Matthew 7 (BOATCB)

1 “Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. 2 Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo. 3 “Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? 4 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so. 5 Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no. 6 “Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so. 7 “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo. 8 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no. 9 “Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ? 10 Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no. 12 Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara. 13 “Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu. 14 Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so. 15 “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho. 16 Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. 17 Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne. 18 Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa. 19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no. 20 Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban. 21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. 22 Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’. 23 Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’ 24 “Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so. 25 Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so. 26 Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so. 27 Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.” 28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn, 29 ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.

In Other Versions

Matthew 7 in the ANGEFD

Matthew 7 in the ANTPNG2D

Matthew 7 in the AS21

Matthew 7 in the BAGH

Matthew 7 in the BBPNG

Matthew 7 in the BBT1E

Matthew 7 in the BDS

Matthew 7 in the BEV

Matthew 7 in the BHAD

Matthew 7 in the BIB

Matthew 7 in the BLPT

Matthew 7 in the BNT

Matthew 7 in the BNTABOOT

Matthew 7 in the BNTLV

Matthew 7 in the BOATCB2

Matthew 7 in the BOBCV

Matthew 7 in the BOCNT

Matthew 7 in the BOECS

Matthew 7 in the BOGWICC

Matthew 7 in the BOHCB

Matthew 7 in the BOHCV

Matthew 7 in the BOHLNT

Matthew 7 in the BOHNTLTAL

Matthew 7 in the BOICB

Matthew 7 in the BOILNTAP

Matthew 7 in the BOITCV

Matthew 7 in the BOKCV

Matthew 7 in the BOKCV2

Matthew 7 in the BOKHWOG

Matthew 7 in the BOKSSV

Matthew 7 in the BOLCB

Matthew 7 in the BOLCB2

Matthew 7 in the BOMCV

Matthew 7 in the BONAV

Matthew 7 in the BONCB

Matthew 7 in the BONLT

Matthew 7 in the BONUT2

Matthew 7 in the BOPLNT

Matthew 7 in the BOSCB

Matthew 7 in the BOSNC

Matthew 7 in the BOTLNT

Matthew 7 in the BOVCB

Matthew 7 in the BOYCB

Matthew 7 in the BPBB

Matthew 7 in the BPH

Matthew 7 in the BSB

Matthew 7 in the CCB

Matthew 7 in the CUV

Matthew 7 in the CUVS

Matthew 7 in the DBT

Matthew 7 in the DGDNT

Matthew 7 in the DHNT

Matthew 7 in the DNT

Matthew 7 in the ELBE

Matthew 7 in the EMTV

Matthew 7 in the ESV

Matthew 7 in the FBV

Matthew 7 in the FEB

Matthew 7 in the GGMNT

Matthew 7 in the GNT

Matthew 7 in the HARY

Matthew 7 in the HNT

Matthew 7 in the IRVA

Matthew 7 in the IRVB

Matthew 7 in the IRVG

Matthew 7 in the IRVH

Matthew 7 in the IRVK

Matthew 7 in the IRVM

Matthew 7 in the IRVM2

Matthew 7 in the IRVO

Matthew 7 in the IRVP

Matthew 7 in the IRVT

Matthew 7 in the IRVT2

Matthew 7 in the IRVU

Matthew 7 in the ISVN

Matthew 7 in the JSNT

Matthew 7 in the KAPI

Matthew 7 in the KBT1ETNIK

Matthew 7 in the KBV

Matthew 7 in the KJV

Matthew 7 in the KNFD

Matthew 7 in the LBA

Matthew 7 in the LBLA

Matthew 7 in the LNT

Matthew 7 in the LSV

Matthew 7 in the MAAL

Matthew 7 in the MBV

Matthew 7 in the MBV2

Matthew 7 in the MHNT

Matthew 7 in the MKNFD

Matthew 7 in the MNG

Matthew 7 in the MNT

Matthew 7 in the MNT2

Matthew 7 in the MRS1T

Matthew 7 in the NAA

Matthew 7 in the NASB

Matthew 7 in the NBLA

Matthew 7 in the NBS

Matthew 7 in the NBVTP

Matthew 7 in the NET2

Matthew 7 in the NIV11

Matthew 7 in the NNT

Matthew 7 in the NNT2

Matthew 7 in the NNT3

Matthew 7 in the PDDPT

Matthew 7 in the PFNT

Matthew 7 in the RMNT

Matthew 7 in the SBIAS

Matthew 7 in the SBIBS

Matthew 7 in the SBIBS2

Matthew 7 in the SBICS

Matthew 7 in the SBIDS

Matthew 7 in the SBIGS

Matthew 7 in the SBIHS

Matthew 7 in the SBIIS

Matthew 7 in the SBIIS2

Matthew 7 in the SBIIS3

Matthew 7 in the SBIKS

Matthew 7 in the SBIKS2

Matthew 7 in the SBIMS

Matthew 7 in the SBIOS

Matthew 7 in the SBIPS

Matthew 7 in the SBISS

Matthew 7 in the SBITS

Matthew 7 in the SBITS2

Matthew 7 in the SBITS3

Matthew 7 in the SBITS4

Matthew 7 in the SBIUS

Matthew 7 in the SBIVS

Matthew 7 in the SBT

Matthew 7 in the SBT1E

Matthew 7 in the SCHL

Matthew 7 in the SNT

Matthew 7 in the SUSU

Matthew 7 in the SUSU2

Matthew 7 in the SYNO

Matthew 7 in the TBIAOTANT

Matthew 7 in the TBT1E

Matthew 7 in the TBT1E2

Matthew 7 in the TFTIP

Matthew 7 in the TFTU

Matthew 7 in the TGNTATF3T

Matthew 7 in the THAI

Matthew 7 in the TNFD

Matthew 7 in the TNT

Matthew 7 in the TNTIK

Matthew 7 in the TNTIL

Matthew 7 in the TNTIN

Matthew 7 in the TNTIP

Matthew 7 in the TNTIZ

Matthew 7 in the TOMA

Matthew 7 in the TTENT

Matthew 7 in the UBG

Matthew 7 in the UGV

Matthew 7 in the UGV2

Matthew 7 in the UGV3

Matthew 7 in the VBL

Matthew 7 in the VDCC

Matthew 7 in the YALU

Matthew 7 in the YAPE

Matthew 7 in the YBVTP

Matthew 7 in the ZBP