Matthew 23 (BOATCB)

1 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no sɛ, 2 “Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. 3 Yei enti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. 4 Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wɔdi so. 5 “Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔatwerɛ Onyame Asɛm abɔ wɔn moma ne wɔn nsa so, na wɔhyɛ wɔn ntadeɛ de kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. 6 Na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanin tenabea pa. 7 Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ. 8 “Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. 9 Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. 10 Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ ɛfiri sɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. 11 Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛseɛ. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfoɔ. 12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. 13 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan. 14 Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atentene wɔ mmɔntene so de kyerɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ wɔ ɛberɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu. 15 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no. 16 “Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no. 17 Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no? 18 Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no’ 19 Anifirafoɔ! Afɔrebukyia a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo? 20 Sɛ woka afɔrebukyia no ntam a, woka afɔrebukyia no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam, 21 na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22 Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam. 23 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no. 24 Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene yoma! 25 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowaa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma tɔ. 26 Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte! 27 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. 28 Moyɛ mo anim sɛ ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma tɔ. 29 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi nna akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkumm wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so, 30 na motwa mo ho ka sɛ, ‘Sɛ na yɛte ase saa ɛberɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no.’ 31 Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma. 32 Na modi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ. 33 “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu ogya mu atemmuo no? 34 Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so. 35 Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no wɔ asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so. 36 Mereka makyerɛ mo sɛ, atemmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so. 37 “Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38 Wɔbɛgya mo efie fituo ama mo. 39 Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhunu me bio kɔsi sɛ, mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”

In Other Versions

Matthew 23 in the ANGEFD

Matthew 23 in the ANTPNG2D

Matthew 23 in the AS21

Matthew 23 in the BAGH

Matthew 23 in the BBPNG

Matthew 23 in the BBT1E

Matthew 23 in the BDS

Matthew 23 in the BEV

Matthew 23 in the BHAD

Matthew 23 in the BIB

Matthew 23 in the BLPT

Matthew 23 in the BNT

Matthew 23 in the BNTABOOT

Matthew 23 in the BNTLV

Matthew 23 in the BOATCB2

Matthew 23 in the BOBCV

Matthew 23 in the BOCNT

Matthew 23 in the BOECS

Matthew 23 in the BOGWICC

Matthew 23 in the BOHCB

Matthew 23 in the BOHCV

Matthew 23 in the BOHLNT

Matthew 23 in the BOHNTLTAL

Matthew 23 in the BOICB

Matthew 23 in the BOILNTAP

Matthew 23 in the BOITCV

Matthew 23 in the BOKCV

Matthew 23 in the BOKCV2

Matthew 23 in the BOKHWOG

Matthew 23 in the BOKSSV

Matthew 23 in the BOLCB

Matthew 23 in the BOLCB2

Matthew 23 in the BOMCV

Matthew 23 in the BONAV

Matthew 23 in the BONCB

Matthew 23 in the BONLT

Matthew 23 in the BONUT2

Matthew 23 in the BOPLNT

Matthew 23 in the BOSCB

Matthew 23 in the BOSNC

Matthew 23 in the BOTLNT

Matthew 23 in the BOVCB

Matthew 23 in the BOYCB

Matthew 23 in the BPBB

Matthew 23 in the BPH

Matthew 23 in the BSB

Matthew 23 in the CCB

Matthew 23 in the CUV

Matthew 23 in the CUVS

Matthew 23 in the DBT

Matthew 23 in the DGDNT

Matthew 23 in the DHNT

Matthew 23 in the DNT

Matthew 23 in the ELBE

Matthew 23 in the EMTV

Matthew 23 in the ESV

Matthew 23 in the FBV

Matthew 23 in the FEB

Matthew 23 in the GGMNT

Matthew 23 in the GNT

Matthew 23 in the HARY

Matthew 23 in the HNT

Matthew 23 in the IRVA

Matthew 23 in the IRVB

Matthew 23 in the IRVG

Matthew 23 in the IRVH

Matthew 23 in the IRVK

Matthew 23 in the IRVM

Matthew 23 in the IRVM2

Matthew 23 in the IRVO

Matthew 23 in the IRVP

Matthew 23 in the IRVT

Matthew 23 in the IRVT2

Matthew 23 in the IRVU

Matthew 23 in the ISVN

Matthew 23 in the JSNT

Matthew 23 in the KAPI

Matthew 23 in the KBT1ETNIK

Matthew 23 in the KBV

Matthew 23 in the KJV

Matthew 23 in the KNFD

Matthew 23 in the LBA

Matthew 23 in the LBLA

Matthew 23 in the LNT

Matthew 23 in the LSV

Matthew 23 in the MAAL

Matthew 23 in the MBV

Matthew 23 in the MBV2

Matthew 23 in the MHNT

Matthew 23 in the MKNFD

Matthew 23 in the MNG

Matthew 23 in the MNT

Matthew 23 in the MNT2

Matthew 23 in the MRS1T

Matthew 23 in the NAA

Matthew 23 in the NASB

Matthew 23 in the NBLA

Matthew 23 in the NBS

Matthew 23 in the NBVTP

Matthew 23 in the NET2

Matthew 23 in the NIV11

Matthew 23 in the NNT

Matthew 23 in the NNT2

Matthew 23 in the NNT3

Matthew 23 in the PDDPT

Matthew 23 in the PFNT

Matthew 23 in the RMNT

Matthew 23 in the SBIAS

Matthew 23 in the SBIBS

Matthew 23 in the SBIBS2

Matthew 23 in the SBICS

Matthew 23 in the SBIDS

Matthew 23 in the SBIGS

Matthew 23 in the SBIHS

Matthew 23 in the SBIIS

Matthew 23 in the SBIIS2

Matthew 23 in the SBIIS3

Matthew 23 in the SBIKS

Matthew 23 in the SBIKS2

Matthew 23 in the SBIMS

Matthew 23 in the SBIOS

Matthew 23 in the SBIPS

Matthew 23 in the SBISS

Matthew 23 in the SBITS

Matthew 23 in the SBITS2

Matthew 23 in the SBITS3

Matthew 23 in the SBITS4

Matthew 23 in the SBIUS

Matthew 23 in the SBIVS

Matthew 23 in the SBT

Matthew 23 in the SBT1E

Matthew 23 in the SCHL

Matthew 23 in the SNT

Matthew 23 in the SUSU

Matthew 23 in the SUSU2

Matthew 23 in the SYNO

Matthew 23 in the TBIAOTANT

Matthew 23 in the TBT1E

Matthew 23 in the TBT1E2

Matthew 23 in the TFTIP

Matthew 23 in the TFTU

Matthew 23 in the TGNTATF3T

Matthew 23 in the THAI

Matthew 23 in the TNFD

Matthew 23 in the TNT

Matthew 23 in the TNTIK

Matthew 23 in the TNTIL

Matthew 23 in the TNTIN

Matthew 23 in the TNTIP

Matthew 23 in the TNTIZ

Matthew 23 in the TOMA

Matthew 23 in the TTENT

Matthew 23 in the UBG

Matthew 23 in the UGV

Matthew 23 in the UGV2

Matthew 23 in the UGV3

Matthew 23 in the VBL

Matthew 23 in the VDCC

Matthew 23 in the YALU

Matthew 23 in the YAPE

Matthew 23 in the YBVTP

Matthew 23 in the ZBP