Luke 12 (BOATCB)

1 Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho. 2 Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue. 3 Enti, deɛ moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro. 4 “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no. 5 Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no. 6 Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi pɛ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. 7 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara. 8 “Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim. 9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim. 10 Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. 11 “Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho, 12 Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.” 13 Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu.” 14 Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?” 15 Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.” 16 Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. 17 Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’ 18 “Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ. 19 Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’ 20 “Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’ 21 “Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.” 22 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho. 23 Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. 24 Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa? 25 Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? 26 Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho? 27 “Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo. 28 Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. 29 Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho. 30 Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. 31 Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo. 32 “Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo. 33 Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe. 34 Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.” 35 “Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn, 36 na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ ɛpono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no. 37 Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn. 38 Sɛ ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani bɛgye. 39 Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno. 40 Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba.” 41 Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?” 42 Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu. 43 Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 44 Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. 45 Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, 46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni. 47 “Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. 48 Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.” 49 “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no. 50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa. 51 Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu. 52 Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. 53 Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.” 54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa. 55 Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa. 56 Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu. 57 “Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? 58 Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. 59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”

In Other Versions

Luke 12 in the ANGEFD

Luke 12 in the ANTPNG2D

Luke 12 in the AS21

Luke 12 in the BAGH

Luke 12 in the BBPNG

Luke 12 in the BBT1E

Luke 12 in the BDS

Luke 12 in the BEV

Luke 12 in the BHAD

Luke 12 in the BIB

Luke 12 in the BLPT

Luke 12 in the BNT

Luke 12 in the BNTABOOT

Luke 12 in the BNTLV

Luke 12 in the BOATCB2

Luke 12 in the BOBCV

Luke 12 in the BOCNT

Luke 12 in the BOECS

Luke 12 in the BOGWICC

Luke 12 in the BOHCB

Luke 12 in the BOHCV

Luke 12 in the BOHLNT

Luke 12 in the BOHNTLTAL

Luke 12 in the BOICB

Luke 12 in the BOILNTAP

Luke 12 in the BOITCV

Luke 12 in the BOKCV

Luke 12 in the BOKCV2

Luke 12 in the BOKHWOG

Luke 12 in the BOKSSV

Luke 12 in the BOLCB

Luke 12 in the BOLCB2

Luke 12 in the BOMCV

Luke 12 in the BONAV

Luke 12 in the BONCB

Luke 12 in the BONLT

Luke 12 in the BONUT2

Luke 12 in the BOPLNT

Luke 12 in the BOSCB

Luke 12 in the BOSNC

Luke 12 in the BOTLNT

Luke 12 in the BOVCB

Luke 12 in the BOYCB

Luke 12 in the BPBB

Luke 12 in the BPH

Luke 12 in the BSB

Luke 12 in the CCB

Luke 12 in the CUV

Luke 12 in the CUVS

Luke 12 in the DBT

Luke 12 in the DGDNT

Luke 12 in the DHNT

Luke 12 in the DNT

Luke 12 in the ELBE

Luke 12 in the EMTV

Luke 12 in the ESV

Luke 12 in the FBV

Luke 12 in the FEB

Luke 12 in the GGMNT

Luke 12 in the GNT

Luke 12 in the HARY

Luke 12 in the HNT

Luke 12 in the IRVA

Luke 12 in the IRVB

Luke 12 in the IRVG

Luke 12 in the IRVH

Luke 12 in the IRVK

Luke 12 in the IRVM

Luke 12 in the IRVM2

Luke 12 in the IRVO

Luke 12 in the IRVP

Luke 12 in the IRVT

Luke 12 in the IRVT2

Luke 12 in the IRVU

Luke 12 in the ISVN

Luke 12 in the JSNT

Luke 12 in the KAPI

Luke 12 in the KBT1ETNIK

Luke 12 in the KBV

Luke 12 in the KJV

Luke 12 in the KNFD

Luke 12 in the LBA

Luke 12 in the LBLA

Luke 12 in the LNT

Luke 12 in the LSV

Luke 12 in the MAAL

Luke 12 in the MBV

Luke 12 in the MBV2

Luke 12 in the MHNT

Luke 12 in the MKNFD

Luke 12 in the MNG

Luke 12 in the MNT

Luke 12 in the MNT2

Luke 12 in the MRS1T

Luke 12 in the NAA

Luke 12 in the NASB

Luke 12 in the NBLA

Luke 12 in the NBS

Luke 12 in the NBVTP

Luke 12 in the NET2

Luke 12 in the NIV11

Luke 12 in the NNT

Luke 12 in the NNT2

Luke 12 in the NNT3

Luke 12 in the PDDPT

Luke 12 in the PFNT

Luke 12 in the RMNT

Luke 12 in the SBIAS

Luke 12 in the SBIBS

Luke 12 in the SBIBS2

Luke 12 in the SBICS

Luke 12 in the SBIDS

Luke 12 in the SBIGS

Luke 12 in the SBIHS

Luke 12 in the SBIIS

Luke 12 in the SBIIS2

Luke 12 in the SBIIS3

Luke 12 in the SBIKS

Luke 12 in the SBIKS2

Luke 12 in the SBIMS

Luke 12 in the SBIOS

Luke 12 in the SBIPS

Luke 12 in the SBISS

Luke 12 in the SBITS

Luke 12 in the SBITS2

Luke 12 in the SBITS3

Luke 12 in the SBITS4

Luke 12 in the SBIUS

Luke 12 in the SBIVS

Luke 12 in the SBT

Luke 12 in the SBT1E

Luke 12 in the SCHL

Luke 12 in the SNT

Luke 12 in the SUSU

Luke 12 in the SUSU2

Luke 12 in the SYNO

Luke 12 in the TBIAOTANT

Luke 12 in the TBT1E

Luke 12 in the TBT1E2

Luke 12 in the TFTIP

Luke 12 in the TFTU

Luke 12 in the TGNTATF3T

Luke 12 in the THAI

Luke 12 in the TNFD

Luke 12 in the TNT

Luke 12 in the TNTIK

Luke 12 in the TNTIL

Luke 12 in the TNTIN

Luke 12 in the TNTIP

Luke 12 in the TNTIZ

Luke 12 in the TOMA

Luke 12 in the TTENT

Luke 12 in the UBG

Luke 12 in the UGV

Luke 12 in the UGV2

Luke 12 in the UGV3

Luke 12 in the VBL

Luke 12 in the VDCC

Luke 12 in the YALU

Luke 12 in the YAPE

Luke 12 in the YBVTP

Luke 12 in the ZBP