Numbers 13 (BOATCB)

1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.” 3 Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so. 4 Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi: Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua; 5 Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat; 6 Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb; 7 Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal; 8 Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea; 9 Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti; 10 Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel; 11 Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi; 12 Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel; 13 Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur; 14 Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi 15 Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel. 16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua. 17 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so 18 na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua 19 anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban, 20 sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane. 21 Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ. 24 Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ. 25 Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ. 26 Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ. 27 Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ. 28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ. 29 Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.” 30 Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.” 31 Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!” 32 Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ, 33 na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”

In Other Versions

Numbers 13 in the ANGEFD

Numbers 13 in the ANTPNG2D

Numbers 13 in the AS21

Numbers 13 in the BAGH

Numbers 13 in the BBPNG

Numbers 13 in the BBT1E

Numbers 13 in the BDS

Numbers 13 in the BEV

Numbers 13 in the BHAD

Numbers 13 in the BIB

Numbers 13 in the BLPT

Numbers 13 in the BNT

Numbers 13 in the BNTABOOT

Numbers 13 in the BNTLV

Numbers 13 in the BOATCB2

Numbers 13 in the BOBCV

Numbers 13 in the BOCNT

Numbers 13 in the BOECS

Numbers 13 in the BOGWICC

Numbers 13 in the BOHCB

Numbers 13 in the BOHCV

Numbers 13 in the BOHLNT

Numbers 13 in the BOHNTLTAL

Numbers 13 in the BOICB

Numbers 13 in the BOILNTAP

Numbers 13 in the BOITCV

Numbers 13 in the BOKCV

Numbers 13 in the BOKCV2

Numbers 13 in the BOKHWOG

Numbers 13 in the BOKSSV

Numbers 13 in the BOLCB

Numbers 13 in the BOLCB2

Numbers 13 in the BOMCV

Numbers 13 in the BONAV

Numbers 13 in the BONCB

Numbers 13 in the BONLT

Numbers 13 in the BONUT2

Numbers 13 in the BOPLNT

Numbers 13 in the BOSCB

Numbers 13 in the BOSNC

Numbers 13 in the BOTLNT

Numbers 13 in the BOVCB

Numbers 13 in the BOYCB

Numbers 13 in the BPBB

Numbers 13 in the BPH

Numbers 13 in the BSB

Numbers 13 in the CCB

Numbers 13 in the CUV

Numbers 13 in the CUVS

Numbers 13 in the DBT

Numbers 13 in the DGDNT

Numbers 13 in the DHNT

Numbers 13 in the DNT

Numbers 13 in the ELBE

Numbers 13 in the EMTV

Numbers 13 in the ESV

Numbers 13 in the FBV

Numbers 13 in the FEB

Numbers 13 in the GGMNT

Numbers 13 in the GNT

Numbers 13 in the HARY

Numbers 13 in the HNT

Numbers 13 in the IRVA

Numbers 13 in the IRVB

Numbers 13 in the IRVG

Numbers 13 in the IRVH

Numbers 13 in the IRVK

Numbers 13 in the IRVM

Numbers 13 in the IRVM2

Numbers 13 in the IRVO

Numbers 13 in the IRVP

Numbers 13 in the IRVT

Numbers 13 in the IRVT2

Numbers 13 in the IRVU

Numbers 13 in the ISVN

Numbers 13 in the JSNT

Numbers 13 in the KAPI

Numbers 13 in the KBT1ETNIK

Numbers 13 in the KBV

Numbers 13 in the KJV

Numbers 13 in the KNFD

Numbers 13 in the LBA

Numbers 13 in the LBLA

Numbers 13 in the LNT

Numbers 13 in the LSV

Numbers 13 in the MAAL

Numbers 13 in the MBV

Numbers 13 in the MBV2

Numbers 13 in the MHNT

Numbers 13 in the MKNFD

Numbers 13 in the MNG

Numbers 13 in the MNT

Numbers 13 in the MNT2

Numbers 13 in the MRS1T

Numbers 13 in the NAA

Numbers 13 in the NASB

Numbers 13 in the NBLA

Numbers 13 in the NBS

Numbers 13 in the NBVTP

Numbers 13 in the NET2

Numbers 13 in the NIV11

Numbers 13 in the NNT

Numbers 13 in the NNT2

Numbers 13 in the NNT3

Numbers 13 in the PDDPT

Numbers 13 in the PFNT

Numbers 13 in the RMNT

Numbers 13 in the SBIAS

Numbers 13 in the SBIBS

Numbers 13 in the SBIBS2

Numbers 13 in the SBICS

Numbers 13 in the SBIDS

Numbers 13 in the SBIGS

Numbers 13 in the SBIHS

Numbers 13 in the SBIIS

Numbers 13 in the SBIIS2

Numbers 13 in the SBIIS3

Numbers 13 in the SBIKS

Numbers 13 in the SBIKS2

Numbers 13 in the SBIMS

Numbers 13 in the SBIOS

Numbers 13 in the SBIPS

Numbers 13 in the SBISS

Numbers 13 in the SBITS

Numbers 13 in the SBITS2

Numbers 13 in the SBITS3

Numbers 13 in the SBITS4

Numbers 13 in the SBIUS

Numbers 13 in the SBIVS

Numbers 13 in the SBT

Numbers 13 in the SBT1E

Numbers 13 in the SCHL

Numbers 13 in the SNT

Numbers 13 in the SUSU

Numbers 13 in the SUSU2

Numbers 13 in the SYNO

Numbers 13 in the TBIAOTANT

Numbers 13 in the TBT1E

Numbers 13 in the TBT1E2

Numbers 13 in the TFTIP

Numbers 13 in the TFTU

Numbers 13 in the TGNTATF3T

Numbers 13 in the THAI

Numbers 13 in the TNFD

Numbers 13 in the TNT

Numbers 13 in the TNTIK

Numbers 13 in the TNTIL

Numbers 13 in the TNTIN

Numbers 13 in the TNTIP

Numbers 13 in the TNTIZ

Numbers 13 in the TOMA

Numbers 13 in the TTENT

Numbers 13 in the UBG

Numbers 13 in the UGV

Numbers 13 in the UGV2

Numbers 13 in the UGV3

Numbers 13 in the VBL

Numbers 13 in the VDCC

Numbers 13 in the YALU

Numbers 13 in the YAPE

Numbers 13 in the YBVTP

Numbers 13 in the ZBP