Numbers 13 (BOATCB2)

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.” 3 Enti Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so. 4 Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi: Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua; 5 Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat; 6 Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb; 7 Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal; 8 Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea; 9 Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti; 10 Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel; 11 Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi; 12 Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel; 13 Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur; 14 Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi; 15 Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel. 16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua. 17 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so. 18 Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua. 19 Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho? 20 Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan. 21 Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe. 24 Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ. 25 Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae. 26 Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. 27 Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni. 28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo. 29 Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.” 30 Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.” 31 Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.” 32 Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran. 33 Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”

In Other Versions

Numbers 13 in the ANGEFD

Numbers 13 in the ANTPNG2D

Numbers 13 in the AS21

Numbers 13 in the BAGH

Numbers 13 in the BBPNG

Numbers 13 in the BBT1E

Numbers 13 in the BDS

Numbers 13 in the BEV

Numbers 13 in the BHAD

Numbers 13 in the BIB

Numbers 13 in the BLPT

Numbers 13 in the BNT

Numbers 13 in the BNTABOOT

Numbers 13 in the BNTLV

Numbers 13 in the BOATCB

Numbers 13 in the BOBCV

Numbers 13 in the BOCNT

Numbers 13 in the BOECS

Numbers 13 in the BOGWICC

Numbers 13 in the BOHCB

Numbers 13 in the BOHCV

Numbers 13 in the BOHLNT

Numbers 13 in the BOHNTLTAL

Numbers 13 in the BOICB

Numbers 13 in the BOILNTAP

Numbers 13 in the BOITCV

Numbers 13 in the BOKCV

Numbers 13 in the BOKCV2

Numbers 13 in the BOKHWOG

Numbers 13 in the BOKSSV

Numbers 13 in the BOLCB

Numbers 13 in the BOLCB2

Numbers 13 in the BOMCV

Numbers 13 in the BONAV

Numbers 13 in the BONCB

Numbers 13 in the BONLT

Numbers 13 in the BONUT2

Numbers 13 in the BOPLNT

Numbers 13 in the BOSCB

Numbers 13 in the BOSNC

Numbers 13 in the BOTLNT

Numbers 13 in the BOVCB

Numbers 13 in the BOYCB

Numbers 13 in the BPBB

Numbers 13 in the BPH

Numbers 13 in the BSB

Numbers 13 in the CCB

Numbers 13 in the CUV

Numbers 13 in the CUVS

Numbers 13 in the DBT

Numbers 13 in the DGDNT

Numbers 13 in the DHNT

Numbers 13 in the DNT

Numbers 13 in the ELBE

Numbers 13 in the EMTV

Numbers 13 in the ESV

Numbers 13 in the FBV

Numbers 13 in the FEB

Numbers 13 in the GGMNT

Numbers 13 in the GNT

Numbers 13 in the HARY

Numbers 13 in the HNT

Numbers 13 in the IRVA

Numbers 13 in the IRVB

Numbers 13 in the IRVG

Numbers 13 in the IRVH

Numbers 13 in the IRVK

Numbers 13 in the IRVM

Numbers 13 in the IRVM2

Numbers 13 in the IRVO

Numbers 13 in the IRVP

Numbers 13 in the IRVT

Numbers 13 in the IRVT2

Numbers 13 in the IRVU

Numbers 13 in the ISVN

Numbers 13 in the JSNT

Numbers 13 in the KAPI

Numbers 13 in the KBT1ETNIK

Numbers 13 in the KBV

Numbers 13 in the KJV

Numbers 13 in the KNFD

Numbers 13 in the LBA

Numbers 13 in the LBLA

Numbers 13 in the LNT

Numbers 13 in the LSV

Numbers 13 in the MAAL

Numbers 13 in the MBV

Numbers 13 in the MBV2

Numbers 13 in the MHNT

Numbers 13 in the MKNFD

Numbers 13 in the MNG

Numbers 13 in the MNT

Numbers 13 in the MNT2

Numbers 13 in the MRS1T

Numbers 13 in the NAA

Numbers 13 in the NASB

Numbers 13 in the NBLA

Numbers 13 in the NBS

Numbers 13 in the NBVTP

Numbers 13 in the NET2

Numbers 13 in the NIV11

Numbers 13 in the NNT

Numbers 13 in the NNT2

Numbers 13 in the NNT3

Numbers 13 in the PDDPT

Numbers 13 in the PFNT

Numbers 13 in the RMNT

Numbers 13 in the SBIAS

Numbers 13 in the SBIBS

Numbers 13 in the SBIBS2

Numbers 13 in the SBICS

Numbers 13 in the SBIDS

Numbers 13 in the SBIGS

Numbers 13 in the SBIHS

Numbers 13 in the SBIIS

Numbers 13 in the SBIIS2

Numbers 13 in the SBIIS3

Numbers 13 in the SBIKS

Numbers 13 in the SBIKS2

Numbers 13 in the SBIMS

Numbers 13 in the SBIOS

Numbers 13 in the SBIPS

Numbers 13 in the SBISS

Numbers 13 in the SBITS

Numbers 13 in the SBITS2

Numbers 13 in the SBITS3

Numbers 13 in the SBITS4

Numbers 13 in the SBIUS

Numbers 13 in the SBIVS

Numbers 13 in the SBT

Numbers 13 in the SBT1E

Numbers 13 in the SCHL

Numbers 13 in the SNT

Numbers 13 in the SUSU

Numbers 13 in the SUSU2

Numbers 13 in the SYNO

Numbers 13 in the TBIAOTANT

Numbers 13 in the TBT1E

Numbers 13 in the TBT1E2

Numbers 13 in the TFTIP

Numbers 13 in the TFTU

Numbers 13 in the TGNTATF3T

Numbers 13 in the THAI

Numbers 13 in the TNFD

Numbers 13 in the TNT

Numbers 13 in the TNTIK

Numbers 13 in the TNTIL

Numbers 13 in the TNTIN

Numbers 13 in the TNTIP

Numbers 13 in the TNTIZ

Numbers 13 in the TOMA

Numbers 13 in the TTENT

Numbers 13 in the UBG

Numbers 13 in the UGV

Numbers 13 in the UGV2

Numbers 13 in the UGV3

Numbers 13 in the VBL

Numbers 13 in the VDCC

Numbers 13 in the YALU

Numbers 13 in the YAPE

Numbers 13 in the YBVTP

Numbers 13 in the ZBP