Numbers 27 (BOATCB)

1 Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim. 2 Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya. 3 Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa AWURADE a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. 4 Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.” 5 Enti Mose de wɔn asɛm too AWURADE anim. 6 AWURADE buaa Mose sɛ, 7 “Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn. 8 “Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa. 9 Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn. 10 Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11 Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a AWURADE hyɛɛ Mose no so.” 12 Ɛda bi, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so. 13 Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no, 14 ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so. 15 Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ, 16 “Ao AWURADE, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan 17 a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a AWURADE nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.” 18 AWURADE buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no, 19 na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa. 20 Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no. 21 Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri AWURADE hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa AWURADE apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.” 22 Enti, Mose yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa. 23 Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

In Other Versions

Numbers 27 in the ANGEFD

Numbers 27 in the ANTPNG2D

Numbers 27 in the AS21

Numbers 27 in the BAGH

Numbers 27 in the BBPNG

Numbers 27 in the BBT1E

Numbers 27 in the BDS

Numbers 27 in the BEV

Numbers 27 in the BHAD

Numbers 27 in the BIB

Numbers 27 in the BLPT

Numbers 27 in the BNT

Numbers 27 in the BNTABOOT

Numbers 27 in the BNTLV

Numbers 27 in the BOATCB2

Numbers 27 in the BOBCV

Numbers 27 in the BOCNT

Numbers 27 in the BOECS

Numbers 27 in the BOGWICC

Numbers 27 in the BOHCB

Numbers 27 in the BOHCV

Numbers 27 in the BOHLNT

Numbers 27 in the BOHNTLTAL

Numbers 27 in the BOICB

Numbers 27 in the BOILNTAP

Numbers 27 in the BOITCV

Numbers 27 in the BOKCV

Numbers 27 in the BOKCV2

Numbers 27 in the BOKHWOG

Numbers 27 in the BOKSSV

Numbers 27 in the BOLCB

Numbers 27 in the BOLCB2

Numbers 27 in the BOMCV

Numbers 27 in the BONAV

Numbers 27 in the BONCB

Numbers 27 in the BONLT

Numbers 27 in the BONUT2

Numbers 27 in the BOPLNT

Numbers 27 in the BOSCB

Numbers 27 in the BOSNC

Numbers 27 in the BOTLNT

Numbers 27 in the BOVCB

Numbers 27 in the BOYCB

Numbers 27 in the BPBB

Numbers 27 in the BPH

Numbers 27 in the BSB

Numbers 27 in the CCB

Numbers 27 in the CUV

Numbers 27 in the CUVS

Numbers 27 in the DBT

Numbers 27 in the DGDNT

Numbers 27 in the DHNT

Numbers 27 in the DNT

Numbers 27 in the ELBE

Numbers 27 in the EMTV

Numbers 27 in the ESV

Numbers 27 in the FBV

Numbers 27 in the FEB

Numbers 27 in the GGMNT

Numbers 27 in the GNT

Numbers 27 in the HARY

Numbers 27 in the HNT

Numbers 27 in the IRVA

Numbers 27 in the IRVB

Numbers 27 in the IRVG

Numbers 27 in the IRVH

Numbers 27 in the IRVK

Numbers 27 in the IRVM

Numbers 27 in the IRVM2

Numbers 27 in the IRVO

Numbers 27 in the IRVP

Numbers 27 in the IRVT

Numbers 27 in the IRVT2

Numbers 27 in the IRVU

Numbers 27 in the ISVN

Numbers 27 in the JSNT

Numbers 27 in the KAPI

Numbers 27 in the KBT1ETNIK

Numbers 27 in the KBV

Numbers 27 in the KJV

Numbers 27 in the KNFD

Numbers 27 in the LBA

Numbers 27 in the LBLA

Numbers 27 in the LNT

Numbers 27 in the LSV

Numbers 27 in the MAAL

Numbers 27 in the MBV

Numbers 27 in the MBV2

Numbers 27 in the MHNT

Numbers 27 in the MKNFD

Numbers 27 in the MNG

Numbers 27 in the MNT

Numbers 27 in the MNT2

Numbers 27 in the MRS1T

Numbers 27 in the NAA

Numbers 27 in the NASB

Numbers 27 in the NBLA

Numbers 27 in the NBS

Numbers 27 in the NBVTP

Numbers 27 in the NET2

Numbers 27 in the NIV11

Numbers 27 in the NNT

Numbers 27 in the NNT2

Numbers 27 in the NNT3

Numbers 27 in the PDDPT

Numbers 27 in the PFNT

Numbers 27 in the RMNT

Numbers 27 in the SBIAS

Numbers 27 in the SBIBS

Numbers 27 in the SBIBS2

Numbers 27 in the SBICS

Numbers 27 in the SBIDS

Numbers 27 in the SBIGS

Numbers 27 in the SBIHS

Numbers 27 in the SBIIS

Numbers 27 in the SBIIS2

Numbers 27 in the SBIIS3

Numbers 27 in the SBIKS

Numbers 27 in the SBIKS2

Numbers 27 in the SBIMS

Numbers 27 in the SBIOS

Numbers 27 in the SBIPS

Numbers 27 in the SBISS

Numbers 27 in the SBITS

Numbers 27 in the SBITS2

Numbers 27 in the SBITS3

Numbers 27 in the SBITS4

Numbers 27 in the SBIUS

Numbers 27 in the SBIVS

Numbers 27 in the SBT

Numbers 27 in the SBT1E

Numbers 27 in the SCHL

Numbers 27 in the SNT

Numbers 27 in the SUSU

Numbers 27 in the SUSU2

Numbers 27 in the SYNO

Numbers 27 in the TBIAOTANT

Numbers 27 in the TBT1E

Numbers 27 in the TBT1E2

Numbers 27 in the TFTIP

Numbers 27 in the TFTU

Numbers 27 in the TGNTATF3T

Numbers 27 in the THAI

Numbers 27 in the TNFD

Numbers 27 in the TNT

Numbers 27 in the TNTIK

Numbers 27 in the TNTIL

Numbers 27 in the TNTIN

Numbers 27 in the TNTIP

Numbers 27 in the TNTIZ

Numbers 27 in the TOMA

Numbers 27 in the TTENT

Numbers 27 in the UBG

Numbers 27 in the UGV

Numbers 27 in the UGV2

Numbers 27 in the UGV3

Numbers 27 in the VBL

Numbers 27 in the VDCC

Numbers 27 in the YALU

Numbers 27 in the YAPE

Numbers 27 in the YBVTP

Numbers 27 in the ZBP