Malachi 3 (BOATCB)

1 Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, AWURADE a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 2 Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina. 3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei AWURADE bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu, 4 na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no. 5 “Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 6 “Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no. 7 Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie.“Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’ 8 “Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’“Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu. 9 Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno. 10 Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 11 “Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 12 “Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 14 “Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo AWURADE anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ? 15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’ ” 16 Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na AWURADE tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ. 17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo AWURADE seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no. 18 Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam.

In Other Versions

Malachi 3 in the ANGEFD

Malachi 3 in the ANTPNG2D

Malachi 3 in the AS21

Malachi 3 in the BAGH

Malachi 3 in the BBPNG

Malachi 3 in the BBT1E

Malachi 3 in the BDS

Malachi 3 in the BEV

Malachi 3 in the BHAD

Malachi 3 in the BIB

Malachi 3 in the BLPT

Malachi 3 in the BNT

Malachi 3 in the BNTABOOT

Malachi 3 in the BNTLV

Malachi 3 in the BOATCB2

Malachi 3 in the BOBCV

Malachi 3 in the BOCNT

Malachi 3 in the BOECS

Malachi 3 in the BOGWICC

Malachi 3 in the BOHCB

Malachi 3 in the BOHCV

Malachi 3 in the BOHLNT

Malachi 3 in the BOHNTLTAL

Malachi 3 in the BOICB

Malachi 3 in the BOILNTAP

Malachi 3 in the BOITCV

Malachi 3 in the BOKCV

Malachi 3 in the BOKCV2

Malachi 3 in the BOKHWOG

Malachi 3 in the BOKSSV

Malachi 3 in the BOLCB

Malachi 3 in the BOLCB2

Malachi 3 in the BOMCV

Malachi 3 in the BONAV

Malachi 3 in the BONCB

Malachi 3 in the BONLT

Malachi 3 in the BONUT2

Malachi 3 in the BOPLNT

Malachi 3 in the BOSCB

Malachi 3 in the BOSNC

Malachi 3 in the BOTLNT

Malachi 3 in the BOVCB

Malachi 3 in the BOYCB

Malachi 3 in the BPBB

Malachi 3 in the BPH

Malachi 3 in the BSB

Malachi 3 in the CCB

Malachi 3 in the CUV

Malachi 3 in the CUVS

Malachi 3 in the DBT

Malachi 3 in the DGDNT

Malachi 3 in the DHNT

Malachi 3 in the DNT

Malachi 3 in the ELBE

Malachi 3 in the EMTV

Malachi 3 in the ESV

Malachi 3 in the FBV

Malachi 3 in the FEB

Malachi 3 in the GGMNT

Malachi 3 in the GNT

Malachi 3 in the HARY

Malachi 3 in the HNT

Malachi 3 in the IRVA

Malachi 3 in the IRVB

Malachi 3 in the IRVG

Malachi 3 in the IRVH

Malachi 3 in the IRVK

Malachi 3 in the IRVM

Malachi 3 in the IRVM2

Malachi 3 in the IRVO

Malachi 3 in the IRVP

Malachi 3 in the IRVT

Malachi 3 in the IRVT2

Malachi 3 in the IRVU

Malachi 3 in the ISVN

Malachi 3 in the JSNT

Malachi 3 in the KAPI

Malachi 3 in the KBT1ETNIK

Malachi 3 in the KBV

Malachi 3 in the KJV

Malachi 3 in the KNFD

Malachi 3 in the LBA

Malachi 3 in the LBLA

Malachi 3 in the LNT

Malachi 3 in the LSV

Malachi 3 in the MAAL

Malachi 3 in the MBV

Malachi 3 in the MBV2

Malachi 3 in the MHNT

Malachi 3 in the MKNFD

Malachi 3 in the MNG

Malachi 3 in the MNT

Malachi 3 in the MNT2

Malachi 3 in the MRS1T

Malachi 3 in the NAA

Malachi 3 in the NASB

Malachi 3 in the NBLA

Malachi 3 in the NBS

Malachi 3 in the NBVTP

Malachi 3 in the NET2

Malachi 3 in the NIV11

Malachi 3 in the NNT

Malachi 3 in the NNT2

Malachi 3 in the NNT3

Malachi 3 in the PDDPT

Malachi 3 in the PFNT

Malachi 3 in the RMNT

Malachi 3 in the SBIAS

Malachi 3 in the SBIBS

Malachi 3 in the SBIBS2

Malachi 3 in the SBICS

Malachi 3 in the SBIDS

Malachi 3 in the SBIGS

Malachi 3 in the SBIHS

Malachi 3 in the SBIIS

Malachi 3 in the SBIIS2

Malachi 3 in the SBIIS3

Malachi 3 in the SBIKS

Malachi 3 in the SBIKS2

Malachi 3 in the SBIMS

Malachi 3 in the SBIOS

Malachi 3 in the SBIPS

Malachi 3 in the SBISS

Malachi 3 in the SBITS

Malachi 3 in the SBITS2

Malachi 3 in the SBITS3

Malachi 3 in the SBITS4

Malachi 3 in the SBIUS

Malachi 3 in the SBIVS

Malachi 3 in the SBT

Malachi 3 in the SBT1E

Malachi 3 in the SCHL

Malachi 3 in the SNT

Malachi 3 in the SUSU

Malachi 3 in the SUSU2

Malachi 3 in the SYNO

Malachi 3 in the TBIAOTANT

Malachi 3 in the TBT1E

Malachi 3 in the TBT1E2

Malachi 3 in the TFTIP

Malachi 3 in the TFTU

Malachi 3 in the TGNTATF3T

Malachi 3 in the THAI

Malachi 3 in the TNFD

Malachi 3 in the TNT

Malachi 3 in the TNTIK

Malachi 3 in the TNTIL

Malachi 3 in the TNTIN

Malachi 3 in the TNTIP

Malachi 3 in the TNTIZ

Malachi 3 in the TOMA

Malachi 3 in the TTENT

Malachi 3 in the UBG

Malachi 3 in the UGV

Malachi 3 in the UGV2

Malachi 3 in the UGV3

Malachi 3 in the VBL

Malachi 3 in the VDCC

Malachi 3 in the YALU

Malachi 3 in the YAPE

Malachi 3 in the YBVTP

Malachi 3 in the ZBP