Numbers 10 (BOATCB)

1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntotorobɛnto mmienu na wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na watu ntomadan no akɔ. 3 Sɛ wɔhyɛn ntotorobɛnto mmienu no a, nnipa no bɛhunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 4 Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanimfoɔ na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn. 5 Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuo a wɔwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan apueeɛ fam no bɛtu wɔn atenaeɛ hɔ na wɔakɔ. 6 Sɛ mohyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no a, mmusuakuo a wɔwɔ anafoɔ fam no bɛdi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ. 7 Na sɛ mofrɛ nnipa no ma wɔbɛhyia a, momfa ɛkwan foforɔ so nhyɛne ntotorobɛnto no. 8 “Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 9 Sɛ moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a, AWURADE, mo Onyankopɔn bɛtie mo na wagye mo afiri mo atamfoɔ nsam. 10 Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene AWURADE mo Onyankopɔn.” 11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so, 12 enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so hɔ dii omununkum no akyi kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so. 13 Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtu no duruiɛ no, AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn. 14 Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan. 15 Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim. 17 Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu. 18 Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim. 19 Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim; 20 Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim. 21 Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Wɔduruu hɔ no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ beaeɛ foforɔ hɔ dada. 22 Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim; 23 ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim; 24 afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim. 25 Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no. 26 Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim. 27 Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim. 28 Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no. 29 Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, AWURADE ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!” 30 Nanso nʼakonta no buaa no sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn.” 31 Mose srɛɛ sɛ, “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ, wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn. 32 Sɛ woba a, nneɛma pa a AWURADE de bɛma yɛn no nyinaa, wobɛnya bi.” 33 Wɔfiri AWURADE Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a AWURADE Adaka no di wɔn anim sɛ wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ. 34 Wɔfirii wɔn akwantuo no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na AWURADE omununkum no di wɔn anim. 35 Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam sɛ,“Ao, AWURADE, sɔre!Na hwete wʼatamfoɔ;ma wɔn nyinaa nnwane mfiri wʼanim.” 36 Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa sɛ,“Ao, AWURADE, sane braIsraelfoɔ ɔpepe no mu.”

In Other Versions

Numbers 10 in the ANGEFD

Numbers 10 in the ANTPNG2D

Numbers 10 in the AS21

Numbers 10 in the BAGH

Numbers 10 in the BBPNG

Numbers 10 in the BBT1E

Numbers 10 in the BDS

Numbers 10 in the BEV

Numbers 10 in the BHAD

Numbers 10 in the BIB

Numbers 10 in the BLPT

Numbers 10 in the BNT

Numbers 10 in the BNTABOOT

Numbers 10 in the BNTLV

Numbers 10 in the BOATCB2

Numbers 10 in the BOBCV

Numbers 10 in the BOCNT

Numbers 10 in the BOECS

Numbers 10 in the BOGWICC

Numbers 10 in the BOHCB

Numbers 10 in the BOHCV

Numbers 10 in the BOHLNT

Numbers 10 in the BOHNTLTAL

Numbers 10 in the BOICB

Numbers 10 in the BOILNTAP

Numbers 10 in the BOITCV

Numbers 10 in the BOKCV

Numbers 10 in the BOKCV2

Numbers 10 in the BOKHWOG

Numbers 10 in the BOKSSV

Numbers 10 in the BOLCB

Numbers 10 in the BOLCB2

Numbers 10 in the BOMCV

Numbers 10 in the BONAV

Numbers 10 in the BONCB

Numbers 10 in the BONLT

Numbers 10 in the BONUT2

Numbers 10 in the BOPLNT

Numbers 10 in the BOSCB

Numbers 10 in the BOSNC

Numbers 10 in the BOTLNT

Numbers 10 in the BOVCB

Numbers 10 in the BOYCB

Numbers 10 in the BPBB

Numbers 10 in the BPH

Numbers 10 in the BSB

Numbers 10 in the CCB

Numbers 10 in the CUV

Numbers 10 in the CUVS

Numbers 10 in the DBT

Numbers 10 in the DGDNT

Numbers 10 in the DHNT

Numbers 10 in the DNT

Numbers 10 in the ELBE

Numbers 10 in the EMTV

Numbers 10 in the ESV

Numbers 10 in the FBV

Numbers 10 in the FEB

Numbers 10 in the GGMNT

Numbers 10 in the GNT

Numbers 10 in the HARY

Numbers 10 in the HNT

Numbers 10 in the IRVA

Numbers 10 in the IRVB

Numbers 10 in the IRVG

Numbers 10 in the IRVH

Numbers 10 in the IRVK

Numbers 10 in the IRVM

Numbers 10 in the IRVM2

Numbers 10 in the IRVO

Numbers 10 in the IRVP

Numbers 10 in the IRVT

Numbers 10 in the IRVT2

Numbers 10 in the IRVU

Numbers 10 in the ISVN

Numbers 10 in the JSNT

Numbers 10 in the KAPI

Numbers 10 in the KBT1ETNIK

Numbers 10 in the KBV

Numbers 10 in the KJV

Numbers 10 in the KNFD

Numbers 10 in the LBA

Numbers 10 in the LBLA

Numbers 10 in the LNT

Numbers 10 in the LSV

Numbers 10 in the MAAL

Numbers 10 in the MBV

Numbers 10 in the MBV2

Numbers 10 in the MHNT

Numbers 10 in the MKNFD

Numbers 10 in the MNG

Numbers 10 in the MNT

Numbers 10 in the MNT2

Numbers 10 in the MRS1T

Numbers 10 in the NAA

Numbers 10 in the NASB

Numbers 10 in the NBLA

Numbers 10 in the NBS

Numbers 10 in the NBVTP

Numbers 10 in the NET2

Numbers 10 in the NIV11

Numbers 10 in the NNT

Numbers 10 in the NNT2

Numbers 10 in the NNT3

Numbers 10 in the PDDPT

Numbers 10 in the PFNT

Numbers 10 in the RMNT

Numbers 10 in the SBIAS

Numbers 10 in the SBIBS

Numbers 10 in the SBIBS2

Numbers 10 in the SBICS

Numbers 10 in the SBIDS

Numbers 10 in the SBIGS

Numbers 10 in the SBIHS

Numbers 10 in the SBIIS

Numbers 10 in the SBIIS2

Numbers 10 in the SBIIS3

Numbers 10 in the SBIKS

Numbers 10 in the SBIKS2

Numbers 10 in the SBIMS

Numbers 10 in the SBIOS

Numbers 10 in the SBIPS

Numbers 10 in the SBISS

Numbers 10 in the SBITS

Numbers 10 in the SBITS2

Numbers 10 in the SBITS3

Numbers 10 in the SBITS4

Numbers 10 in the SBIUS

Numbers 10 in the SBIVS

Numbers 10 in the SBT

Numbers 10 in the SBT1E

Numbers 10 in the SCHL

Numbers 10 in the SNT

Numbers 10 in the SUSU

Numbers 10 in the SUSU2

Numbers 10 in the SYNO

Numbers 10 in the TBIAOTANT

Numbers 10 in the TBT1E

Numbers 10 in the TBT1E2

Numbers 10 in the TFTIP

Numbers 10 in the TFTU

Numbers 10 in the TGNTATF3T

Numbers 10 in the THAI

Numbers 10 in the TNFD

Numbers 10 in the TNT

Numbers 10 in the TNTIK

Numbers 10 in the TNTIL

Numbers 10 in the TNTIN

Numbers 10 in the TNTIP

Numbers 10 in the TNTIZ

Numbers 10 in the TOMA

Numbers 10 in the TTENT

Numbers 10 in the UBG

Numbers 10 in the UGV

Numbers 10 in the UGV2

Numbers 10 in the UGV3

Numbers 10 in the VBL

Numbers 10 in the VDCC

Numbers 10 in the YALU

Numbers 10 in the YAPE

Numbers 10 in the YBVTP

Numbers 10 in the ZBP