Luke 12 (BOATCB2)

1 Nnipa mpempem kyeree so a wonnya baabi ntu wɔn anan nsi mpo no, Yesu dii kan kasa kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho. 2 Biribiara a wɔyɛ no kokoa mu no bɛda adi na nea ahintaw no nso bepue. 3 Enti nea moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na nea moaka no asomsɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuru. 4 “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no. 5 Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no. 6 Wɔntɔn nkasanoma anum nnye sika kakraa bi? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. 7 Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii. 8 “Na mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo no anim. 9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim. 10 Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. 11 “Sɛ wɔde mo ba mpanyin anim wɔ hyiadan mu a, munnnwinnwen nsɛm a mobɛka anaasɛ nea mode beyi mo ho ano no ho, 12 efisɛ saa bere no ara mu na Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.” 13 Obi fi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade a yɛn agya de agyaw yɛn no.” 14 Yesu buaa no se, “Damfo, hena na ɔyɛɛ me mo so otemmufo ne ɔsɛnnifo?” 15 Ɔtoaa so se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so.” 16 Afei obuu wɔn bɛ yi se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii. 17 Esiane sɛ na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti ɛyɛɛ no dadwen ma obisaa ne ho se, ‘Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu menyɛ no dɛn?’ 18 “Afei ɔkae se, ‘Minim nea mɛyɛ. Mebubu me pata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie hɔ. 19 Na maka akyerɛ me kra se, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!” ’ 20 “Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi ara wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode begyaw no?’ 21 “Ɛno nti saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no.” 22 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mubefura ho. 23 Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. 24 Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba na wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn ana? 25 Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin? 26 Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho? 27 “Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, na wɔnnwen ntama mfura. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. 28 Mo a mo gyidi hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. 29 Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. 30 Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. 31 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo. 32 “Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no pɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo. 33 Montontɔn mo ahode na monkyɛ ahiafo ade. Eyi bɛma mo agyapade a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea owifo ntumi nkowia na mfɔte ntumi nkɔwe. 34 Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” 35 “Munnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn, 36 na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforohyia ase na sɛ ɔba na ɔbɔ pon mu pɛ a, wobebue no ntɛm no. 37 Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani begye. Ɔbɛto wɔn pon na ɔno ankasa asom wɔn. 38 Sɛ ɔba ɔdasu mu anaa ahemadakye mpo a asomfo a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani begye. 39 Ɛsɛ sɛ muhu sɛ, sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifo no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔn. 40 Enti munsiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.” 41 Petro bisaa Yesu se, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?” 42 Yesu buaa no se, “Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan wɔ ne bere mu. 43 Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 44 Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so! 45 Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfo yi nso ka se, ‘Me wura nnya mmae’ na ɛno nti, ɔhwe asomfo a wɔaka no, na odidi, nom nsa bow a, 46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso dennen na wabu no sɛ obi a onnye Onyankopɔn nni. 47 “Ɔsomfo a onim nea ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛde no wɔbɛbɔ no mmaa pii. 48 Na ɔsomfo a onnim nea ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho akontaa.” 49 “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dedaw a, na nea merehwehwɛ ara ne no. 50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ, gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa. 51 Mususuw sɛ mebae sɛ mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu. 52 Efi nnɛ, mpaapaemu bɛba afi mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. 53 Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabea ne ne na renyɛ adwene, ase ne asebea adwene renhyia.” 54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuw no nso se, “Sɛ muhu sɛ osu amuna wɔ atɔe a, ntɛm ara, moka se, ‘Osu bɛtɔ’! Na osu tɔ ampa. 55 Saa ara nso na sɛ muhu sɛ mframa bɔ fi anafo reba a, moka se, ‘Ahuhuru bɛba!’ Na ɛba mu ampa. 56 Mo nyaatwomfo! Mutumi kyerɛ wim nsakrae ase, nanso nneɛma a nnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne nea ɛbɔ mo kɔkɔ no de, munhu. 57 “Adɛn nti na munim nea eye na monyɛ? 58 Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kohu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asennii amma otemmufo amfa wo anto afiase. 59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”

In Other Versions

Luke 12 in the ANGEFD

Luke 12 in the ANTPNG2D

Luke 12 in the AS21

Luke 12 in the BAGH

Luke 12 in the BBPNG

Luke 12 in the BBT1E

Luke 12 in the BDS

Luke 12 in the BEV

Luke 12 in the BHAD

Luke 12 in the BIB

Luke 12 in the BLPT

Luke 12 in the BNT

Luke 12 in the BNTABOOT

Luke 12 in the BNTLV

Luke 12 in the BOATCB

Luke 12 in the BOBCV

Luke 12 in the BOCNT

Luke 12 in the BOECS

Luke 12 in the BOGWICC

Luke 12 in the BOHCB

Luke 12 in the BOHCV

Luke 12 in the BOHLNT

Luke 12 in the BOHNTLTAL

Luke 12 in the BOICB

Luke 12 in the BOILNTAP

Luke 12 in the BOITCV

Luke 12 in the BOKCV

Luke 12 in the BOKCV2

Luke 12 in the BOKHWOG

Luke 12 in the BOKSSV

Luke 12 in the BOLCB

Luke 12 in the BOLCB2

Luke 12 in the BOMCV

Luke 12 in the BONAV

Luke 12 in the BONCB

Luke 12 in the BONLT

Luke 12 in the BONUT2

Luke 12 in the BOPLNT

Luke 12 in the BOSCB

Luke 12 in the BOSNC

Luke 12 in the BOTLNT

Luke 12 in the BOVCB

Luke 12 in the BOYCB

Luke 12 in the BPBB

Luke 12 in the BPH

Luke 12 in the BSB

Luke 12 in the CCB

Luke 12 in the CUV

Luke 12 in the CUVS

Luke 12 in the DBT

Luke 12 in the DGDNT

Luke 12 in the DHNT

Luke 12 in the DNT

Luke 12 in the ELBE

Luke 12 in the EMTV

Luke 12 in the ESV

Luke 12 in the FBV

Luke 12 in the FEB

Luke 12 in the GGMNT

Luke 12 in the GNT

Luke 12 in the HARY

Luke 12 in the HNT

Luke 12 in the IRVA

Luke 12 in the IRVB

Luke 12 in the IRVG

Luke 12 in the IRVH

Luke 12 in the IRVK

Luke 12 in the IRVM

Luke 12 in the IRVM2

Luke 12 in the IRVO

Luke 12 in the IRVP

Luke 12 in the IRVT

Luke 12 in the IRVT2

Luke 12 in the IRVU

Luke 12 in the ISVN

Luke 12 in the JSNT

Luke 12 in the KAPI

Luke 12 in the KBT1ETNIK

Luke 12 in the KBV

Luke 12 in the KJV

Luke 12 in the KNFD

Luke 12 in the LBA

Luke 12 in the LBLA

Luke 12 in the LNT

Luke 12 in the LSV

Luke 12 in the MAAL

Luke 12 in the MBV

Luke 12 in the MBV2

Luke 12 in the MHNT

Luke 12 in the MKNFD

Luke 12 in the MNG

Luke 12 in the MNT

Luke 12 in the MNT2

Luke 12 in the MRS1T

Luke 12 in the NAA

Luke 12 in the NASB

Luke 12 in the NBLA

Luke 12 in the NBS

Luke 12 in the NBVTP

Luke 12 in the NET2

Luke 12 in the NIV11

Luke 12 in the NNT

Luke 12 in the NNT2

Luke 12 in the NNT3

Luke 12 in the PDDPT

Luke 12 in the PFNT

Luke 12 in the RMNT

Luke 12 in the SBIAS

Luke 12 in the SBIBS

Luke 12 in the SBIBS2

Luke 12 in the SBICS

Luke 12 in the SBIDS

Luke 12 in the SBIGS

Luke 12 in the SBIHS

Luke 12 in the SBIIS

Luke 12 in the SBIIS2

Luke 12 in the SBIIS3

Luke 12 in the SBIKS

Luke 12 in the SBIKS2

Luke 12 in the SBIMS

Luke 12 in the SBIOS

Luke 12 in the SBIPS

Luke 12 in the SBISS

Luke 12 in the SBITS

Luke 12 in the SBITS2

Luke 12 in the SBITS3

Luke 12 in the SBITS4

Luke 12 in the SBIUS

Luke 12 in the SBIVS

Luke 12 in the SBT

Luke 12 in the SBT1E

Luke 12 in the SCHL

Luke 12 in the SNT

Luke 12 in the SUSU

Luke 12 in the SUSU2

Luke 12 in the SYNO

Luke 12 in the TBIAOTANT

Luke 12 in the TBT1E

Luke 12 in the TBT1E2

Luke 12 in the TFTIP

Luke 12 in the TFTU

Luke 12 in the TGNTATF3T

Luke 12 in the THAI

Luke 12 in the TNFD

Luke 12 in the TNT

Luke 12 in the TNTIK

Luke 12 in the TNTIL

Luke 12 in the TNTIN

Luke 12 in the TNTIP

Luke 12 in the TNTIZ

Luke 12 in the TOMA

Luke 12 in the TTENT

Luke 12 in the UBG

Luke 12 in the UGV

Luke 12 in the UGV2

Luke 12 in the UGV3

Luke 12 in the VBL

Luke 12 in the VDCC

Luke 12 in the YALU

Luke 12 in the YAPE

Luke 12 in the YBVTP

Luke 12 in the ZBP