Mark 13 (BOATCB)

1 Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.” 2 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.” 3 Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 4 “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?” 5 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo. 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7 Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 8 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ. 9 “Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba. 11 Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka. 12 “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 13 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. 14 “Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so. 15 Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfiri hɔ. 16 Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma wɔ efie. 17 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. 18 Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ. 19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da. 20 “Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so. 21 Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua. 22 Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23 Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo! 24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, 25 na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.’ 26 “Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. 27 Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano. 28 “Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. 29 Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn. 30 Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. 32 “Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. 33 Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34 Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba. 35 “Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia. 36 Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37 Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn.’ ”

In Other Versions

Mark 13 in the ANGEFD

Mark 13 in the ANTPNG2D

Mark 13 in the AS21

Mark 13 in the BAGH

Mark 13 in the BBPNG

Mark 13 in the BBT1E

Mark 13 in the BDS

Mark 13 in the BEV

Mark 13 in the BHAD

Mark 13 in the BIB

Mark 13 in the BLPT

Mark 13 in the BNT

Mark 13 in the BNTABOOT

Mark 13 in the BNTLV

Mark 13 in the BOATCB2

Mark 13 in the BOBCV

Mark 13 in the BOCNT

Mark 13 in the BOECS

Mark 13 in the BOGWICC

Mark 13 in the BOHCB

Mark 13 in the BOHCV

Mark 13 in the BOHLNT

Mark 13 in the BOHNTLTAL

Mark 13 in the BOICB

Mark 13 in the BOILNTAP

Mark 13 in the BOITCV

Mark 13 in the BOKCV

Mark 13 in the BOKCV2

Mark 13 in the BOKHWOG

Mark 13 in the BOKSSV

Mark 13 in the BOLCB

Mark 13 in the BOLCB2

Mark 13 in the BOMCV

Mark 13 in the BONAV

Mark 13 in the BONCB

Mark 13 in the BONLT

Mark 13 in the BONUT2

Mark 13 in the BOPLNT

Mark 13 in the BOSCB

Mark 13 in the BOSNC

Mark 13 in the BOTLNT

Mark 13 in the BOVCB

Mark 13 in the BOYCB

Mark 13 in the BPBB

Mark 13 in the BPH

Mark 13 in the BSB

Mark 13 in the CCB

Mark 13 in the CUV

Mark 13 in the CUVS

Mark 13 in the DBT

Mark 13 in the DGDNT

Mark 13 in the DHNT

Mark 13 in the DNT

Mark 13 in the ELBE

Mark 13 in the EMTV

Mark 13 in the ESV

Mark 13 in the FBV

Mark 13 in the FEB

Mark 13 in the GGMNT

Mark 13 in the GNT

Mark 13 in the HARY

Mark 13 in the HNT

Mark 13 in the IRVA

Mark 13 in the IRVB

Mark 13 in the IRVG

Mark 13 in the IRVH

Mark 13 in the IRVK

Mark 13 in the IRVM

Mark 13 in the IRVM2

Mark 13 in the IRVO

Mark 13 in the IRVP

Mark 13 in the IRVT

Mark 13 in the IRVT2

Mark 13 in the IRVU

Mark 13 in the ISVN

Mark 13 in the JSNT

Mark 13 in the KAPI

Mark 13 in the KBT1ETNIK

Mark 13 in the KBV

Mark 13 in the KJV

Mark 13 in the KNFD

Mark 13 in the LBA

Mark 13 in the LBLA

Mark 13 in the LNT

Mark 13 in the LSV

Mark 13 in the MAAL

Mark 13 in the MBV

Mark 13 in the MBV2

Mark 13 in the MHNT

Mark 13 in the MKNFD

Mark 13 in the MNG

Mark 13 in the MNT

Mark 13 in the MNT2

Mark 13 in the MRS1T

Mark 13 in the NAA

Mark 13 in the NASB

Mark 13 in the NBLA

Mark 13 in the NBS

Mark 13 in the NBVTP

Mark 13 in the NET2

Mark 13 in the NIV11

Mark 13 in the NNT

Mark 13 in the NNT2

Mark 13 in the NNT3

Mark 13 in the PDDPT

Mark 13 in the PFNT

Mark 13 in the RMNT

Mark 13 in the SBIAS

Mark 13 in the SBIBS

Mark 13 in the SBIBS2

Mark 13 in the SBICS

Mark 13 in the SBIDS

Mark 13 in the SBIGS

Mark 13 in the SBIHS

Mark 13 in the SBIIS

Mark 13 in the SBIIS2

Mark 13 in the SBIIS3

Mark 13 in the SBIKS

Mark 13 in the SBIKS2

Mark 13 in the SBIMS

Mark 13 in the SBIOS

Mark 13 in the SBIPS

Mark 13 in the SBISS

Mark 13 in the SBITS

Mark 13 in the SBITS2

Mark 13 in the SBITS3

Mark 13 in the SBITS4

Mark 13 in the SBIUS

Mark 13 in the SBIVS

Mark 13 in the SBT

Mark 13 in the SBT1E

Mark 13 in the SCHL

Mark 13 in the SNT

Mark 13 in the SUSU

Mark 13 in the SUSU2

Mark 13 in the SYNO

Mark 13 in the TBIAOTANT

Mark 13 in the TBT1E

Mark 13 in the TBT1E2

Mark 13 in the TFTIP

Mark 13 in the TFTU

Mark 13 in the TGNTATF3T

Mark 13 in the THAI

Mark 13 in the TNFD

Mark 13 in the TNT

Mark 13 in the TNTIK

Mark 13 in the TNTIL

Mark 13 in the TNTIN

Mark 13 in the TNTIP

Mark 13 in the TNTIZ

Mark 13 in the TOMA

Mark 13 in the TTENT

Mark 13 in the UBG

Mark 13 in the UGV

Mark 13 in the UGV2

Mark 13 in the UGV3

Mark 13 in the VBL

Mark 13 in the VDCC

Mark 13 in the YALU

Mark 13 in the YAPE

Mark 13 in the YBVTP

Mark 13 in the ZBP