Mark 13 (BOATCB2)

1 Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.” 2 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa dan yi agu pasaa.” 3 Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se, 4 “Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa ana?” 5 Yesu buaa wɔn se, “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo. 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7 Akokoakoko besisi mmaa nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛno ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne. 8 Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase. 9 “Nanso sɛ eyinom fi ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asennii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba. 11 Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asennii a, munninwene nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka. 12 “Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn. 13 Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa. 14 “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so. 15 Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfi hɔ. 16 Wɔn a wɔwɔ mfuw mu no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntama wɔ fie. 17 Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 18 Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔw bere. 19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no bi nsii da, na bi nso rensi da. 20 “Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so. 21 Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua. 22 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre wɔ mo mu na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ankasa ara mma. 23 Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo! 24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, 25 na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow wim abɔde ahorow no.’ 26 “Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba. 27 Na mɛsoma mʼabɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano. 28 “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn. 29 Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn. 30 Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da. 32 “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim. 33 Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34 Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba. 35 “Enti mo nso monwɛn, efisɛ munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasu mu, ahemadakye anaa awia. 36 Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37 Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn!’ ”

In Other Versions

Mark 13 in the ANGEFD

Mark 13 in the ANTPNG2D

Mark 13 in the AS21

Mark 13 in the BAGH

Mark 13 in the BBPNG

Mark 13 in the BBT1E

Mark 13 in the BDS

Mark 13 in the BEV

Mark 13 in the BHAD

Mark 13 in the BIB

Mark 13 in the BLPT

Mark 13 in the BNT

Mark 13 in the BNTABOOT

Mark 13 in the BNTLV

Mark 13 in the BOATCB

Mark 13 in the BOBCV

Mark 13 in the BOCNT

Mark 13 in the BOECS

Mark 13 in the BOGWICC

Mark 13 in the BOHCB

Mark 13 in the BOHCV

Mark 13 in the BOHLNT

Mark 13 in the BOHNTLTAL

Mark 13 in the BOICB

Mark 13 in the BOILNTAP

Mark 13 in the BOITCV

Mark 13 in the BOKCV

Mark 13 in the BOKCV2

Mark 13 in the BOKHWOG

Mark 13 in the BOKSSV

Mark 13 in the BOLCB

Mark 13 in the BOLCB2

Mark 13 in the BOMCV

Mark 13 in the BONAV

Mark 13 in the BONCB

Mark 13 in the BONLT

Mark 13 in the BONUT2

Mark 13 in the BOPLNT

Mark 13 in the BOSCB

Mark 13 in the BOSNC

Mark 13 in the BOTLNT

Mark 13 in the BOVCB

Mark 13 in the BOYCB

Mark 13 in the BPBB

Mark 13 in the BPH

Mark 13 in the BSB

Mark 13 in the CCB

Mark 13 in the CUV

Mark 13 in the CUVS

Mark 13 in the DBT

Mark 13 in the DGDNT

Mark 13 in the DHNT

Mark 13 in the DNT

Mark 13 in the ELBE

Mark 13 in the EMTV

Mark 13 in the ESV

Mark 13 in the FBV

Mark 13 in the FEB

Mark 13 in the GGMNT

Mark 13 in the GNT

Mark 13 in the HARY

Mark 13 in the HNT

Mark 13 in the IRVA

Mark 13 in the IRVB

Mark 13 in the IRVG

Mark 13 in the IRVH

Mark 13 in the IRVK

Mark 13 in the IRVM

Mark 13 in the IRVM2

Mark 13 in the IRVO

Mark 13 in the IRVP

Mark 13 in the IRVT

Mark 13 in the IRVT2

Mark 13 in the IRVU

Mark 13 in the ISVN

Mark 13 in the JSNT

Mark 13 in the KAPI

Mark 13 in the KBT1ETNIK

Mark 13 in the KBV

Mark 13 in the KJV

Mark 13 in the KNFD

Mark 13 in the LBA

Mark 13 in the LBLA

Mark 13 in the LNT

Mark 13 in the LSV

Mark 13 in the MAAL

Mark 13 in the MBV

Mark 13 in the MBV2

Mark 13 in the MHNT

Mark 13 in the MKNFD

Mark 13 in the MNG

Mark 13 in the MNT

Mark 13 in the MNT2

Mark 13 in the MRS1T

Mark 13 in the NAA

Mark 13 in the NASB

Mark 13 in the NBLA

Mark 13 in the NBS

Mark 13 in the NBVTP

Mark 13 in the NET2

Mark 13 in the NIV11

Mark 13 in the NNT

Mark 13 in the NNT2

Mark 13 in the NNT3

Mark 13 in the PDDPT

Mark 13 in the PFNT

Mark 13 in the RMNT

Mark 13 in the SBIAS

Mark 13 in the SBIBS

Mark 13 in the SBIBS2

Mark 13 in the SBICS

Mark 13 in the SBIDS

Mark 13 in the SBIGS

Mark 13 in the SBIHS

Mark 13 in the SBIIS

Mark 13 in the SBIIS2

Mark 13 in the SBIIS3

Mark 13 in the SBIKS

Mark 13 in the SBIKS2

Mark 13 in the SBIMS

Mark 13 in the SBIOS

Mark 13 in the SBIPS

Mark 13 in the SBISS

Mark 13 in the SBITS

Mark 13 in the SBITS2

Mark 13 in the SBITS3

Mark 13 in the SBITS4

Mark 13 in the SBIUS

Mark 13 in the SBIVS

Mark 13 in the SBT

Mark 13 in the SBT1E

Mark 13 in the SCHL

Mark 13 in the SNT

Mark 13 in the SUSU

Mark 13 in the SUSU2

Mark 13 in the SYNO

Mark 13 in the TBIAOTANT

Mark 13 in the TBT1E

Mark 13 in the TBT1E2

Mark 13 in the TFTIP

Mark 13 in the TFTU

Mark 13 in the TGNTATF3T

Mark 13 in the THAI

Mark 13 in the TNFD

Mark 13 in the TNT

Mark 13 in the TNTIK

Mark 13 in the TNTIL

Mark 13 in the TNTIN

Mark 13 in the TNTIP

Mark 13 in the TNTIZ

Mark 13 in the TOMA

Mark 13 in the TTENT

Mark 13 in the UBG

Mark 13 in the UGV

Mark 13 in the UGV2

Mark 13 in the UGV3

Mark 13 in the VBL

Mark 13 in the VDCC

Mark 13 in the YALU

Mark 13 in the YAPE

Mark 13 in the YBVTP

Mark 13 in the ZBP