Numbers 10 (BOATCB2)
1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn. 3 Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 4 Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn. 5 Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ. 6 Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ. 7 Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no. 8 “Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa. 9 Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, AWURADE, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam. 10 Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn.” 11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so, 12 enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so. 13 Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn. 14 Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan. 15 Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim. 17 Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu. 18 Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim. 19 Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim; 20 Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. 21 Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ. 22 Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim; 23 Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; 24 na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim. 25 Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim. 26 Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, 27 na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim. 28 Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no. 29 Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ AWURADE ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.” 30 Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.” 31 Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo. 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a AWURADE de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.” 33 Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn. 34 Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na AWURADE mununkum no di wɔn anim. 35 Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se,“AWURADE, sɔre!Ma wʼatamfo nhwete;ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.” 36 Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se,“AWURADE, san braIsraelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”
In Other Versions
Numbers 10 in the ANGEFD
Numbers 10 in the ANTPNG2D
Numbers 10 in the AS21
Numbers 10 in the BAGH
Numbers 10 in the BBPNG
Numbers 10 in the BBT1E
Numbers 10 in the BDS
Numbers 10 in the BEV
Numbers 10 in the BHAD
Numbers 10 in the BIB
Numbers 10 in the BLPT
Numbers 10 in the BNT
Numbers 10 in the BNTABOOT
Numbers 10 in the BNTLV
Numbers 10 in the BOATCB
Numbers 10 in the BOBCV
Numbers 10 in the BOCNT
Numbers 10 in the BOECS
Numbers 10 in the BOGWICC
Numbers 10 in the BOHCB
Numbers 10 in the BOHCV
Numbers 10 in the BOHLNT
Numbers 10 in the BOHNTLTAL
Numbers 10 in the BOICB
Numbers 10 in the BOILNTAP
Numbers 10 in the BOITCV
Numbers 10 in the BOKCV
Numbers 10 in the BOKCV2
Numbers 10 in the BOKHWOG
Numbers 10 in the BOKSSV
Numbers 10 in the BOLCB
Numbers 10 in the BOLCB2
Numbers 10 in the BOMCV
Numbers 10 in the BONAV
Numbers 10 in the BONCB
Numbers 10 in the BONLT
Numbers 10 in the BONUT2
Numbers 10 in the BOPLNT
Numbers 10 in the BOSCB
Numbers 10 in the BOSNC
Numbers 10 in the BOTLNT
Numbers 10 in the BOVCB
Numbers 10 in the BOYCB
Numbers 10 in the BPBB
Numbers 10 in the BPH
Numbers 10 in the BSB
Numbers 10 in the CCB
Numbers 10 in the CUV
Numbers 10 in the CUVS
Numbers 10 in the DBT
Numbers 10 in the DGDNT
Numbers 10 in the DHNT
Numbers 10 in the DNT
Numbers 10 in the ELBE
Numbers 10 in the EMTV
Numbers 10 in the ESV
Numbers 10 in the FBV
Numbers 10 in the FEB
Numbers 10 in the GGMNT
Numbers 10 in the GNT
Numbers 10 in the HARY
Numbers 10 in the HNT
Numbers 10 in the IRVA
Numbers 10 in the IRVB
Numbers 10 in the IRVG
Numbers 10 in the IRVH
Numbers 10 in the IRVK
Numbers 10 in the IRVM
Numbers 10 in the IRVM2
Numbers 10 in the IRVO
Numbers 10 in the IRVP
Numbers 10 in the IRVT
Numbers 10 in the IRVT2
Numbers 10 in the IRVU
Numbers 10 in the ISVN
Numbers 10 in the JSNT
Numbers 10 in the KAPI
Numbers 10 in the KBT1ETNIK
Numbers 10 in the KBV
Numbers 10 in the KJV
Numbers 10 in the KNFD
Numbers 10 in the LBA
Numbers 10 in the LBLA
Numbers 10 in the LNT
Numbers 10 in the LSV
Numbers 10 in the MAAL
Numbers 10 in the MBV
Numbers 10 in the MBV2
Numbers 10 in the MHNT
Numbers 10 in the MKNFD
Numbers 10 in the MNG
Numbers 10 in the MNT
Numbers 10 in the MNT2
Numbers 10 in the MRS1T
Numbers 10 in the NAA
Numbers 10 in the NASB
Numbers 10 in the NBLA
Numbers 10 in the NBS
Numbers 10 in the NBVTP
Numbers 10 in the NET2
Numbers 10 in the NIV11
Numbers 10 in the NNT
Numbers 10 in the NNT2
Numbers 10 in the NNT3
Numbers 10 in the PDDPT
Numbers 10 in the PFNT
Numbers 10 in the RMNT
Numbers 10 in the SBIAS
Numbers 10 in the SBIBS
Numbers 10 in the SBIBS2
Numbers 10 in the SBICS
Numbers 10 in the SBIDS
Numbers 10 in the SBIGS
Numbers 10 in the SBIHS
Numbers 10 in the SBIIS
Numbers 10 in the SBIIS2
Numbers 10 in the SBIIS3
Numbers 10 in the SBIKS
Numbers 10 in the SBIKS2
Numbers 10 in the SBIMS
Numbers 10 in the SBIOS
Numbers 10 in the SBIPS
Numbers 10 in the SBISS
Numbers 10 in the SBITS
Numbers 10 in the SBITS2
Numbers 10 in the SBITS3
Numbers 10 in the SBITS4
Numbers 10 in the SBIUS
Numbers 10 in the SBIVS
Numbers 10 in the SBT
Numbers 10 in the SBT1E
Numbers 10 in the SCHL
Numbers 10 in the SNT
Numbers 10 in the SUSU
Numbers 10 in the SUSU2
Numbers 10 in the SYNO
Numbers 10 in the TBIAOTANT
Numbers 10 in the TBT1E
Numbers 10 in the TBT1E2
Numbers 10 in the TFTIP
Numbers 10 in the TFTU
Numbers 10 in the TGNTATF3T
Numbers 10 in the THAI
Numbers 10 in the TNFD
Numbers 10 in the TNT
Numbers 10 in the TNTIK
Numbers 10 in the TNTIL
Numbers 10 in the TNTIN
Numbers 10 in the TNTIP
Numbers 10 in the TNTIZ
Numbers 10 in the TOMA
Numbers 10 in the TTENT
Numbers 10 in the UBG
Numbers 10 in the UGV
Numbers 10 in the UGV2
Numbers 10 in the UGV3
Numbers 10 in the VBL
Numbers 10 in the VDCC
Numbers 10 in the YALU
Numbers 10 in the YAPE
Numbers 10 in the YBVTP
Numbers 10 in the ZBP