Numbers 33 (BOATCB)

1 Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no. 2 Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu. 3 Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn. 4 Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. AWURADE nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim. 5 Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot. 6 Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano. 7 Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho. 8 Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara. 9 Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ. 10 Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 11 Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so. 12 Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka. 13 Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus. 14 Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom. 15 Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so. 16 Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa. 17 Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot. 18 Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma. 19 Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres. 20 Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna. 21 Wɔfirii Libna kɔɔ Risa. 22 Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata. 23 Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so. 24 Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada. 25 Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot. 26 Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat. 27 Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera. 28 Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka. 29 Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona. 30 Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot. 31 Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan. 32 Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad. 33 Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata. 34 Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona. 35 Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber. 36 Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so. 37 Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano. 38 Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, AWURADE ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no. 39 Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so. 40 Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so. 41 Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona. 42 Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon. 43 Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot. 44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so. 45 Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad. 46 Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim. 47 Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so. 48 Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no. 49 Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no. 50 Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na AWURADE nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, 51 “Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa. 55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so. 56 Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.”

In Other Versions

Numbers 33 in the ANGEFD

Numbers 33 in the ANTPNG2D

Numbers 33 in the AS21

Numbers 33 in the BAGH

Numbers 33 in the BBPNG

Numbers 33 in the BBT1E

Numbers 33 in the BDS

Numbers 33 in the BEV

Numbers 33 in the BHAD

Numbers 33 in the BIB

Numbers 33 in the BLPT

Numbers 33 in the BNT

Numbers 33 in the BNTABOOT

Numbers 33 in the BNTLV

Numbers 33 in the BOATCB2

Numbers 33 in the BOBCV

Numbers 33 in the BOCNT

Numbers 33 in the BOECS

Numbers 33 in the BOGWICC

Numbers 33 in the BOHCB

Numbers 33 in the BOHCV

Numbers 33 in the BOHLNT

Numbers 33 in the BOHNTLTAL

Numbers 33 in the BOICB

Numbers 33 in the BOILNTAP

Numbers 33 in the BOITCV

Numbers 33 in the BOKCV

Numbers 33 in the BOKCV2

Numbers 33 in the BOKHWOG

Numbers 33 in the BOKSSV

Numbers 33 in the BOLCB

Numbers 33 in the BOLCB2

Numbers 33 in the BOMCV

Numbers 33 in the BONAV

Numbers 33 in the BONCB

Numbers 33 in the BONLT

Numbers 33 in the BONUT2

Numbers 33 in the BOPLNT

Numbers 33 in the BOSCB

Numbers 33 in the BOSNC

Numbers 33 in the BOTLNT

Numbers 33 in the BOVCB

Numbers 33 in the BOYCB

Numbers 33 in the BPBB

Numbers 33 in the BPH

Numbers 33 in the BSB

Numbers 33 in the CCB

Numbers 33 in the CUV

Numbers 33 in the CUVS

Numbers 33 in the DBT

Numbers 33 in the DGDNT

Numbers 33 in the DHNT

Numbers 33 in the DNT

Numbers 33 in the ELBE

Numbers 33 in the EMTV

Numbers 33 in the ESV

Numbers 33 in the FBV

Numbers 33 in the FEB

Numbers 33 in the GGMNT

Numbers 33 in the GNT

Numbers 33 in the HARY

Numbers 33 in the HNT

Numbers 33 in the IRVA

Numbers 33 in the IRVB

Numbers 33 in the IRVG

Numbers 33 in the IRVH

Numbers 33 in the IRVK

Numbers 33 in the IRVM

Numbers 33 in the IRVM2

Numbers 33 in the IRVO

Numbers 33 in the IRVP

Numbers 33 in the IRVT

Numbers 33 in the IRVT2

Numbers 33 in the IRVU

Numbers 33 in the ISVN

Numbers 33 in the JSNT

Numbers 33 in the KAPI

Numbers 33 in the KBT1ETNIK

Numbers 33 in the KBV

Numbers 33 in the KJV

Numbers 33 in the KNFD

Numbers 33 in the LBA

Numbers 33 in the LBLA

Numbers 33 in the LNT

Numbers 33 in the LSV

Numbers 33 in the MAAL

Numbers 33 in the MBV

Numbers 33 in the MBV2

Numbers 33 in the MHNT

Numbers 33 in the MKNFD

Numbers 33 in the MNG

Numbers 33 in the MNT

Numbers 33 in the MNT2

Numbers 33 in the MRS1T

Numbers 33 in the NAA

Numbers 33 in the NASB

Numbers 33 in the NBLA

Numbers 33 in the NBS

Numbers 33 in the NBVTP

Numbers 33 in the NET2

Numbers 33 in the NIV11

Numbers 33 in the NNT

Numbers 33 in the NNT2

Numbers 33 in the NNT3

Numbers 33 in the PDDPT

Numbers 33 in the PFNT

Numbers 33 in the RMNT

Numbers 33 in the SBIAS

Numbers 33 in the SBIBS

Numbers 33 in the SBIBS2

Numbers 33 in the SBICS

Numbers 33 in the SBIDS

Numbers 33 in the SBIGS

Numbers 33 in the SBIHS

Numbers 33 in the SBIIS

Numbers 33 in the SBIIS2

Numbers 33 in the SBIIS3

Numbers 33 in the SBIKS

Numbers 33 in the SBIKS2

Numbers 33 in the SBIMS

Numbers 33 in the SBIOS

Numbers 33 in the SBIPS

Numbers 33 in the SBISS

Numbers 33 in the SBITS

Numbers 33 in the SBITS2

Numbers 33 in the SBITS3

Numbers 33 in the SBITS4

Numbers 33 in the SBIUS

Numbers 33 in the SBIVS

Numbers 33 in the SBT

Numbers 33 in the SBT1E

Numbers 33 in the SCHL

Numbers 33 in the SNT

Numbers 33 in the SUSU

Numbers 33 in the SUSU2

Numbers 33 in the SYNO

Numbers 33 in the TBIAOTANT

Numbers 33 in the TBT1E

Numbers 33 in the TBT1E2

Numbers 33 in the TFTIP

Numbers 33 in the TFTU

Numbers 33 in the TGNTATF3T

Numbers 33 in the THAI

Numbers 33 in the TNFD

Numbers 33 in the TNT

Numbers 33 in the TNTIK

Numbers 33 in the TNTIL

Numbers 33 in the TNTIN

Numbers 33 in the TNTIP

Numbers 33 in the TNTIZ

Numbers 33 in the TOMA

Numbers 33 in the TTENT

Numbers 33 in the UBG

Numbers 33 in the UGV

Numbers 33 in the UGV2

Numbers 33 in the UGV3

Numbers 33 in the VBL

Numbers 33 in the VDCC

Numbers 33 in the YALU

Numbers 33 in the YAPE

Numbers 33 in the YBVTP

Numbers 33 in the ZBP