 20 in the GNT
Leviticus 20 in the HARY
Leviticus 20 in the HNT
Leviticus 20 in the IRVA
Leviticus 20 in the IRVB
Leviticus 20 in the IRVG
Leviticus 20 in the IRVH
Leviticus 20 in the IRVK
Leviticus 20 in the IRVM
Leviticus 20 in the IRVM2
Leviticus 20 in the IRVO
Leviticus 20 in the IRVP
Leviticus 20 in the IRVT
Leviticus 20 in the IRVT2
Leviticus 20 in the IRVU
Leviticus 20 in the ISVN
Leviticus 20 in the JSNT
Leviticus 20 in the KAPI
Leviticus 20 in the KBT1ETNIK
Leviticus 20 in the KBV
Leviticus 20 in the KJV
Leviticus 20 in the KNFD
Leviticus 20 in the LBA
Leviticus 20 in the LBLA
Leviticus 20 in the LNT
Leviticus 20 in the LSV
Leviticus 20 in the MAAL
Leviticus 20 in the MBV
Leviticus 20 in the MBV2
Leviticus 20 in the MHNT
Leviticus 20 in the MKNFD
Leviticus 20 in the MNG
Leviticus 20 in the MNT
Leviticus 20 in the MNT2
Leviticus 20 in the MRS1T
Leviticus 20 in the NAA
Leviticus 20 in the NASB
Leviticus 20 in the NBLA
Leviticus 20 in the NBS
Leviticus 20 in the NBVTP
Leviticus 20 in the NET2
Leviticus 20 in the NIV11
Leviticus 20 in the NNT
Leviticus 20 in the NNT2
Leviticus 20 in the NNT3
Leviticus 20 in the PDDPT
Leviticus 20 in the PFNT
Leviticus 20 in the RMNT
Leviticus 20 in the SBIAS
Leviticus 20 in the SBIBS
Leviticus 20 in the SBIBS2
Leviticus 20 in the SBICS
Leviticus 20 in the SBIDS
Leviticus 20 in the SBIGS
Leviticus 20 in the SBIHS
Leviticus 20 in the SBIIS
Leviticus 20 in the SBIIS2
Leviticus 20 in the SBIIS3
Leviticus 20 in the SBIKS
Leviticus 20 in the SBIKS2
Leviticus 20 in the SBIMS
Leviticus 20 in the SBIOS
Leviticus 20 in the SBIPS
Leviticus 20 in the SBISS
Leviticus 20 in the SBITS
Leviticus 20 in the SBITS2
Leviticus 20 in the SBITS3
Leviticus 20 in the SBITS4
Leviticus 20 in the SBIUS
Leviticus 20 in the SBIVS
Leviticus 20 in the SBT
Leviticus 20 in the SBT1E
Leviticus 20 in the SCHL
Leviticus 20 in the SNT
Leviticus 20 in the SUSU
Leviticus 20 in the SUSU2
Leviticus 20 in the SYNO
Leviticus 20 in the TBIAOTANT
Leviticus 20 in the TBT1E
Leviticus 20 in the TBT1E2
Leviticus 20 in the TFTIP
Leviticus 20 in the TFTU
Leviticus 20 in the TGNTATF3T
Leviticus 20 in the THAI
Leviticus 20 in the TNFD
Leviticus 20 in the TNT
Leviticus 20 in the TNTIK
Leviticus 20 in the TNTIL
Leviticus 20 in the TNTIN
Leviticus 20 in the TNTIP
Leviticus 20 in the TNTIZ
Leviticus 20 in the TOMA
Leviticus 20 in the TTENT
Leviticus 20 in the UBG
Leviticus 20 in the UGV
Leviticus 20 in the UGV2
Leviticus 20 in the UGV3
Leviticus 20 in the VBL
Leviticus 20 in the VDCC
Leviticus 20 in the YALU
Leviticus 20 in the YAPE
Leviticus 20 in the YBVTP
Leviticus 20 in the ZBP