Numbers 33 (BOATCB2)

1 Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no. 2 Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea AWURADE kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu. 3 Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn. 4 Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a AWURADE kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na AWURADE de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so. 5 Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot. 6 Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano. 7 Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol. 8 Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara. 9 Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ. 10 Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho. 11 Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so. 12 Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka. 13 Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus. 14 Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom. 15 Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so. 16 Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa. 17 Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot. 18 Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma. 19 Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres. 20 Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna. 21 Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa. 22 Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata. 23 Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so. 24 Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada. 25 Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot. 26 Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat. 27 Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera. 28 Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka. 29 Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona. 30 Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot. 31 Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan. 32 Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad. 33 Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata. 34 Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona. 35 Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber. 36 Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so. 37 Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano. 38 Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, AWURADE ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no. 39 Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no. 40 Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so. 41 Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona. 42 Wofii Salmona kɔtenaa Punon. 43 Wofii Punon kɔtenaa Obot. 44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ. 45 Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad. 46 Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim. 47 Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so. 48 Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho. 49 Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no. 50 Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na AWURADE nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se, 51 “Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ. 55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so. 56 Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”

In Other Versions

Numbers 33 in the ANGEFD

Numbers 33 in the ANTPNG2D

Numbers 33 in the AS21

Numbers 33 in the BAGH

Numbers 33 in the BBPNG

Numbers 33 in the BBT1E

Numbers 33 in the BDS

Numbers 33 in the BEV

Numbers 33 in the BHAD

Numbers 33 in the BIB

Numbers 33 in the BLPT

Numbers 33 in the BNT

Numbers 33 in the BNTABOOT

Numbers 33 in the BNTLV

Numbers 33 in the BOATCB

Numbers 33 in the BOBCV

Numbers 33 in the BOCNT

Numbers 33 in the BOECS

Numbers 33 in the BOGWICC

Numbers 33 in the BOHCB

Numbers 33 in the BOHCV

Numbers 33 in the BOHLNT

Numbers 33 in the BOHNTLTAL

Numbers 33 in the BOICB

Numbers 33 in the BOILNTAP

Numbers 33 in the BOITCV

Numbers 33 in the BOKCV

Numbers 33 in the BOKCV2

Numbers 33 in the BOKHWOG

Numbers 33 in the BOKSSV

Numbers 33 in the BOLCB

Numbers 33 in the BOLCB2

Numbers 33 in the BOMCV

Numbers 33 in the BONAV

Numbers 33 in the BONCB

Numbers 33 in the BONLT

Numbers 33 in the BONUT2

Numbers 33 in the BOPLNT

Numbers 33 in the BOSCB

Numbers 33 in the BOSNC

Numbers 33 in the BOTLNT

Numbers 33 in the BOVCB

Numbers 33 in the BOYCB

Numbers 33 in the BPBB

Numbers 33 in the BPH

Numbers 33 in the BSB

Numbers 33 in the CCB

Numbers 33 in the CUV

Numbers 33 in the CUVS

Numbers 33 in the DBT

Numbers 33 in the DGDNT

Numbers 33 in the DHNT

Numbers 33 in the DNT

Numbers 33 in the ELBE

Numbers 33 in the EMTV

Numbers 33 in the ESV

Numbers 33 in the FBV

Numbers 33 in the FEB

Numbers 33 in the GGMNT

Numbers 33 in the GNT

Numbers 33 in the HARY

Numbers 33 in the HNT

Numbers 33 in the IRVA

Numbers 33 in the IRVB

Numbers 33 in the IRVG

Numbers 33 in the IRVH

Numbers 33 in the IRVK

Numbers 33 in the IRVM

Numbers 33 in the IRVM2

Numbers 33 in the IRVO

Numbers 33 in the IRVP

Numbers 33 in the IRVT

Numbers 33 in the IRVT2

Numbers 33 in the IRVU

Numbers 33 in the ISVN

Numbers 33 in the JSNT

Numbers 33 in the KAPI

Numbers 33 in the KBT1ETNIK

Numbers 33 in the KBV

Numbers 33 in the KJV

Numbers 33 in the KNFD

Numbers 33 in the LBA

Numbers 33 in the LBLA

Numbers 33 in the LNT

Numbers 33 in the LSV

Numbers 33 in the MAAL

Numbers 33 in the MBV

Numbers 33 in the MBV2

Numbers 33 in the MHNT

Numbers 33 in the MKNFD

Numbers 33 in the MNG

Numbers 33 in the MNT

Numbers 33 in the MNT2

Numbers 33 in the MRS1T

Numbers 33 in the NAA

Numbers 33 in the NASB

Numbers 33 in the NBLA

Numbers 33 in the NBS

Numbers 33 in the NBVTP

Numbers 33 in the NET2

Numbers 33 in the NIV11

Numbers 33 in the NNT

Numbers 33 in the NNT2

Numbers 33 in the NNT3

Numbers 33 in the PDDPT

Numbers 33 in the PFNT

Numbers 33 in the RMNT

Numbers 33 in the SBIAS

Numbers 33 in the SBIBS

Numbers 33 in the SBIBS2

Numbers 33 in the SBICS

Numbers 33 in the SBIDS

Numbers 33 in the SBIGS

Numbers 33 in the SBIHS

Numbers 33 in the SBIIS

Numbers 33 in the SBIIS2

Numbers 33 in the SBIIS3

Numbers 33 in the SBIKS

Numbers 33 in the SBIKS2

Numbers 33 in the SBIMS

Numbers 33 in the SBIOS

Numbers 33 in the SBIPS

Numbers 33 in the SBISS

Numbers 33 in the SBITS

Numbers 33 in the SBITS2

Numbers 33 in the SBITS3

Numbers 33 in the SBITS4

Numbers 33 in the SBIUS

Numbers 33 in the SBIVS

Numbers 33 in the SBT

Numbers 33 in the SBT1E

Numbers 33 in the SCHL

Numbers 33 in the SNT

Numbers 33 in the SUSU

Numbers 33 in the SUSU2

Numbers 33 in the SYNO

Numbers 33 in the TBIAOTANT

Numbers 33 in the TBT1E

Numbers 33 in the TBT1E2

Numbers 33 in the TFTIP

Numbers 33 in the TFTU

Numbers 33 in the TGNTATF3T

Numbers 33 in the THAI

Numbers 33 in the TNFD

Numbers 33 in the TNT

Numbers 33 in the TNTIK

Numbers 33 in the TNTIL

Numbers 33 in the TNTIN

Numbers 33 in the TNTIP

Numbers 33 in the TNTIZ

Numbers 33 in the TOMA

Numbers 33 in the TTENT

Numbers 33 in the UBG

Numbers 33 in the UGV

Numbers 33 in the UGV2

Numbers 33 in the UGV3

Numbers 33 in the VBL

Numbers 33 in the VDCC

Numbers 33 in the YALU

Numbers 33 in the YAPE

Numbers 33 in the YBVTP

Numbers 33 in the ZBP